< 2 Ahemfo 3 >

1 Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe wɔ Yuda no. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfeɛ dumienu.
Now Jehoram the son of Ahab began to reign over Israel in Samaria in the eighteenth year of Jehoshaphat king of Judah, and reigned twelve years.
2 Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no.
He did that which was evil in the LORD’s sight, but not like his father and like his mother, for he put away the pillar of Baal that his father had made.
3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no.
Nevertheless he held to the sins of Jeroboam the son of Nebat, with which he made Israel to sin. He didn’t depart from them.
4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara.
Now Mesha king of Moab was a sheep breeder; and he supplied the king of Israel with one hundred thousand lambs and the wool of one hundred thousand rams.
5 Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.
But when Ahab was dead, the king of Moab rebelled against the king of Israel.
6 Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano.
King Jehoram went out of Samaria at that time, and mustered all Israel.
7 Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.”
He went and sent to Jehoshaphat the king of Judah, saying, “The king of Moab has rebelled against me. Will you go with me against Moab to battle?” He said, “I will go up. I am as you are, my people as your people, my horses as your horses.”
8 Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom ɛserɛ so.”
Then he said, “Which way shall we go up?” Jehoram answered, “The way of the wilderness of Edom.”
9 Edomhene ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa.
So the king of Israel went with the king of Judah and the king of Edom, and they marched for seven days along a circuitous route. There was no water for the army or for the animals that followed them.
10 Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.”
The king of Israel said, “Alas! For the LORD has called these three kings together to deliver them into the hand of Moab.”
11 Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ.” Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ.”
But Jehoshaphat said, “Isn’t there a prophet of the LORD here, that we may enquire of the LORD by him?” One of the king of Israel’s servants answered, “Elisha the son of Shaphat, who poured water on the hands of Elijah, is here.”
12 Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.
Jehoshaphat said, “The LORD’s word is with him.” So the king of Israel and Jehoshaphat and the king of Edom went down to him.
13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!”
Elisha said to the king of Israel, “What have I to do with you? Go to the prophets of your father, and to the prophets of your mother.” The king of Israel said to him, “No, for the LORD has called these three kings together to deliver them into the hand of Moab.”
14 Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho.
Elisha said, “As the LORD of Hosts lives, before whom I stand, surely, were it not that I respect the presence of Jehoshaphat the king of Judah, I would not look towards you, nor see you.
15 Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.” Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so,
But now bring me a musician.” When the musician played, the LORD’s hand came on him.
16 ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma.
He said, “The LORD says, ‘Make this valley full of trenches.’
17 Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no.
For the LORD says, ‘You will not see wind, neither will you see rain, yet that valley will be filled with water, and you will drink, both you and your livestock and your other animals.
18 Na yei yɛ ade kumaa bi ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim.
This is an easy thing in the LORD’s sight. He will also deliver the Moabites into your hand.
19 Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa.”
You shall strike every fortified city and every choice city, and shall fell every good tree, and stop all springs of water, and mar every good piece of land with stones.’”
20 Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara.
In the morning, about the time of offering the sacrifice, behold, water came by the way of Edom, and the country was filled with water.
21 Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so.
Now when all the Moabites heard that the kings had come up to fight against them, they gathered themselves together, all who were able to put on armour, young and old, and stood on the border.
22 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya.
They rose up early in the morning, and the sun shone on the water, and the Moabites saw the water opposite them as red as blood.
23 Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!”
They said, “This is blood. The kings are surely destroyed, and they have struck each other. Now therefore, Moab, to the plunder!”
24 Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma.
When they came to the camp of Israel, the Israelites rose up and struck the Moabites, so that they fled before them; and they went forward into the land attacking the Moabites.
25 Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so.
They beat down the cities; and on every good piece of land each man cast his stone, and filled it. They also stopped all the springs of water and cut down all the good trees, until in Kir Hareseth all they left was its stones; however the men armed with slings went around it and attacked it.
26 Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi.
When the king of Moab saw that the battle was too severe for him, he took with him seven hundred men who drew a sword, to break through to the king of Edom; but they could not.
27 Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Then he took his oldest son who would have reigned in his place, and offered him for a burnt offering on the wall. There was great wrath against Israel; and they departed from him, and returned to their own land.

< 2 Ahemfo 3 >