< 2 Samuel 12 >

1 Awurade somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani.
Awurade somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Oduu hɔ no ɔkae se, “Na mmarima baanu bi te kurow bi so. Na mmarima no mu baako yɛ ɔdefo, na nea ɔka ho no nso yɛ ohiani.
2 Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree,
Na ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree,
3 ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no.
ohiani no de, na onni hwee ka oguan bere ketewa bi a ɔtɔɔ no no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyin bɔɔ mu. Na ɔne aboa no di nʼaduan, nom fi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ne babea.
4 “Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.”
“Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”
5 Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo.
Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu.
6 Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.”
Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”
7 Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase.
Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid se, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Nyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo fii Saulo tumi ase.
8 Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho.
Mede ne fi ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛno nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho.
9 Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.
Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.
10 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri sɛ, woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
Efi nnɛ rekɔ, afoa na ɛbɛyɛ ahunahunade ama wo fifo, efisɛ woabu me animtiaa, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
11 “Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu.
“Esiane nea woayɛ yi nti, me Awurade, mɛma wʼankasa fi mufo asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforo, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahu.
12 Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.”
Woyɛɛ eyi wɔ kokoa mu, nanso mɛma nea ɛreba wo so no ada gua, ama Israel nyinaa ahu.”
13 Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu.
Na Dawid ka kyerɛɛ Natan se, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buae se, “Awurade ayi wo bɔne no afi wo so. Worenwu.
14 Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.”
Nanso sɛ woama Awurade atamfo kwan sɛ wommu no animtiaa, ngu ne din ho fi nti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bewu.”
15 Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden.
Natan kɔɔ ne fi ara pɛ, Awurade maa abofra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree denneennen.
16 Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim.
Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abofra no ntena ase. Ɔkyen ho kɔm, na ɔkɔɔ fi, na anadwo mu no nyinaa, furaa atweaatam, daa fam tim.
17 Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene.
Mpanyimfo a wɔwɔ ne fi srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene.
18 Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
19 Na Dawid hunuu sɛ nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abɔfra no awu. Ɔbisaa sɛ, “Abɔfra no awu anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, wawu.”
Na Dawid huu sɛ nʼafotufo no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abofra no awu. Obisae se, “Abofra no awu ana?” Wobuae se, “Yiw, wawu.”
20 Na Dawid sɔre firii fam hɔ. Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ Awurade efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ.
Na Dawid sɔre fii fam hɔ. Afei, oguare wiee a ɔpetee ne ho aduhuam, na ɔsesaa ne ntade no, ɔkɔɔ Awurade fi kɔsɔree. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa fi, na ɔno ankasa ka ma wɔbrɛɛ no aduan, na odidii.
21 Nʼafotufoɔ no bisaa no sɛ, “Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!”
Nʼafotufo no bisaa no se, “Nea woreyɛ yi, ase ne dɛn? Bere a abofra no te ase no, wudii mmuada, twaa agyaadwo. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidi!”
22 Ɔbuaa sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee sɛ, ‘Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.’
Obuae se, “Bere a na abofra no da so te ase no de, midii abuada, twaa agyaadwo. Medwenee sɛ, ‘Hena na onim? Ebia, Awurade behu me mmɔbɔ ama abofra no atena.’
23 Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ sɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da.”
Na afei a wawu yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi abuada? Metumi asan de no aba nkwa mu bio ana? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn ha da.”
24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. Awurade pɛɛ abɔfra no asɛm,
Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no dae. Onyinsɛnee, woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Salomo. Awurade pɛɛ abofra no asɛm,
25 na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so sɛ, ɛsɛ sɛ abɔfra no din yɛ Yedidia, ɛfiri sɛ na Awurade dɔ no.
na ɔde asɛm faa odiyifo Natan so se, ɛsɛ sɛ abofra no din yɛ Yedidia, efisɛ na Awurade dɔ no.
26 Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so.
Saa bere no, na Yoab ne Israel asraafo no ako afa Amon ahenkurow Raba no nnommum.
27 Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie.
Yoab somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Mako atia Raba, afa nea wonya wɔn nsu fi.
28 Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene sɛ ɛbɛyɛ me dea.”
Afei, fa asraafo a wɔaka no bra na wonwie adwuma no, sɛnea ɛbɛyɛ a, wubenya nkonimdi anuonyam no sen sɛ ɛbɛyɛ me de.”
29 Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ.
Enti Dawid dii nʼakofo a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ.
30 Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu.
Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu.
31 Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.

< 2 Samuel 12 >