< 2 Petro 3 >

1 Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene.
Ikozvino iyi, vadikanwi, itsamba yechipiri yandinokunyorerai; panaidzodzi mbiri ndinomutsa murangariro wenyu wakachena nechiyeuchidzo,
2 Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no.
kuti murangarire mashoko akambotaurwa nevaporofita vatsvene, nemurairo wedu tiri vaapasitori vaIshe neMuponesi;
3 Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ
muchiziva ichi pakutanga, kuti kuchauya pakuguma kwemazuva vanongoseka, vachifamba maererano neruchiva rwavo pachavo,
4 aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!”
uye vachiti: Chiripi chivimbiso chekuuya kwake? Nokuti kubva zvarara madzibaba zvinhu zvese zvakaramba zvakadaro kubva pakutanga kwekusikwa.
5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ.
Nokuti ichi vanokanganwa maune, kuti matenga aivapo kubva kare, nenyika, iripo kubva mumvura, kubudikidza nemvura, neshoko raMwari;
6 Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no.
nazvo nyika yaivapo nguva iyo yakafukidzwa nemvura yakaparadzwa.
7 Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.
Asi matenga nenyika zviripo ikozvino zvakachengetwa neirori shoko, zvakachengeterwa moto pazuva rekutongwa nerekuparadzwa kwevanhu vasingadi Mwari.
8 Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ.
Asi chinhu chimwe ichi ngachirege kusazikanwa nemwi, vadikanwi, kuti zuva rimwe kuna Ishe rakaita samakore ane churu, nemakore ane churu sezuva rimwe.
9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.
Ishe haanonoki maererano nechivimbiso, sevamwe vanoti kunonoka; asi ane moyo murefu kwatiri, asingadi kuti ani nani aparare asi vese vasvike pakutendeuka.
10 Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.
Asi zuva raIshe richasvika sembavha usiku, naro matenga achapfuura nekutinhira kukuru, nezvekutanga zvichaguranyiwa nekupisa kukuru, nenyika nemabasa ari mairi achapiswa.
11 Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn.
Sezvo zvinhu izvi zvese zvichaparadzwa, imwi munofanira kuva vakadini pamafambiro matsvene nekunamata Mwari,
12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no.
makatarisira nekumhanyira kusvika kwezuva raMwari; naro matenga achipiswa achaparadzwa, nezvekutanga zvinyunguduke nekupisa kukuru.
13 Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.
Asi sechivimbiso chake tinotarisira matenga matsva nenyika itsva, mazviri munogara kururama.
14 Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu.
Naizvozvo vadikanwi, zvamunotarisira zvinhu izvi, shingairai kuti muwanikwe naye murugare, musina gwapa uye musingamhuriki.
15 Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no.
Zvino muti moyo murefu waIshe wedu ruponeso, hama yedu inodikanwa Pauro sezvaakakunyoreraiwo zvichienderana nenjere dzakapiwa kwaari;
16 Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.
semutsamba dzake dzesewo, achitaura madziri maererano nezvinhu izvi; madziri mune zvimwe zvikukutu kunzwisisika, izvo avo vasina kudzidza nevasina kusimba vanozviminamisa, semamwewo magwaro, kusvika pakuparadzwa kwavo pachavo.
17 Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa.
Naizvozvo imwi, vadikanwi, zvamagara muchiziva, chenjerai kuti murege kutsauswa pamwe nekunyengera kwevasina murairo, muwe pakusimba kwenyu.
18 Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen. (aiōn g165)
Asi kurai munyasha neparuzivo rwaIshe wedu neMuponesi Jesu Kristu. Rukudzo ngaruende kwaari ikozvinowo uye kusvika zuva rekusingaperi. Ameni. (aiōn g165)

< 2 Petro 3 >

The Great Flood
The Great Flood