< 2 Petro 2 >
1 Atorɔ adiyifoɔ kɔɔ tetefoɔ no mu, na saa ara nso na atorɔ adiyifoɔ bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nokorɛ nni mu na wɔapa Owura a ɔgyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛeɛ aba wɔn so prɛko pɛ.
從前在百姓中有假先知起來,將來在你們中間也必有假師傅,私自引進陷害人的異端,連買他們的主他們也不承認,自取速速地滅亡。
2 Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na ɛsiane deɛ wɔyɛ no enti, nnipa bɛkasa atia nokorɛ ɛkwan no.
將有許多人隨從他們邪淫的行為,便叫真道因他們的緣故被毀謗。
3 Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam wɔn sikanibereɛ so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn ɔtemmufoɔ siesiee ne ho akyɛre, na saa ara nso na wɔn ɔsɛefoɔ no nso asɔre agyina.
他們因有貪心,要用捏造的言語在你們身上取利。他們的刑罰,自古以來並不遲延;他們的滅亡也必速速來到。
4 Onyankopɔn amfa abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛre wɔn. Ɔtoo wɔn guu asaman sum mu baabi guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn Atemmuo da no. (Tartaroō )
就是天使犯了罪,上帝也沒有寬容,曾把他們丟在地獄,交在黑暗坑中,等候審判。 (Tartaroō )
5 Onyankopɔn amma tete ewiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyire baa wɔn a wɔannye asɛm no anni no so. Wɔn a ɔgyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa tenenee ho asɛm no ne nnipa baason bi.
上帝也沒有寬容上古的世代,曾叫洪水臨到那不敬虔的世代,卻保護了傳義道的挪亞一家八口。
6 Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no kɔkɔ.
又判定所多瑪、蛾摩拉,將二城傾覆,焚燒成灰,作為後世不敬虔人的鑑戒;
7 Ɔgyee Lot a ɔyɛ ɔteneneeni no firii nnipa nnebɔneyɛfoɔ nsam.
只搭救了那常為惡人淫行憂傷的義人羅得。(
8 Na saa ɔteneneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfoɔ no mu na afideɛ a na saa nnipa no yɛ no adekyeeɛ ne adesaeɛ no ha no yie.
因為那義人住在他們中間,看見聽見他們不法的事,他的義心就天天傷痛。)
9 Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim ɛkwan a ɔfa so gye nʼakyidifoɔ firi ɔhaw mu, ɛnna ɔnim ɛkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfoɔ, twe wɔn aso de twɛn Atemmuo da no,
主知道搭救敬虔的人脫離試探,把不義的人留在刑罰之下,等候審判的日子。
10 ne titire no, wɔn a wɔdi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi wɔ akokoɔduru na wɔmmu animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, wɔte wɔn atua.
那些隨肉身、縱污穢的情慾、輕慢主治之人的,更是如此。 他們膽大任性,毀謗在尊位的,也不知懼怕。
11 Na abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim.
就是天使,雖然力量權能更大,還不用毀謗的話在主面前告他們。
12 Nanso, saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wonni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkye wɔn nku wɔn. Wɔgu nneɛma biara a wɔnte aseɛ no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa.
但這些人好像沒有靈性,生來就是畜類,以備捉拿宰殺的。他們毀謗所不曉得的事,正在敗壞人的時候,自己必遭遇敗壞。
13 Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm.
行的不義,就得了不義的工價。這些人喜愛白晝宴樂,他們已被玷污,又有瑕疵,正與你們一同坐席,就以自己的詭詐為快樂。
14 Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase.
他們滿眼是淫色,止不住犯罪,引誘那心不堅固的人,心中習慣了貪婪,正是被咒詛的種類。
15 Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
他們離棄正路,就走差了,隨從比珥之子巴蘭的路。巴蘭就是那貪愛不義之工價的先知,
16 Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan.
他卻為自己的過犯受了責備;那不能說話的驢以人言攔阻先知的狂妄。
17 Saa nnipa yi te sɛ asutire a awe anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi. ()
這些人是無水的井,是狂風催逼的霧氣,有墨黑的幽暗為他們存留。 ()
18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho.
他們說虛妄矜誇的大話,用肉身的情慾和邪淫的事引誘那些剛才脫離妄行的人。
19 Wɔhyɛ wɔn ahofadie ho bɔ wɔ ɛberɛ a wɔn ankasa wɔyɛ bɔne nkoa ɛfiri sɛ, onipa yɛ akoa ma biribiara a ɛdi no so.
他們應許人得以自由,自己卻作敗壞的奴僕,因為人被誰制伏就是誰的奴僕。
20 Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so dwane firi ewiase yi mu akwammɔne so, na akyire no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, ɛnneɛ ɛyɛ hu sene ne kane no.
倘若他們因認識主-救主耶穌基督,得以脫離世上的污穢,後來又在其中被纏住、制伏,他們末後的景況就比先前更不好了。
21 Sɛ wɔnnim Kristo koraa a, anka ɛyɛ ma wɔn sene sɛ wɔbɛsua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.
他們曉得義路,竟背棄了傳給他們的聖命,倒不如不曉得為妙。
22 Deɛ ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa ɛbɛ yi yɛ nokorɛ. “Ɔkraman sane kɔtafere ne fe ɛnna ɔprako a wɔadware no no nso kɔyantam wɔ atɛkyɛ mu.”
俗語說得真不錯: 狗所吐的,牠轉過來又吃; 豬洗淨了又回到泥裏去滾; 這話在他們身上正合式。