< 2 Samuel 11 >

1 Osutɔberɛ a ɛdi soɔ no mu, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel akodɔm nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ. Wɔkɔtuaa kuropɔn Raba, na Dawid deɛ, ɔkaa Yerusalem.
Asusowbere a edi so no mu, bere a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel asraafo nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo. Wokotuaa kuropɔn Raba ano, na Dawid de, ɔkaa Yerusalem.
2 Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi sɛ ɔredware. Na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie,
Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina hɔ no, ohuu ɔbea bi sɛ ɔreguare. Na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye;
3 na Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa sɛ, “Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.”
na Dawid somaa obi sɛ onkobisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkae se, “Ɛyɛ Eliam babea Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.”
4 Na Dawid tuu abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no daeɛ. (Ɔdwiraa ne ho firii ne nsabuo mu no, na ɛnkyɛreɛ.) Afei, ɔsane kɔɔ efie.
Na Dawid tuu abɔfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie.
5 Ɛberɛ a Batseba hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.
Bere a Batseba huu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.
6 Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa Hetini Uria brɛ me.”
Enti Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa Hetini Uria brɛ me.”
7 Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so.
Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no wɔ mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so.
8 Na ɔka kyerɛɛ Uria sɛ, “Kɔ efie na kɔhome.” Na mpo, Uria firii ahemfie hɔ no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no.
Na ɔka kyerɛɛ Uria se, “Kɔ fie na kɔhome.” Na mpo, Uria fii ahemfi hɔ no, Dawid soma ma wɔde akyɛde bi kɔmaa no.
9 Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano.
Nanso Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfo no bi tenaa ahemfi pon no ano.
10 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ hɔ ɛnnora anadwo?”
Bere a Dawid tee nea Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no se, “Dɛn na ɛhaw wo? Wufii fie akyɛ na adɛn na woankɔ hɔ nnɛra anadwo?”
11 Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.”
Uria buae se, “Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wɔ wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho fɔ.”
12 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ.
Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Eye, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ asraafo no mu.” Enti Uria tenaa Yerusalem da no ne nʼadekyee.
13 Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio.
Na Dawid frɛɛ no adidi ne ɔnom aponto, na ɔmaa no nsa ma ɔbowee. Na ɛno mpo, Uria ankɔ fie ankohu ne yere. Ɔdaa ahemfi no kwan ano bio.
14 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab.
Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab.
15 Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.”
Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab se, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo de, san wʼakyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, wobekum no.”
16 Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim sɛ atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko.
Enti Yoab maa Uria kogyinaa baabi a ɛbɛn kurow no fasu, a ɛhɔ na onim sɛ atamfo no mmarima a wɔyɛ den no reko.
17 Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree.
Ɛhɔ na wokum Hetini Uria ne Israel asraafo no bebree.
18 Na Yoab de ɔsa mu amaneɛ kɔbɔɔ Dawid.
Na Yoab de ɔsa mu amanneɛ kɔbɔɔ Dawid.
19 Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene.
Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfo no se, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene.
20 Nanso, ebia ne bo bɛfu, ama wabisa sɛ, ‘Adɛn enti na akodɔm no kɔbɛn kuro no pɛɛ saa? Na wɔnnim sɛ wɔbɛto agyan afiri afasuo no mu?
Nanso ebia ne bo befuw, ama wabisa se, ‘Adɛn nti na asraafo no kɔbɛn kurow no pɛɛ saa? Na wonnim sɛ wɔbɛtow agyan afi afasu no mu?
21 Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no sɛ, wɔakum Hetini Uria nso.”
Ɔbeabasia antow awiyammo ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no se, wɔakum Hetini Uria nso.”
22 Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka.
Enti abɔfo no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amanneɛ kyerɛɛ Dawid sɛnea Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka no.
23 Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano.
Abɔfo no ka kyerɛɛ Dawid se, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wotiaa yɛn petee mu de, nanso yepiaa wɔn kɔɔ kurow no pon ano.
24 Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.”
Ɛhɔ na agyantowfo tow wʼasomfo fii ɔfasu ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwui. Na wo somfo Hetini Uria nso awu.”
25 Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.”
Dawid ka kyerɛɛ abɔfo no se, “Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu de obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na munni kuropɔn no so nkonim.”
26 Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no.
Bere a Batseba tee sɛ ne kunu awu no, osuu no.
27 Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.
Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fi. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na nea Dawid yɛe no ansɔ Awurade ani.

< 2 Samuel 11 >