< 2 Ahemfo 7 >

1 Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu pɛ.”
Da sprach Elisa: Höret das Wort Jehovas! So spricht Jehova: Morgen um diese Zeit wird ein Maß Feinmehl einen Sekel gelten, und zwei Maß Gerste einen Sekel im Tore von Samaria.
2 Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.”
Da antwortete der Anführer, auf dessen Hand der König sich lehnte, dem Manne Gottes und sprach: Siehe, wenn Jehova Fenster am Himmel machte, würde wohl dieses geschehen? Und er sprach: Siehe, du wirst es mit deinen Augen sehen, aber du wirst nicht davon essen.
3 Afei, mmarima akwatafoɔ baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo?
Es waren aber vier aussätzige Männer am Eingang des Tores; und sie sprachen einer zum anderen: Was bleiben wir hier, bis wir sterben?
4 Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”
Wenn wir sprechen: Laßt uns in die Stadt gehen, so ist die Hungersnot in der Stadt, und wir werden daselbst sterben; und wenn wir hier bleiben, so werden wir auch sterben. Und nun kommt und laßt uns zu dem Lager der Syrer überlaufen; wenn sie uns am Leben lassen, so leben wir, und wenn sie uns töten, so sterben wir.
5 Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ.
Und so machten sie sich in der Dämmerung auf, um ins Lager der Syrer zu kommen; und sie kamen an das Ende des Lagers der Syrer, und siehe, kein Mensch war da.
6 Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.”
Denn der Herr hatte das Heerlager der Syrer ein Getöse von Wagen und ein Getöse von Rossen hören lassen, das Getöse einer großen Heeresmacht; und sie sprachen einer zum anderen: Siehe, der König von Israel hat die Könige der Hethiter und die Könige von Ägypten wider uns gedungen, daß sie über uns kommen sollen.
7 Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.
Und sie machten sich auf und flohen in der Dämmerung; sie ließen ihre Zelte und ihre Rosse und ihre Esel, das Lager, so wie es war, und flohen um ihr Leben.
8 Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.
Als nun jene Aussätzigen an das Ende des Lagers kamen, gingen sie in ein Zelt und aßen und tranken; und sie nahmen Silber daraus und Gold und Kleider und gingen hin und verbargen es. Und sie kamen wieder und gingen in ein anderes Zelt; und sie nahmen daraus und gingen hin und verbargen es.
9 Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.”
Da sprachen sie einer zum anderen: Wir tun nicht recht: Dieser Tag ist ein Tag guter Botschaft; schweigen wir aber und warten, bis der Morgen hell wird, so wird uns Schuld treffen. Und nun kommt und laßt uns hineingehen und es im Hause des Königs berichten.
10 Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ.
Und sie kamen und riefen die Torwache der Stadt, und berichteten ihnen und sprachen: Wir sind in das Lager der Syrer gekommen, und siehe, kein Mensch war da, und keine Menschenstimme; sondern nur die Rosse angebunden und die Esel angebunden, und die Zelte, so wie sie waren.
11 Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ.
Und sie riefen die Torwächter, und sie berichteten es drinnen im Hause des Königs.
12 Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.”
Da stand der König in der Nacht auf und sprach zu seinen Knechten: Ich will euch sagen, was die Syrer uns getan haben: sie wissen, daß wir Hunger leiden, und sie sind aus dem Lager gegangen, um sich auf dem Felde zu verbergen, indem sie sagen: Wenn sie aus der Stadt herausgehen, so wollen wir sie lebendig greifen und in die Stadt eindringen.
13 Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.”
Da antwortete einer von seinen Knechten und sprach: So nehme man doch fünf von den übrigen Rossen, die darin übriggeblieben sind (siehe, sie sind wie die ganze Menge Israels, die darin übriggeblieben, sie sind wie die ganze Menge Israels, die aufgerieben ist), und laßt uns hinsenden und sehen.
14 Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no.
Und sie nahmen zwei Wagen mit Rossen, und der König sandte sie hinter dem Heere der Syrer her und sprach:
15 Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ.
Gehet hin und sehet. Und sie zogen ihnen nach bis an den Jordan; und siehe, der ganze Weg war voll Kleider und Geräte, welche die Syrer auf ihrer eiligen Flucht weggeworfen hatten. Und die Boten kehrten zurück und berichteten es dem König.
16 Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.
Da ging das Volk hinaus und plünderte das Lager der Syrer; und es galt ein Maß Feinmehl einen Sekel, und zwei Maß Gerste einen Sekel nach dem Worte Jehovas.
17 Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no.
Der König hatte aber den Anführer, auf dessen Hand er sich lehnte, über das Tor bestellt; und das Volk zertrat ihn im Tore, und er starb, so wie der Mann Gottes geredet hatte, wie er geredet hatte, als der König zu ihm herabkam.
18 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu.”
Denn es geschah, als der Mann Gottes zu dem König redete und sprach: Zwei Maß Gerste werden morgen um diese Zeit einen Sekel gelten, und ein Maß Feinmehl einen Sekel im Tore von Samaria,
19 Ɔhene no panin no buaa sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.”
da antwortete der Anführer dem Manne Gottes und sprach: Siehe, wenn Jehova auch Fenster am Himmel machte, würde wohl so etwas geschehen? Und er sprach: Siehe, du wirst es mit deinen Augen sehen, aber du wirst nicht davon essen.
20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twi faa ne so, kumm no wɔ ɛpono no ano no.
Und es geschah ihm also: das Volk zertrat ihn im Tore, und er starb.

< 2 Ahemfo 7 >