< 2 Samuel 24 >

1 Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.”
Again the wrath of the Lord was burning against Israel, and moving David against them, he said, Go, take the number of Israel and Judah.
2 Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.”
And the king said to Joab and the captains of the army, who were with him, Go now through all the tribes of Israel, from Dan as far as Beer-sheba, and have all the people numbered, so that I may be certain of the number of the people.
3 Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?”
And Joab said to the king, Whatever the number of the people, may the Lord make it a hundred times as much, and may the eyes of my lord the king see it: but why does my lord the king take pleasure in doing this thing?
4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel.
But the king's order was stronger than Joab and the captains of the army. And Joab and the captains of the army went out from the king, to take the number of the children of Israel.
5 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser,
And they went over Jordan, and starting from Aroer, from the town which is in the middle of the valley, they went in the direction of the Gadites, and on to Jazer;
6 toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu.
Then they came to Gilead, and to the land of the Hittites under Hermon; and they came to Dan, and from Dan they came round to Zidon,
7 Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ.
And to the walled town of Tyre, and to all the towns of the Hivites and the Canaanites: and they went out to the South of Judah at Beer-sheba.
8 Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem.
So after going through all the land in every direction, they came to Jerusalem at the end of nine months and twenty days.
9 Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so wɔ Israel no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso wɔ Yuda.
And Joab gave the king the number of all the people: there were in Israel eight hundred thousand fighting men able to take up arms; and the men of Judah were five hundred thousand.
10 Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.”
And after the people had been numbered, David's heart was troubled. And David said to the Lord, Great has been my sin in doing this; but now, O Lord, be pleased to take away the sin of your servant, for I have done very foolishly
11 Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ:
And David got up in the morning; now the word of the Lord had come to the prophet Gad, David's seer, saying,
12 “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’”
Go and say to David, The Lord says, Three things are offered to you: say which of them you will have, and I will do it to you.
13 Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.”
So Gad came to David, and gave him word of this and said to him, Are there to be three years when there is not enough food in your land? or will you go in flight from your haters for three months, while they go after you? or will you have three days of violent disease in your land? take thought and say what answer I am to give to him who sent me.
14 Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
And David said to Gad, This is a hard decision for me to make: let us come into the hands of the Lord, for great are his mercies: let me not come into the hands of men.
15 Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ.
So David made selection of the disease; and the time was the days of the grain-cutting, when the disease came among the people, causing the death of seventy thousand men from Dan as far as Beer-sheba.
16 Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ! Gyae.” Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
And when the hand of the angel was stretched out in the direction of Jerusalem, for its destruction, the Lord had regret for the evil, and said to the angel who was sending destruction on the people, It is enough; do no more. And the angel of the Lord was by the grain-floor of Araunah the Jebusite.
17 Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.”
And when David saw the angel who was causing the destruction of the people, he said to the Lord, Truly, the sin is mine; I have done wrong: but these are only sheep; what have they done? let your hand be against me and against my family.
18 Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.”
And that day Gad came to David and said to him, Go up, and put up an altar to the Lord on the grain-floor of Araunah the Jebusite.
19 Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
So David went up, as Gad had said and as the Lord had given orders.
20 Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam.
And Araunah, looking out, saw the king and his servants coming to him: and Araunah went out, and went down on his face to the earth before the king.
21 Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?” Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
And Araunah said, Why has my lord the king come to his servant? And David said, To give you a price for your grain-floor, so that I may put up an altar to the Lord, and the disease may be stopped among the people.
22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so.
And Araunah said to David, Let my lord the king take whatever seems right to him, and make an offering of it: see, here are the oxen for the burned offering, and the grain-cleaning instruments and the ox-yokes for wood:
23 Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ sɛ, Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi.”
All this does the servant of my lord the king give to the king. And Araunah said, May the Lord your God be pleased with your offering!
24 Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no.
And the king said to Araunah, No, but I will give you a price for it; I will not give to the Lord my God burned offerings for which I have given nothing. So David got the grain-floor and the oxen for fifty shekels of silver.
25 Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ hɔ. Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.
And there David put up an altar to the Lord, making burned offerings and peace-offerings. So the Lord gave ear to his prayer for the land, and the disease came to an end in Israel.

< 2 Samuel 24 >