< 2 Ahemfo 9 >

1 Na odiyifoɔ Elisa afrɛ adiyifoɔ no mu baako afiri adiyifoɔ kuo no mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ.
Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ.
2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana no. Frɛ no firi ne nnamfo mu, na fa no kɔ piam,
Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no kɔ pia mu,
3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Meresra wo ngo, ama woabɛdi Israel so ɔhene.’ Afei, bue ɛpono no na dwane, gye wo kra nkwa!”
na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.’ Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!”
4 Enti, odiyifoɔ kumaa no yɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Ramot-Gilead.
Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead.
5 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu Yehu sɛ ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa sɛ, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisaa sɛ, “Yɛn mu hwan?” Ɔbuaa sɛ, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”
Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?” Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”
6 Enti, Yehu gyaa wɔn a aka no hɔ, kɔɔ efie. Na odiyifoɔ kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Mesra wo ngo sɛ, di Awurade nkurɔfoɔ Israelfoɔ so ɔhene.
Enti Yehu gyaw wɔn a aka no hɔ, kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo sɛ di Awurade nkurɔfo Israelfo so hene.
7 Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura, no fie. Saa ɛkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifoɔ a wɔkunkumm wɔn ne Awurade asomfoɔ no nyinaa a Isebel kunkumm wɔn no so ka.
Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne Awurade asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka.
8 Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel.
Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel.
9 Mɛsɛe Ahab fie, sɛdeɛ mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie no.
Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no.
10 Na nkraman bɛwe Isebel ɛnam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifoɔ kumaa no buee ɛpono no, tuu mmirika dwaneeɛ.
Na akraman bɛwe Isebel nam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee.
11 Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yɛ anaa?” Yehu buaa sɛ, “Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
12 Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Woboa. Ka nokorɛ.” Enti, Yehu kaa sɛ, odiyifoɔ no ayi akyerɛ no sɛ Awurade asra no ngo sɛ ɔmmɛdi Israel so ɔhene.
Wɔn nyinaa kae se, “Woboa. Ka nokware.” Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se Awurade asra no ngo sɛ ommedi Israel so hene.
13 Wɔde wɔn ntadeɛ sesɛɛ ntwedeɛ no so ntɛm ara, hyɛnee totorobɛnto, teateaam sɛ, “Yehu yɛ ɔhene.”
Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, “Yehu yɛ ɔhene.”
14 Enti, Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana pam ɔhene Yoram tiri so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ akodɔm wɔ Ramot-Gilead a na wɔgyina de tia Aramhene Hasael akodɔm.
Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo wɔ Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no.
15 Nanso, na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yadeɛ. Enti, Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Esiane sɛ mopɛ sɛ medi ɔhene no enti, mma obiara nnwane nkɔ Yesreel nkɔka deɛ yɛayɛ wɔ hɔ.”
Nanso na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Esiane sɛ mopɛ sɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ wɔ hɔ no.”
16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi.
Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi.
17 Ɔwɛmfoɔ a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no hunuu Yehu ne ne nkurɔfoɔ sɛ wɔreba enti, ɔteaam guu Yoram so sɛ, “Mehunu sɛ akodɔm reba. Soma ɔpɔnkɔkafoɔ bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoeɛ so anaa.” Ɔhene Yoram nso teaam.
Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo sɛ wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, “Mihu sɛ asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoe so ana.” Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu.
18 Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Yehu buaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Ma mensene!” Ɔwɛmfoɔ no frɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”
Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!” Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”
19 Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Bio, Yehu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!”
Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!”
20 Ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”
Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”
21 Ɔhene Yoram hyɛɛ sɛ, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so.
Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so.
22 Ɔhene Yoram bisaa sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa, Yehu?” Yehu buaa sɛ, “Mpɛn dodoɔ a wo maame Isebel abosom ne ne bayie atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoeɛ so?”
Ɔhene Yoram bisae se, “Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?” Yehu buae se, “Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?”
23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no ahoma, de danee ɔpɔnkɔ no ani, dwaneeɛ a ɔreteateam sɛ, “Ɔmammɔfoɔ Ahasia!”
Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, “Ɔmammɔfo Ahasia!”
24 Na Yehu twee nʼagyan to wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwiree nʼakoma mu, ma ɔbu hwee ne teaseɛnam no mu, wuiɛ.
Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee wɔ ne teaseɛnam no mu, wui.
25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ, “To no twene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae ɛberɛ a na yɛtete nteaseɛnam mu di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kaa sɛ,
Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, “Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kae se,
26 ‘Meka ntam di nse sɛ, mɛtua no so ka wɔ Nabot agyapadeɛ yi mu. Sɛ ɔkum Nabot ne ne mmammarima nnora a mehunuu no enti, mɛtua no ka. Enti, to no twene wɔ Nabot asase yi so.’”
‘Meka ntam, di nsew sɛ, metua no so ka wɔ Nabot agyapade mu ha, sɛnea Awurade se ni,’ sɛ okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea Awurade kae no.”
27 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia hunuu asɛm a asi no, ɔdwane kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teateaam sɛ, “Monkum ɔno nso bi.” Enti, wɔtoo Ahasia agyan wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur aforoeɛ a ɛbɛn Yibleam. Ɔtumi kɔeɛ ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ.
Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, “Munkum ɔno nso bi.” Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ.
28 Ne mpanimfoɔ de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem, kɔsiee no ne mpanimfoɔ ho wɔ Dawid kurom.
Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no wɔ ne mpanyimfo ho wɔ Dawid kurom.
29 Na Ahasia dii adeɛ wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi adeɛ mfeɛ dubaako.
Na Ahasia dii ade wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako.
30 Ɛberɛ a ɔhemmaa Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛɛ mpomma mu.
Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu.
31 Ɛberɛ a Yehu wuraa ahemfie ɛpono no mu no, ɔhemmaa no teaam guu ne so sɛ, “Owudifoɔ, wobaa no asomdwoeɛ so anaa? Wote sɛ Simri a ɔkumm ne wura no.”
Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, “Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote sɛ Simri a okum ne wura no.”
32 Yehu pagyaa nʼani hunuu no wɔ mpomma no mu teaam sɛ, “Hwan na ɔwɔ mʼafa!” Na apiafoɔ baanu anaa baasa hwɛɛ no.
Yehu pagyaw nʼani huu no wɔ mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, “Hena na ɔwɔ mʼafa!” Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no.
33 Yehu teaam sɛ, “Monto no ntwene fam.” Enti, wɔtoo no firii mpomma no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasuo no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.
Yehu teɛɛ mu se, “Montow no nkyene fam.” Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.
34 Na Yehu kɔɔ ahemfie hɔ kɔdidi, nomeeɛ. Akyire yi, ɔkaa sɛ, “Monkɔ nkɔsie ɔbaa a wɔadome no yi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔhene babaa.”
Na Yehu kɔɔ ahemfi hɔ kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, “Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.”
35 Nanso, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, ne tikwankoraa, ne nan ne ne nsa nko ara na wɔhunuiɛ.
Nanso wɔkɔɔ sɛ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui.
36 Ɛberɛ a wɔbɛbɔɔ Yehu amaneɛ no, ɔkaa sɛ, “Yei hyɛ asɛm a Awurade nam ne ɔsomfoɔ Tisbini Elia so kaeɛ no ma sɛ, ‘Asase tam bi a ɛda Yesreel no so na nkraman bɛwe Isebel ɛnam.
Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, ‘Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no.
37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel haban mu a ne saa enti, obiara ntumi nhunu no.’”
Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’”

< 2 Ahemfo 9 >