< 2 Samuel 19 >

1 Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn sɛ ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ wɔ Absalom ho.
And it is declared to Joab, “Behold, the king is weeping and mourning for Absalom”;
2 Ɛberɛ a akodɔm no tee ɔhene no awerɛhoɔ a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdie mu anigyeɛ a na wɔwɔ mu saa da no danee awerɛhoɔ.
and the salvation on that day becomes mourning to all the people, for the people have heard on that day, saying, “The king has been grieved for his son.”
3 Wɔwiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu sɛdeɛ wɔn a wɔadi nkoguo de aniwuo dwane firi ɔko mu.
And the people steals away, on that day, to go into the city, as the people steal away, who are ashamed, in their fleeing in battle;
4 Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo sɛ, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
and the king has covered his face, indeed, the king cries [with] a loud voice, “My son Absalom! Absalom, my son, my son!”
5 Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te sɛ deɛ yɛayɛ bɔne bi.
And Joab comes into the house to the king and says, “Today you have put to shame the faces of all your servants, those delivering your life today, and the life of your sons, and of your daughters, and the life of your wives, and the life of your concubines,
6 Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa.
to love your enemies, and to hate those loving you, for today you have declared that you have no princes and servants, for today I have known that if Absalom [were] alive, and all of us dead today, that then it were right in your eyes.
7 Afei, firi kɔ seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ Awurade din, ka ntam sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no.”
And now, rise, go out and speak to the heart of your servants, for I have sworn by YHWH, that [if] you are not going out—there does not lodge a man with you tonight; and this [is] worse for you than all the evil that has come on you from your youth until now.”
8 Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu.
And the king rises, and sits in the gate, and they have declared to all the people, saying, “Behold, the king is sitting in the gate”; and all the people come in before the king, and Israel has fled, each to his tents.
9 Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka sɛ, “Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu.
And it comes to pass, all the people are contending through all the tribes of Israel, saying, “The king delivered us out of the hand of our enemies, indeed, he himself delivered us out of the hand of the Philistines, and now he has fled out of the land because of Absalom,
10 Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.”
and Absalom whom we anointed over us [is] dead in battle, and now, why are you silent—to bring back the king?”
11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase.
And King David sent to Zadok and to Abiathar the priests, saying, “Speak to [the] elderly of Judah, saying, Why are you last to bring back the king to his house, since the word of all Israel has come to the king, to his house;
12 Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?”
you [are] my brothers, you [are] my bone and my flesh, and why are you last to bring back the king?
13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa sɛ, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.”
And say to Amasa, Are you not my bone and my flesh? Thus God does to me, and thus He adds, if you are not head of the host before me instead of Joab [for] all the days.”
14 Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no sɛ nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim sɛ, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.”
And he inclines the heart of all the men of Judah as one man, and they send to the king, “Return, you and all your servants.”
15 Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafoɔ bɛhyiaa no sɛ wɔde no retwa asuo no.
And the king turns back, and comes to the Jordan, and Judah has come to Gilgal, to go to meet the king, to bring the king over the Jordan,
16 Gera a ɔyɛ Benyaminni a ɔfiri Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kɔhyiaa ɔhene Dawid.
and Shimei son of Gera, the Benjamite, who [is] from Bahurim, hurries, and comes down with the men of Judah, to meet King David,
17 Ɔrekɔ no, na Benyaminfoɔ apem ka ne ho a, na Siba a na ɔyɛ Saulo fidua mu soodoni, ne ne mmammarima dunum ne nʼasomfoɔ aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no ɛkan kɔduruu Yordan hɔ.
and one thousand men [are] with him from Benjamin, and Ziba servant of the house of Saul, and his fifteen sons and his twenty servants with him, and they have gone prosperously over the Jordan before the king.
18 Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn wɔ ɛkwan biara a wɔbɛtumi so. Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim.
And the ferry-boat has passed over to carry over the household of the king, and to do that which [is] good in his eyes, and Shimei son of Gera has fallen before the king in his passing over into the Jordan,
19 Ɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae amumuyɛsɛm a meyɛeɛ ɛberɛ a wofirii Yerusalem.
and he says to the king, “Do not let my lord impute iniquity to me; neither remember that which your servant did perversely in the day that my lord the king went out from Jerusalem—for the king to set [it] to his heart;
20 Mahunu bɔne a mayɛ, enti na madi ɛkan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebɛkyea wo yi.”
for your servant has known that I have sinned; and behold, I have come today, first of all the house of Joseph, to go down to meet my lord the king.”
21 Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ Awurade asra no no.”
And Abishai son of Zeruiah answers and says, “Is Shimei not put to death for this—because he reviled the anointed of YHWH?”
22 Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!”
And David says, “And what do I [have to do] with you, O sons of Zeruiah, that today you are for an adversary to me? Is any man put to death in Israel today? For have I not known that today I [am] king over Israel?”
23 Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.”
And the king says to Shimei, “You do not die”; and the king swears to him.
24 Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii sɛ ɔhene baa asomdwoeɛ mu no.
And Mephibosheth son of Saul has come down to meet the king—and he did not prepare his feet, nor did he prepare his upper lip, indeed, he did not wash his garments, even from the day of the going away of the king, until the day that he came in peace—
25 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?”
and it comes to pass, when he has come to Jerusalem to meet the king, that the king says to him, “Why did you not go with me, Mephibosheth?”
26 Ɔbuaa sɛ, “Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa sɛ, ‘hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.’
And he says, “My lord, O king, my servant deceived me, for your servant said, I saddle the donkey for myself, and ride on it, and go with the king, for your servant [is] lame;
27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ.
and he utters slander against your servant to my lord the king, and my lord the king [is] as a messenger of God; and do that which is good in your eyes,
28 Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ sɛ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔ wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ sɛ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?”
for all the house of my father have been nothing except men of death before my lord the king, and you set your servant among those eating at your table, and what right do I have anymore—even to cry anymore to the king?”
29 Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.”
And the king says to him, “Why do you speak anymore of your matters? I have said, You and Ziba—share the field.”
30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛdɔɔ me so sɛ me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.”
And Mephibosheth says to the king, “Indeed, let him take the whole, after that my lord the king has come in peace to his house.”
31 Gileadni Barsilai nso firi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan.
And Barzillai the Gileadite has gone down from Rogelim, and passes over the Jordan with the king, to send him away over the Jordan;
32 Na Barsilai abɔ akɔkoraa a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi diiɛ ɛberɛ a na ɔte Mahanaim no.
and Barzillai [is] very aged, a son of eighty years, and he has sustained the king in his abiding in Mahanaim, for he [is] a very great man;
33 Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai sɛ, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.”
and the king says to Barzillai, “Pass over with me, and I have sustained you in Jerusalem with me.”
34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene sɛ, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana?
And Barzillai says to the king, “How many [are] the days of the years of my life, that I go up with the king to Jerusalem?
35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana.
I [am] a son of eighty years today; do I know between good and evil? Does your servant taste that which I am eating, and that which I drink? Do I listen anymore to the voice of male and female singers? And why is your servant for a burden to my lord the king anymore?
36 Animuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana bɛtwa asuo no.
As a little thing, your servant passes over the Jordan with the king, and why does the king repay me this repayment?
37 Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu wɔ me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.”
Please let your servant turn back again, and I die in my own city, near the burying-place of my father and of my mother—and behold, your servant Chimham, let him pass over with my lord the king, and do to him that which [is] good in your eyes.”
38 Ɔhene no gye too mu kaa sɛ, “Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no.”
And the king says, “Chimham goes over with me, and I do to him that which [is] good in your eyes, indeed, all that you fix on me I do to you.”
39 Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom.
And all the people pass over the Jordan, and the king has passed over, and the king gives a kiss to Barzillai, and blesses him, and he turns back to his place.
40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no.
And the king passes over to Gilgal, and Chimham has passed over with him, and all the people of Judah, and they bring over the king, and also the half of the people of Israel.
41 Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?”
And behold, all the men of Israel are coming to the king, and they say to the king, “Why have our brothers, the men of Judah, stolen you—and they bring the king and his household over the Jordan, and all the men of David with him?”
42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.”
And all the men of Judah answer against the men of Israel, “Because the king [is] near to us, and why [is] this [that] you are displeased about this matter? Have we eaten of the king’s [substance] at all? Has he lifted up a gift to us?”
43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?” Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no.
And the men of Israel answer the men of Judah, and say, “We have ten parts in the king, and also more than you in David; and why have you lightly esteemed us, that our word has not been first to bring back our king?” And the word of the men of Judah is sharper than the word of the men of Israel.

< 2 Samuel 19 >