< 2 Samuel 23 >

1 Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa, na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no, ne nnwomsiaani papa bi nie:
Now these are the last words of David. David the son of Jesse says, the man who was raised on high says, the anointed of the God of Jacob, the sweet psalmist of Israel:
2 “Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
“The LORD’s Spirit spoke by me. His word was on my tongue.
3 Israel Onyankopɔn kasaeɛ, Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu, na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,
The God of Israel said, the Rock of Israel spoke to me, ‘One who rules over men righteously, who rules in the fear of God,
4 ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ; ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ, na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’
shall be as the light of the morning when the sun rises, a morning without clouds, when the tender grass springs out of the earth, through clear shining after rain.’
5 “Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi. Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano. Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa.
Isn’t my house so with God? Yet he has made with me an everlasting covenant, ordered in all things, and sure, for it is all my salvation and all my desire. Won’t he make it grow?
6 Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo, ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.
But all the ungodly will be as thorns to be thrust away, because they can’t be taken with the hand.
7 Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.”
The man who touches them must be armed with iron and the staff of a spear. They will be utterly burnt with fire in their place.”
8 Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.
These are the names of the mighty men whom David had: Josheb Basshebeth a Tahchemonite, chief of the captains; he was called Adino the Eznite, who killed eight hundred at one time.
9 Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane.
After him was Eleazar the son of Dodai the son of an Ahohite, one of the three mighty men with David when they defied the Philistines who were there gathered together to battle, and the men of Israel had gone away.
10 Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.
He arose and struck the Philistines until his hand was weary, and his hand froze to the sword; and the LORD worked a great victory that day; and the people returned after him only to take plunder.
11 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ,
After him was Shammah the son of Agee a Hararite. The Philistines had gathered together into a troop where there was a plot of ground full of lentils; and the people fled from the Philistines.
12 nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.
But he stood in the middle of the plot and defended it, and killed the Philistines; and the LORD worked a great victory.
13 Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.
Three of the thirty chief men went down, and came to David in the harvest time to the cave of Adullam; and the troop of the Philistines was encamped in the valley of Rephaim.
14 Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem.
David was then in the stronghold; and the garrison of the Philistines was then in Bethlehem.
15 Dawid daa nʼakɔnnɔ adi sɛ, “Ao, sɛ menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano hɔ no bi a, mɛnom.”
David said longingly, “Oh that someone would give me water to drink from the well of Bethlehem, which is by the gate!”
16 Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim.
The three mighty men broke through the army of the Philistines, and drew water out of the well of Bethlehem that was by the gate and took it and brought it to David; but he would not drink of it, but poured it out to the LORD.
17 Ɔteaam sɛ, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya.” Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie.
He said, “Be it far from me, LORD, that I should do this! Isn’t this the blood of the men who risked their lives to go?” Therefore he would not drink it. The three mighty men did these things.
18 Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.
Abishai, the brother of Joab, the son of Zeruiah, was chief of the three. He lifted up his spear against three hundred and killed them, and had a name amongst the three.
19 Abisai na ɔgyee edin pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
Wasn’t he most honourable of the three? Therefore he was made their captain. However he wasn’t included as one of the three.
20 Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne sɛ, ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no.
Benaiah the son of Jehoiada, the son of a valiant man of Kabzeel, who had done mighty deeds, killed the two sons of Ariel of Moab. He also went down and killed a lion in the middle of a pit in a time of snow.
21 Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no.
He killed a huge Egyptian, and the Egyptian had a spear in his hand; but he went down to him with a staff and plucked the spear out of the Egyptian’s hand, and killed him with his own spear.
22 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.
Benaiah the son of Jehoiada did these things, and had a name amongst the three mighty men.
23 Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene.
He was more honourable than the thirty, but he didn’t attain to the three. David set him over his guard.
24 Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan;
Asahel the brother of Joab was one of the thirty: Elhanan the son of Dodo of Bethlehem,
25 Sama a ɔfiri Harod; Elika a ɔfiri Harod;
Shammah the Harodite, Elika the Harodite,
26 Heles a ɔfiri Palti; Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima;
Helez the Paltite, Ira the son of Ikkesh the Tekoite,
27 Abieser a ɔfiri Anatot; Sibekai a ɔfiri Husa;
Abiezer the Anathothite, Mebunnai the Hushathite,
28 Salmon a ɔfiri Ahoa; Maharai a ɔfiri Netofa;
Zalmon the Ahohite, Maharai the Netophathite,
29 Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima; Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima;
Heleb the son of Baanah the Netophathite, Ittai the son of Ribai of Gibeah of the children of Benjamin,
30 Benaia a ɔfiri Piraton; Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas;
Benaiah a Pirathonite, Hiddai of the brooks of Gaash.
31 Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ɔfiri Bahurim;
Abialbon the Arbathite, Azmaveth the Barhumite,
32 Eliahba a ɔfiri Saalbon; Yaasen mmammarima;
Eliahba the Shaalbonite, the sons of Jashen, Jonathan,
33 Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima; Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima;
Shammah the Hararite, Ahiam the son of Sharar the Ararite,
34 Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima;
Eliphelet the son of Ahasbai, the son of the Maacathite, Eliam the son of Ahithophel the Gilonite,
35 Hesro a ɔfiri Karmel; Paarai a ɔfiri Arba;
Hezro the Carmelite, Paarai the Arbite,
36 Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima; Bani a ɔfiri Gad;
Igal the son of Nathan of Zobah, Bani the Gadite,
37 Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ);
Zelek the Ammonite, Naharai the Beerothite, armour bearers to Joab the son of Zeruiah,
38 Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri;
Ira the Ithrite, Gareb the Ithrite,
39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson.
and Uriah the Hittite: thirty-seven in all.

< 2 Samuel 23 >