< 2 Samuel 18 >

1 Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim.
Or David fit la revue du peuple qui était avec lui, et il établit sur eux des chefs de milliers et des chefs de centaines.
2 Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Me ne mo na ɛrekɔ.”
Et David envoya le peuple, un tiers sous la conduite de Joab, un tiers sous la conduite d'Abishaï, fils de Tséruja et frère de Joab, et un tiers sous la conduite d'Itthaï, le Guitthien. Et le roi dit au peuple: Moi aussi, je veux sortir avec vous.
3 Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
Mais le peuple lui dit: Tu ne sortiras point; car si nous sommes mis en fuite, on ne fera point attention à nous, et quand la moitié d'entre nous périraient, on ne ferait point attention à nous; mais maintenant, tu en vaux dix mille comme nous. Maintenant donc, il vaut mieux que tu sois dans la ville pour nous secourir.
4 Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.” Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no.
Et le roi leur dit: Ce que vous jugez bon, je le ferai. Le roi se tint donc à côté de la porte, et tout le peuple sortit par centaines et par milliers.
5 Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.
Et le roi donna cet ordre à Joab, et à Abishaï, et à Itthaï, et dit: Épargnez-moi le jeune homme, Absalom. Et tout le peuple entendit ce que le roi commandait à tous les chefs, au sujet d'Absalom.
6 Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu.
Ainsi le peuple sortit dans la campagne, à la rencontre d'Israël; et le combat eut lieu dans la forêt d'Éphraïm.
7 Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa.
Là le peuple d'Israël fut battu par les gens de David, et il y eut, en ce jour-là, dans ce même lieu, une grande défaite, de vingt mille hommes.
8 Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu wɔ akofena ano no.
Et le combat s'étendit par tout le pays, et en ce jour la forêt consuma beaucoup plus de peuple que ne fit l'épée.
9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem.
Et Absalom se rencontra devant les serviteurs de David. Or Absalom était monté sur un mulet; et le mulet étant entré sous les branches entrelacées d'un grand chêne, la tête d'Absalom fut prise dans les branches du chêne, et il demeura entre le ciel et la terre, le mulet qui était sous lui ayant passé outre.
10 Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.”
Et un homme, ayant vu cela, le rapporta à Joab, et dit: Voici, j'ai vu Absalom suspendu à un chêne.
11 Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.”
Et Joab répondit à l'homme qui lui rapportait cela: Quoi! tu l'as vu? Et pourquoi ne l'as-tu pas abattu là, par terre? C'eût été à moi de te donner dix pièces d'argent et un baudrier.
12 Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’
Mais cet homme dit à Joab: Quand je pèserais dans ma main mille pièces d'argent, je ne mettrais point la main sur le fils du roi; car nous avons entendu ce que le roi vous a commandé, à toi, à Abishaï et à Itthaï, disant: Prenez garde chacun à ce jeune homme, à Absalom.
13 Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.”
Autrement je mentirais au péril de ma vie, car rien ne serait caché au roi, et toi-même tu te lèverais contre moi.
14 Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no.
Et Joab répondit: Je n'attendrai pas tant devant toi! Et, ayant pris trois dards en sa main, il les enfonça dans le cœur d'Absalom, qui était encore vivant au milieu du chêne.
15 Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no.
Puis dix jeunes hommes, qui portaient les armes de Joab, environnèrent Absalom, le frappèrent, et l'achevèrent.
16 Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa.
Alors Joab fit sonner de la trompette, et le peuple s'en revint et cessa de poursuivre Israël, car Joab retint le peuple.
17 Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie.
Et ils prirent Absalom et le jetèrent dans la forêt, dans une grande fosse; et ils mirent sur lui un fort grand monceau de pierres. Et tout Israël s'enfuit, chacun dans sa tente.
18 Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.
Or Absalom s'était fait ériger, de son vivant, le monument qui est dans la vallée du roi; car il disait: Je n'ai point de fils pour conserver la mémoire de mon nom. Et il appela le monument de son nom, et jusqu'à ce jour on l'appelle, la place d'Absalom.
19 Na Sadok babarima Ahimaas kaa sɛ, “Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ sɛ, Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam.”
Et Achimaats, fils de Tsadok, dit: Je te prie, que je coure porter au roi cette bonne nouvelle, que l'Éternel lui a fait justice de la main de ses ennemis.
20 Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.”
Et Joab lui répondit: Tu ne seras pas aujourd'hui porteur de bonnes nouvelles, mais tu le seras un autre jour; car aujourd'hui tu ne porterais pas de bonnes nouvelles, puisque le fils du roi est mort.
21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.
Joab dit donc à Cushi: Va, et rapporte au roi ce que tu as vu. Cushi se prosterna devant Joab, puis il se mit à courir.
22 Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.” Nanso, Yoab bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara.”
Achimaats, fils de Tsadok, dit encore à Joab: Quoi qu'il arrive, laisse-moi courir après Cushi. Joab lui dit: Pourquoi veux-tu courir, mon fils, puisque le message ne te rapportera rien?
23 Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.
N'importe, dit-il, je veux courir. Alors Joab lui dit: Cours! Achimaats courut donc par le chemin de la plaine, et il dépassa Cushi.
24 Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba.
Or David était assis entre les deux portes, et la sentinelle allait sur le toit de la porte, vers la muraille; et, levant les yeux, elle regarda; et voici, un homme accourait tout seul.
25 Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa sɛ, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe.
Alors la sentinelle cria, et le fit savoir au roi; et le roi dit: S'il est seul, il apporte de bonnes nouvelles. Et il allait toujours et se rapprochait.
26 Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”
Puis la sentinelle vit un autre homme qui courait; et la sentinelle cria au portier, et dit: Voici un homme qui court tout seul. Et le roi dit: Il apporte aussi de bonnes nouvelles.
27 Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔdi ɛkan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.”
Et la sentinelle dit: Il me semble, à voir courir le premier, que c'est ainsi que court Achimaats, fils de Tsadok. Et le roi dit: C'est un homme de bien, il vient pour de bonnes nouvelles.
28 Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara yɛ!” Ɔkotoo wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa sɛ, “Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”
Alors Achimaats cria, et dit au roi: Tout va bien! Et il se prosterna devant le roi, le visage contre terre, et dit: Béni soit l'Éternel, ton Dieu, qui a livré les hommes qui avaient levé leurs mains contre le roi, mon seigneur!
29 Ɔhene bisaa sɛ, “Na aberanteɛ, Absalom ho yɛ anaa?” Ahimaas buaa sɛ, “Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie.”
Mais le roi dit: Le jeune homme, Absalom, se porte-t-il bien? Achimaats répondit: J'ai vu s'élever un grand tumulte, lorsque Joab envoyait le serviteur du roi et moi, ton serviteur; mais je ne sais ce que c'était.
30 Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee.
Et le roi dit: Mets-toi là de côté. Il se mit de côté, et se tint là.
31 Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”
Alors Cushi parut, et dit: Que le roi, mon seigneur, ait cette bonne nouvelle; c'est que l'Éternel t'a fait justice aujourd'hui de la main de tous ceux qui s'élevaient contre toi.
32 Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.”
Et le roi dit à Cushi: Le jeune homme, Absalom, est-il bien portant? Et Cushi répondit: Que les ennemis du roi mon seigneur, et tous ceux qui se sont élevés contre toi pour te faire du mal, deviennent tels que ce jeune homme!
33 Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
Alors le roi fut fort ému; il monta à la chambre haute de la porte, et pleura; et, en marchant, il disait ainsi: Mon fils Absalom! mon fils! mon fils Absalom! Que ne suis-je mort moi-même à ta place! Absalom, mon fils! mon fils!

< 2 Samuel 18 >