< 2 Samuel 16 >
1 Dawid sianee bepɔ no pɛ na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔ wɔn so.
After David had gone a little way past the top of the mountain, there was Ziba, Mephibosheth's servant, waiting to meet him. He had two donkeys already saddled with him carrying two hundred loaves of bread, a hundred raisin cakes, a hundred summer fruits, and a skin of wine.
2 Ɔhene no bisaa Siba sɛ, “Na yeinom nso ɛ?” Na Siba buaa sɛ, “Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom.”
“What did you bring these for?” David asked Ziba. Ziba replied, “The donkeys are for the king's family to ride on, the bread and summer fruit are for the men to eat, and the wine is for those to drink who get worn out in the wilderness.”
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa sɛ, ‘Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’”
“Where is your master's grandson?” the king asked. Ziba answered, “He decided to stay in Jerusalem. He's saying, ‘Today the people of Israel will give me back my grandfather's kingdom.’”
4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.” Siba buaa sɛ, “Meda wo ase awura. Ɛberɛ biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
The king told Ziba, “I give you everything that belongs to Mephibosheth!” “I bow before you,” Ziba replied. “May you approve of me, Your Majesty.”
5 Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.
As King David arrived at the town of Bahurim, a man from Saul's family was just leaving. His name was Shimei, son of Gera, and he was shouting out curses as he came.
6 Ɔpaa Dawid ne ne mpanimfoɔ ne akodɔm a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa aboɔ.
He threw stones at David and all the king's officers, even though the king's men and all his bodyguards surrounded David.
7 Ɔteaam guu Dawid so sɛ, “Firi hanom kɔ! Mogyapɛfoɔ a ɔte sɛ woɔ! Ɔsansani!
“Get out of here, just get out, you murderer, you wicked man!” Shimei said as he cursed.
8 Awurade atua wo ka sɛ wohwiee Saulo ne ne fiefoɔ mogya guiɛ. Wowiaa nʼahennwa, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa aduro, wo mogyapɛfoɔ.”
“The Lord has paid you back for all of Saul's family that you killed, and for stealing Saul's throne. The Lord has given the kingdom to your son Absalom. Look how you've ended up in disaster because you're a murderer!”
9 Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.”
Abishai, son of Zeruiah, asked the king, “Why should this dead dog curse Your Majesty? Let me go and cut off his head!”
10 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no sɛ, ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnnyae?”
“What's that got to do with you, you sons of Zeruiah?” the king replied. “If he's cursing me because the Lord told him to, then who can question what he's doing?”
11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa.
David said to Abishai and to all his officers, “Look, if my very own son is trying to kill me, why shouldn't this Benjamite want to even more! Leave him alone; let him curse me, for the Lord told him to.
12 Ebia, Awurade bɛhunu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka.”
Perhaps the Lord will see how I'm suffering and will pay me back with good for his curses today.”
13 Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem.
David and his men continued down the road, with Shimei keeping up with them on the hillside opposite. He went on cursing as he went along, throwing stones and dirt at David.
14 Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome.
The king and everyone with him were tired out when they arrived at the Jordan. David rested there.
15 Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.
In the meantime Absalom and all the Israelites with him arrived in Jerusalem, along with Ahithophel.
16 Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
Hushai the Arkite, David's friend, went to see Absalom and declared, “Long live the king! Long live the king!”
17 Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
“Is this how you show loyalty to your friend?” Absalom asked. “Why didn't you leave with your friend?”
18 Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.
“Certainly not!” Hushai replied. “I'm on the side of the one chosen by the Lord, by the army, and by all the people of Israel. I will remain loyal to him.
19 Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, hwan na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
In any case, why shouldn't I serve his son? In the same way I served your father I will serve you.”
20 Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel sɛ, “Ɛdeɛn bio na menyɛ?”
Then Absalom asked Ahithophel, “Give me your advice. What shall we do?”
21 Ahitofel buaa no sɛ, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri sɛ, wagya wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfie hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu sɛ, woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.”
Ahithophel told him, “Go and sleep with your father's concubines—the ones he left here to look after the palace. Then everyone in Israel will realize that you have so offended your father there's no turning back, which will encourage all your supporters.”
22 Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.
So they put up a tent on the palace roof and Absalom went in and had sex with his father's concubines in the full view of everyone.
23 Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.
At that time Ahithophel's advice was like receiving messages from God himself. This was how both David and Absalom viewed Ahithophel's advice.