< 2 Samuel 15 >
1 Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim.
Now after this, Absalom got for himself a carriage and horses, and fifty runners to go before him.
2 Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu.
And Absalom got up early, morning after morning, and took his place at the side of the public meeting-place: and when any man had a cause which had to come to the king to be judged, then Absalom, crying out to him, said, What is your town? and he would say, Your servant is of one of the tribes of Israel.
3 Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie.
And Absalom would say to him, See, your cause is true and right; but no man has been named by the king to give you a hearing.
4 Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
And more than this, Absalom said, If only I was made judge in the land, so that every man who has any cause or question might come to me, and I would give a right decision for him!
5 Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu.
And if any man came near to give him honour, he took him by the hand and gave him a kiss.
6 Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa.
And this Absalom did to everyone in Israel who came to the king to have his cause judged: so Absalom, like a thief, took away the hearts of the men of Israel.
7 Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no.
Now at the end of four years, Absalom said to the king, Let me go to Hebron and give effect to the oath which I made to the Lord:
8 Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’”
For while I was living in Geshur in Aram, your servant made an oath, saying, If ever the Lord lets me come back to Jerusalem, I will give him worship in Hebron.
9 Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron.
And the king said to him, Go in peace. So he got up and went to Hebron.
10 Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’”
But Absalom at the same time sent watchers through all the tribes of Israel to say, At the sound of the horn you are to say, Absalom is king in Hebron.
11 Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee.
And with Absalom, at his request, went two hundred men from Jerusalem, who were completely unconscious of his designs.
12 Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den.
And Absalom sent for Ahithophel the Gilonite, one of David's helpers, from Giloh his town, while he was making the offerings. And the design against David became strong, for more and more people were joined to Absalom.
13 Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.”
And one came to David and said, The hearts of the men of Israel have gone after Absalom.
14 Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.”
And David said to all his servants who were with him at Jerusalem, Come, let us go in flight, or not one of us will be safe from Absalom: let us go without loss of time, or he will overtake us quickly and send evil on us, and put the town to the sword.
15 Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.”
And the king's servants said to the king, See, your servants are ready to do whatever the king says is to be done.
16 Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so.
So the king went out, taking with him all the people of his house, but for ten of his women, who were to take care of the house.
17 Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi,
And the king went out, and all his servants went after him, and made a stop at the Far House.
18 maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.
And all the people went on by his side; and all the Cherethites and all the Pelethites and all the men of Ittai of Gath, six hundred men who came after him from Gath, went on before the king.
19 Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo.
Then the king said to Ittai the Gittite, Why are you coming with us? go back and keep with the king: for you are a man of another country, you are far from the land of your birth.
20 Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.”
It was only yesterday you came to us; why then am I to make you go up and down with us? for I have to go where I may; go back then, and take your countrymen with you, and may the Lord's mercy and good faith be with you.
21 Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.”
And Ittai the Gittite in answer said, By the living Lord, and by the life of my lord the king, in whatever place my lord the king may be, for life or death, there will your servant be.
22 Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.
And David said to Ittai, Go forward, then. And Ittai the Gittite went on, with all his men and all the little ones he had with him.
23 Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so.
And there was great weeping in all the country when all the people went through; and the king himself was waiting in the Kidron valley and all the people went by him in the direction of the olive-tree on the edge of the waste land.
24 Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ.
Then Zadok came, and Abiathar, and with them the ark of God's agreement: and they put down the ark of God, till all the people from the town had gone by.
25 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio.
And the king said to Zadok, Take the ark of God back into the town: if I have grace in the eyes of the Lord, he will let me come back and see it and his House again:
26 Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.”
But if he says, I have no delight in you: then, here I am; let him do to me what seems good to him.
27 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho.
The king said further to Zadok the priest, See, you and Abiathar are to go back to the town in peace, with your two sons, Ahimaaz, your son, and Jonathan, the son of Abiathar.
28 Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.”
See, I will be waiting at the way across the river, in the waste land, till I get news from you.
29 Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
So Zadok and Abiathar took the ark of God back to Jerusalem, and did not go away from there.
30 Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no.
And David went up the slopes of the Mount of Olives weeping all the way, with his head covered and no shoes on his feet: and all the people who were with him, covering their heads, went up weeping.
31 Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”
And word came to David, saying, Ahithophel is among those who are joined to Absalom. And David said, O Lord, let the wisdom of Ahithophel be made foolish.
32 Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie.
Now when David had come to the top of the slope, where they gave worship to God, Hushai the Archite came to him in great grief with dust on his head:
33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me.
David said to him, If you go on with me, you will be a trouble to me:
34 Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no.
But if you go back to the town and say to Absalom, I will be your servant, O king; as in the past I have been your father's servant, so now I will be yours: then you will be able to keep Ahithophel's designs against me from being put into effect.
35 Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn,
And have you not there Zadok and Abiathar the priests? so whatever comes to your ears from the king's house, give word of it to Zadok and Abiathar the priests.
36 na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.”
See, they have with them their two sons, Ahimaaz, Zadok's son, and Jonathan, the son of Abiathar; by them you may send word to me of everything which comes to your ears.
37 Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu.
So Hushai, David's friend, went into the town, and Absalom came to Jerusalem.