< 2 Samuel 1 >

1 Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu.
ויהי אחרי מות שאול ודוד שב מהכות את העמלק וישב דוד בצקלג ימים שנים׃
2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.
ויהי ביום השלישי והנה איש בא מן המחנה מעם שאול ובגדיו קרעים ואדמה על ראשו ויהי בבאו אל דוד ויפל ארצה וישתחו׃
3 Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”
ויאמר לו דוד אי מזה תבוא ויאמר אליו ממחנה ישראל נמלטתי׃
4 Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?” Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
ויאמר אליו דוד מה היה הדבר הגד נא לי ויאמר אשר נס העם מן המלחמה וגם הרבה נפל מן העם וימתו וגם שאול ויהונתן בנו מתו׃
5 Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
ויאמר דוד אל הנער המגיד לו איך ידעת כי מת שאול ויהונתן בנו׃
6 Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara.
ויאמר הנער המגיד לו נקרא נקריתי בהר הגלבע והנה שאול נשען על חניתו והנה הרכב ובעלי הפרשים הדבקהו׃
7 Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’
ויפן אחריו ויראני ויקרא אלי ואמר הנני׃
8 “Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’ “Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’
ויאמר לי מי אתה ויאמר אליו עמלקי אנכי׃
9 “Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’
ויאמר אלי עמד נא עלי ומתתני כי אחזני השבץ כי כל עוד נפשי בי׃
10 “Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
ואעמד עליו ואמתתהו כי ידעתי כי לא יחיה אחרי נפלו ואקח הנזר אשר על ראשו ואצעדה אשר על זרעו ואביאם אל אדני הנה׃
11 Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.
ויחזק דוד בבגדו ויקרעם וגם כל האנשים אשר אתו׃
12 Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
ויספדו ויבכו ויצמו עד הערב על שאול ועל יהונתן בנו ועל עם יהוה ועל בית ישראל כי נפלו בחרב׃
13 Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”
ויאמר דוד אל הנער המגיד לו אי מזה אתה ויאמר בן איש גר עמלקי אנכי׃
14 Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”
ויאמר אליו דוד איך לא יראת לשלח ידך לשחת את משיח יהוה׃
15 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no.
ויקרא דוד לאחד מהנערים ויאמר גש פגע בו ויכהו וימת׃
16 Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”
ויאמר אליו דוד דמיך על ראשך כי פיך ענה בך לאמר אנכי מתתי את משיח יהוה׃
17 Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
ויקנן דוד את הקינה הזאת על שאול ועל יהונתן בנו׃
18 Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu.
ויאמר ללמד בני יהודה קשת הנה כתובה על ספר הישר׃
19 “Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!
הצבי ישראל על במותיך חלל איך נפלו גבורים׃
20 “Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifoɔ abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔntene so, na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.
אל תגידו בגת אל תבשרו בחוצת אשקלון פן תשמחנה בנות פלשתים פן תעלזנה בנות הערלים׃
21 “Ao Gilboa mmepɔ, mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so, anaa wo nsianeɛ so. Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.
הרי בגלבע אל טל ואל מטר עליכם ושדי תרומת כי שם נגעל מגן גבורים מגן שאול בלי משיח בשמן׃
22 “Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan.
מדם חללים מחלב גבורים קשת יהונתן לא נשוג אחור וחרב שאול לא תשוב ריקם׃
23 Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.
שאול ויהונתן הנאהבים והנעימם בחייהם ובמותם לא נפרדו מנשרים קלו מאריות גברו׃
24 “Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.
בנות ישראל אל שאול בכינה המלבשכם שני עם עדנים המעלה עדי זהב על לבושכן׃
25 “Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so.
איך נפלו גברים בתוך המלחמה יהונתן על במותיך חלל׃
26 Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan; Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ! Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ; emu dɔ sene mmaa dɔ!
צר לי עליך אחי יהונתן נעמת לי מאד נפלאתה אהבתך לי מאהבת נשים׃
27 “Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ! Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”
איך נפלו גבורים ויאבדו כלי מלחמה׃

< 2 Samuel 1 >