< 2 Ahemfo 6 >

1 Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua.
Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua.
2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔyɛ.”
Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eye, monkɔyɛ.”
3 Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” Ɔkaa sɛ, “Mate yɛbɛkɔ.”
Obi kaa nʼadwene se, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” Ɔkae se, “Mate yɛbɛkɔ.”
4 Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua.
Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua.
5 Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!”
Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, “O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!”
6 Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani.
Onyankopɔn nipa no bisae se, “Ɛhefa na ɛtɔe?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani.
7 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.
Elisa ka kyerɛɛ no se, “Ma so yi.” Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii.
8 Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.”
Bere a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina, kae se, “Yɛbɛboaboa yɛn asraafo ano wɔ ha anaa ɛha.”
9 Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.”
Ntɛm pa ara, Onyankopɔn nipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ se, “Ntwiw mmɛn beae hɔ, efisɛ Aramfo no reyɛ nhyehyɛe, aboaboa wɔn asraafo ano wɔ hɔ.”
10 Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.
Enti Israelhene hwɛɛ beae a Onyame nipa no kyerɛe no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeae a ɛtete saa no ho.
11 Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”
Aramhene werɛ how wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanyimfo bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔyɛ ɔfatwafo no? Hena na ɔka me nhyehyɛe a mayɛ kyerɛ Israelhene?”
12 Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.”
Mpanyimfo no mu baako buae se, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifo wɔ Israel no na ɔka wo kokoamsɛm kyerɛ Israelhene.”
13 Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.”
Ɔhene no hyɛe se, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma asraafo ama wɔakɔkyere no.” Na nkra bae se, “Elisa wɔ Dotan.”
14 Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho.
Enti anadwo bi, Aramhene somaa asraafo bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kotwaa dantaban faa kuropɔn no ho.
15 Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
Bere a Onyankopɔn nipa no somfo sɔree ahemadakye, sii afikyiri no, na asraafo, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ Elisa se, “O, me wura! Dɛn na yɛnyɛ?”
16 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.”
Elisa ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn.”
17 Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, bue nʼani na ma onhu ade,” Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
18 Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.
Bere a Aramfo asraafo bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfurafura.” Na Awurade yɛɛ nea Elisa bisae no.
19 Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.
Na Elisa fii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moafa ɔkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kurow a morehwehwɛ no ni. Munni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na odii wɔn anim koduu Samaria.
20 Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria.
Na woduu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wonhu ade.” Na Awurade yɛe, na wohuu sɛ wɔwɔ Samaria.
21 Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?”
Bere a Israelhene huu wɔn no, ɔteɛɛ mu, bisaa Elisa se, “Mʼagya, minkunkum wɔn ana?”
22 Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.”
Elisa buaa no se, “Nkunkum wɔn. So wubekunkum wɔn a wode wʼankasa afoa ne agyan afa wɔn nnommum no ana? Ma wɔn aduan ne nsu, na wonnidi, nnom na ma wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.”
23 Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.
Enti ɔhene no too wɔn pon kɛse, na wodidi, nom wiee no ɔma wɔsan kɔɔ wɔn hene nkyɛn. Enti Aramfo afowfo no twee wɔn ho fii Israel asase ho koraa.
24 Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria.
Akyiri no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, de wɔn kotuaa Samaria ano.
25 Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe.
Ɛbaa saa no, ɔkɔm kɛse baa kurow no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afurum ti nsania ani dwetɛ kilogram baako, na aborɔnoma bin kuruwa ma, na ne bo yɛ nsania ani dwetɛ gram aduonum awotwe.
26 Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”
Da bi a Israelhene nam kurow no fasu ho no, ɔbea bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”
27 Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.”
Obuaa no se, “Sɛ Awurade ammoa wo a, dɛn na metumi ayɛ? Minni aduan anaa nsa a mede bɛma wo.”
28 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?” Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ.
Ɔhene no bisaa no se, “Dɛn asɛm?” Obuae se, “Saa ɔbea yi kae se, yɛnwe me babarima da bi, na ade kye a, yɛawe ɔno nso de.
29 Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.”
Enti yɛnoaa me babarima wee. Afei, ade kyee no, meka kyerɛɛ no se, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso na ɔde no akosie.”
30 Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase.
Na ɔhene no tee saa asɛm no, osunsuan ne ntade mu. Na ɔhene no nenam ɔfasu no ho no, nnipa no huu sɛ ɔhyɛ atweaatam wɔ nʼase.
31 Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.”
Ɔhene no kaa ntam se, “Sɛ nnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nkum me.”
32 Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.”
Elisa te ne fi a ɔne Israel mpanyimfo reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfo kɔfrɛɛ no. Nanso ansa na abɔfo no rebedu no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Owudifo asoma ɔbarima bi sɛ ommekum me. Sɛ odu ha a, to pon no mu, na ɔnka akyi. Na ɛrenkyɛ ne wura no bedi nʼakyi aba.”
33 Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”
Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfo no bae. Na ɔhene no kae se, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”

< 2 Ahemfo 6 >