< 2 Samuel 13 >

1 Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabaa bi a na ne ho yɛ fɛ yie. Na saa ɔbaa no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
Now after this so it was, that Absalom the sonne of Dauid hauing a fayre sister, whose name was Tamar, Amnon the sonne of Dauid loued her.
2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee.
And Amnon was so sore vexed, that he fell sicke for his sister Tamar: for she was a virgin, and it seemed hard to Amnon to doe any thing to her.
3 Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.
But Amnon had a friend called Ionadab, the sonne of Shimeah Dauids brother: and Ionadab was a very subtile man.
4 Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.”
Who sayde vnto him, Why art thou the Kings sonne so leane from day to day? wilt thou not tell me? Then Amnon answered him, I loue Tamar my brother Absaloms sister.
5 Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.”
And Ionadab sayd vnto him, Lie downe on thy bed, and make thy selfe sicke: and when thy father shall come to see thee, say vnto him, I pray thee, let my sister Tamar come, and giue me meate, and let her dresse meate in my sight, that I may see it, and eate it of her hand.
6 Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.”
So Amnon lay downe, and made himselfe sicke: and when the King came to see him, Amnon sayde vnto the King, I pray thee, let Tamar my sister come, and make me a couple of cakes in my sight, that I may receiue meate at her hand.
7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no.
Then Dauid sent home to Tamar, saying, Goe now to thy brother Amnons house, and dresse him meate.
8 Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no.
So Tamar went to her brother Amnons house, and he lay downe: and she tooke floure, and knead it, and made cakes in his sight, and did bake the cakes.
9 Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ sɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ!” Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ.
And she tooke a pan, and powred them out before him, but he would not eat. Then Amnon saide, Cause ye euery man to goe out from me: so euery man went out from him.
10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar sɛ, “Fa aduane no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti, Tamar maa so de kɔɔ hɔ.
Then Amnon said vnto Tamar, Bring the meate into the chamber, that I may eate of thine hand. And Tamar tooke the cakes which shee had made, and brought them into the chamber to Amnon her brother.
11 Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ.”
And when she had set them before him to eate, he tooke her, and sayd vnto her, Come, lye with me, my sister.
12 Na Tamar teaam sɛ, “Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ wɔ Israel.
But shee answered him, Nay, my brother, doe not force me: for no such thing ought to be done in Israel: commit not this follie.
13 Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”
And I, whither shall I cause my shame to goe? and thou shalt be as one of the fooles in Israel: now therefore, I pray thee, speake to the King, for he will not denie me vnto thee.
14 Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa.
Howbeit he would not hearken vnto her voyce, but being stronger then she, forced her, and lay with her.
15 Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm!”
Then Amnon hated her exceedingly, so that the hatred wherewith he hated her, was greater then the loue, wherewith hee had loued her: and Amnon sayde vnto her, Vp, get thee hence.
16 Tamar nso teateaam sɛ, “Dabi. Sɛ worepam me afiri ha seesei no yɛ bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no.” Nanso, Amnon ampɛ sɛ ɔbɛtie no.
And she answered him, There is no cause: this euill (to put mee away) is greater then the other that thou diddest vnto me: but he would not heare her,
17 Ɔteaam frɛɛ ne ɔsomfoɔ hyɛɛ no sɛ, “Pam saa ɔbaa yi firi ha, na to ɛpono no mu!”
But called his seruant that serued him, and sayd, Put this woman now out from me, and locke the doore after her.
18 Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ wɔ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no.
(And she had a garment of diuers coulours vpon her: for with such garments were the Kings daughters that were virgins, apparelled) Then his seruant brought her out, and locked the doore after her.
19 Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so.
And Tamar put ashes on her head and rent the garment of diuers colours which was on her, and layde her hand on her head, and went her way crying.
20 Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie.
And Absalom her brother sayd vnto her, Hath Amnon thy brother bene with thee? Now yet be still, my sister: he is thy brother: let not this thing grieue thine heart. So Tamar remayned desolate in her brother Absaloms house.
21 Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie.
But when King Dauid heard all these things, he was very wroth.
22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase.
And Absalom sayde vnto his brother Amnon neither good nor bad: for Absalom hated Amnon, because he had forced his sister Tamar.
23 Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.
And after the time of two yeeres, Absalom had sheepesherers in Baal-hazor, which is beside Ephraim, and Absalom called all the Kings sonnes.
24 Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?”
And Absalom came to the King and sayd, Beholde now, thy seruant hath sheepesherers: I pray thee, that the King with his seruants would goe with thy seruant.
25 Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ.
But the King answered Absalom, Nay my sonne, I pray thee, let vs not goe all, lest we be chargeable vnto thee. Yet Absalom lay sore vpon him: howbeit he would not go, but thanked him.
26 Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?”
Then sayd Absalom, But, I pray thee, shall not my brother Amnon goe with vs? And the king answered him, Why should he go with thee?
27 Nanso, ɔhyɛɛ no enti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
But Absalom was instant vpon him, and he sent Amnon with him, and all the Kings children.
28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.”
Now had Absalom commanded his seruants, saying, Marke now when Amnons heart is merry with wine, and when I say vnto you, Smite Amnon, kill him, feare not, for haue not I commanded you? be bold therefore, and play the men.
29 Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ.
And the seruantes of Absalom did vnto Amnon, as Absalom had commanded: and al the Kings sonnes arose, and euery man gate him vp vpon his mule, and fled.
30 Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom sɛ, “Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”
And while they were in the way, tydings came to Dauid, saying, Absalom hath slaine al the Kings sonnes, and there is not one of them left.
31 Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara.
Then the King arose, and tare his garments, and lay on the ground, and all his seruants stoode by with their clothes rent.
32 Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.
And Ionadab the sonne of Shimeah Dauids brother answered and sayde, Let not my lord suppose that they haue slayne all the yong men the Kings sonnes: for Amnon onely is dead, because Absalom had reported so, since hee forced his sister Tamar.
33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
Nowe therefore let not my lord the King take the thing so grieuously, to thinke that all ye Kings sonnes are dead: for Amnon only is dead.
34 Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane. Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ sɛ, “Mahunu sɛ ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
Then Absalom fled: and the yong man that kept the watch, lift vp his eyes, and looked, and behold, there came much people by the way of the hill side behinde him.
35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no.”
And Ionadab said vnto the King, Behold, ye Kings sonnes come: as thy seruant sayd, so it is.
36 Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ.
And assoone as hee had left speaking, behold, the Kings sonnes came, and lift vp their voyces, and wept: and the King also and all his seruants wept exceedingly sore.
37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
But Absalom fled away, and went to Talmai the sonne of Ammihur King of Geshur: and Dauid mourned for his sonne euery day.
38 Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfeɛ mmiɛnsa.
So Absalom fled, and went to Geshur, and was there three yeeres.
39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom.
And King Dauid desired to go forth vnto Absalom, because he was pacified concerning Amnon, seeing he was dead.

< 2 Samuel 13 >