< 2 Petro 1 >

1 Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:
Simon Peter, služabnik in apostol Jezusa Kristusa tem, ki so z nami po Božji pravičnosti in našem Odrešeniku Jezusu Kristusu dosegli podobno dragoceno vero:
2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
›Milost in mir naj se vam pomnožita prek spoznanja Boga in Jezusa, našega Gospoda,
3 Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi.
glede na to, kot nam je njegova božanska moč dala vse stvari, ki se nanašajo na življenje in bogaboječnost, prek spoznanja tistega, ki nas je poklical v slavo in moč;
4 Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
po katerih so nam dane silno velike in dragocene obljube, da bi bili po teh lahko soudeleženci božanske narave, ko smo pobegnili propadljivosti, ki je na svetu prek poželenja.‹
5 Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho;
In poleg tega darujte vso marljivost, dodajte svoji veri krepost, in kreposti spoznanje,
6 na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho;
in spoznanju zmernost, in zmernosti potrpežljivost, in potrpežljivosti bogaboječnost,
7 na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho.
in bogaboječnosti bratsko prijaznost, in bratski prijaznosti ljubezen.
8 Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.
Kajti če so te stvari v vas in [so] obilne, vas naredijo, da ne boste niti jalovi niti brez sadu v spoznanju našega Gospoda Jezusa Kristusa.
9 Na obiara a ɔnni bi no yɛ onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri sɛ wɔahohoro ne bɔne dada.
Toda komur te stvari primanjkujejo, je slep in kratkoviden in je pozabil, da je bil očiščen od svojih starih grehov.
10 Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho wɔ dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso.
Bratje, zatorej si raje prizadevajte, da storite svojo poklicanost in izvoljenost zanesljivo; kajti če te stvari počnete, nikoli ne boste padli,
11 Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu. (aiōnios g166)
kajti tako vam bo razkošno odprt vstop v večno kraljestvo našega Gospoda in Odrešenika Jezusa Kristusa. (aiōnios g166)
12 Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no.
Zato ne bom nemaren, da vas ne bi vedno opominjal o teh stvareh, čeprav jih veste in ste utrjeni v pričujoči resnici.
13 Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho.
Da, mislim, da je primerno, dokler sem v tem šotoru, da vas razvnamem s tem, da vas spomnim,
14 Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no.
vedoč, da bom moral v kratkem odložiti ta svoj šotor, kakor mi je pokazal naš Gospod Jezus Kristus.
15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi.
Poleg tega si bom prizadeval, da boste po mojem odhodu [s sveta] lahko imeli te stvari vedno v spominu.
16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ.
Kajti ko smo vam dali spoznati moč in prihod našega Gospoda Jezusa Kristusa, nismo sledili pretkano izmišljenim bajkam, ampak smo bili očividci njegovega veličanstva.
17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.
Kajti od Boga Očeta je prejel čast in slavo, ko je iz odlične slave k njemu prišel takšen glas: »Ta je moj ljubljeni Sin, v katerem sem zelo zadovoljen.«
18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no.
In ta glas, ki je prišel z neba, smo slišali, ko smo bili z njim na sveti gori.
19 Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ sɛ motie no yie ɛfiri sɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo akoma mu no.
Imamo tudi zanesljivejšo preroško besedo; zato pravilno delate, da pazite nanjo kakor na svetilko, ki sije na temnem kraju, dokler ne zasveti zora in v vaših srcih ne vzide zvezda danica;
20 Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase.
vedoč najprej to, da nobena prerokba iz pisem ni iz kakršnekoli osebne razlage.
21 Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.
Kajti prerokba v starih časih ni prišla s človeško voljo, temveč so sveti Božji možje govorili, kakor bi bili spodbujeni s Svetim Duhom.

< 2 Petro 1 >