< 2 Samuel 22 >

1 Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
David pronunció las palabras de este cántico a Yavé el día cuando Yavé lo libró de la mano de Saúl y de todos sus enemigos:
2 Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
Yavé es mi Roca, mi Fortaleza, y mi Libertador.
3 me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.
ʼElohim es mi Roca, en Quien me refugio, Mi Escudo y el Fuerte de mi salvación, Mi alto Refugio y mi Salvador. De la violencia me libraste.
4 “Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.
Invoco a Yavé, Quien es digno de ser alabado Y soy salvo de mis enemigos.
5 Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so.
Me rodearon ondas de muerte Y torrentes de perversidad me aterraron.
6 Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. (Sheol h7585)
Me ataron las cuerdas del Seol Y me alcanzaron las cuerdas de la muerte. (Sheol h7585)
7 “Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom.
En mi angustia invoqué a Yavé. Invoqué a mi ʼElohim. Oyó mi voz desde su Templo, Y mi grito de auxilio llegó a sus oídos.
8 Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ; ɔsoro fapem wosoeɛ; wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti.
La tierra fue conmovida y tembló. Se conmovieron los cimientos del cielo. Se estremecieron porque Él se airó.
9 Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom; na egyasramma dɛre firii mu.
Humo subió de su nariz Y de su boca salió un fuego abrasador Que encendió brasas.
10 Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.
Inclinó los cielos, Y descendió con espesa oscuridad debajo de sus pies.
11 Ɔte Kerubim so tuiɛ; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
Cabalgó sobre un querubín y voló. Voló sobre las alas del viento.
12 Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ, ɔde osuo omununkum dii nʼanim ɛkan.
Puso oscuridad alrededor de Él como escondedero, Oscuridad de aguas y densos nubarrones.
13 Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa firi mu.
Con el resplandor de su Presencia se encendieron brasas.
14 Awurade bobɔɔ mu firi soro; Ɔsorosoroni no teaam denden.
Yavé tronó desde el cielo, ʼElyón dio su voz.
15 Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ; anyinam dwaeɛ ma wɔyɛɛ basaa.
Disparó sus flechas y los dispersó. Lanzó relámpagos, y los destruyó.
16 Awurade kasaeɛ, na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ. Wɔtumi hunuu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
Entonces aparecieron los torrentes de las aguas Y quedaron descubiertos los cimientos del mundo a la reprensión de Yavé Por el soplo del aliento de su nariz.
17 “Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.
Envió desde lo alto y me tomó. Me sacó de entre las aguas caudalosas.
18 Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me.
Me libró de un poderoso enemigo, Y de los que me aborrecían, Aunque eran más fuertes que yo.
19 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me.
Me enfrentaron en el día de mi quebranto, Pero Yavé fue mi Apoyo
20 Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho.
Y me sacó a lugar espacioso. Me libró, porque se agradó de mí.
21 “Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.
Yavé me premió según mi rectitud Y recompensó la pureza de mis manos,
22 Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so; Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
Porque guardé los caminos de Yavé Y no me aparté impíamente de mi ʼElohim.
23 Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfirii ne nhyehyɛeɛ ho.
Pues todos sus Preceptos estuvieron delante de mí, Y no me aparté de sus Estatutos.
24 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afiri bɔne ho.
Fui recto ante Él Y me guardé de mi maldad.
25 Awurade tuaa me papayɛ so ka, ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim.
Yavé me recompensó según mi rectitud Según la pureza de mis manos ante Él.
26 “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
Con el misericordioso te muestras misericordioso, Y recto con el hombre íntegro.
27 Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn.
Limpio te muestras con el limpio, Y sagaz con el perverso.
28 Wogye ahobrɛasefoɔ, nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
Tú salvas al pueblo afligido, Pero tus ojos están sobre los altivos para humillarlos.
29 Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, Awurade woma me sum dane hann.
¡Tú eres mi Lámpara, oh Yavé! ¡Oh Yavé, Tú alumbras mi oscuridad!
30 Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.
Porque contigo puedo asaltar un ejército. Con mi ʼElohim puedo saltar sobre un muro.
31 “Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
En cuanto a ʼEL, perfecto es su camino, Y acrisolada es la Palabra de Yavé. ʼEL es Escudo a todos los que se refugian en Él.
32 Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn?
Porque ¿quién es ʼEL, excepto Yavé? ¿Y cuál roca hay además de nuestro ʼElohim?
33 Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
ʼEL es el que me ciñe de vigor Y perfecciona mi camino.
34 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
ʼEL hace que mis pies sean como los de venados Y me establece en mis alturas.
35 Ɔsiesie me ma ɔko; na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.
El que adiestra mis manos para la batalla Y mis brazos para tensar el arco de bronce.
36 Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ.
Me diste también el escudo de tu salvación Y me engrandeció tu benignidad.
37 Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri.
Ensanchas mis pasos debajo de mí, Y no resbalan mis pies.
38 “Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo.
Perseguí a mis enemigos y los destruí, Y no regresé hasta que fueron acabados.
39 Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.
Los destruí, los destrocé para que no se levanten. Cayeron bajo mis pies.
40 Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase.
Pues Tú me dotaste de fuerza para la batalla. Doblegaste a mis enemigos debajo de mí.
41 Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
También hiciste que mis enemigos me volvieran la espalda, Para que yo destruya a los que me aborrecen.
42 Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn. Wɔsu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
Clamaron, y no hubo quien salvara. Aun [clamaron] a Yavé, pero no los escuchó.
43 Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo; mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira.
Los molí como polvo de la tierra. Los pisé y los trituré como el lodo de las calles.
44 “Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ; na nnipa a mennim wɔn som me.
Tú me libraste de las contiendas de mi pueblo. Me guardaste para ser jefe de naciones. Pueblo que yo no conocía me sirvió.
45 Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
Los hijos de extranjeros se someten a mí. Al oír de mí, me obedecen.
46 Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba.
Los extranjeros se debilitan Y salen temblorosos de sus encierros.
47 “Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so.
¡Viva Yavé! ¡Bendita sea mi Roca! ¡Engrandecido sea ʼElohim, la Roca de mi salvación!
48 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere; ɔka amanaman no hyɛ mʼase
El ʼEL que ejecuta venganza por mí, Y somete pueblos a mí.
49 na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru, wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam.
El que también me saca de entre los enemigos, Y aun me exalta por encima de los que se levantan contra mí.
50 Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa; na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin.
Por tanto yo te alabaré, oh Yavé, entre las naciones. Cantaré alabanzas a tu Nombre.
51 “Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.”
Él engrandece las victorias de su rey, Y muestra misericordia a su ungido: A David y a sus descendientes para siempre.

< 2 Samuel 22 >