< 2 Ahemfo 25 >
1 Ɔbosome Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛtɔ so dunum wɔ Sedekia ahennie mfeɛ nkron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakodɔm nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wɔtwaa kuropɔn no ho hyiaeɛ. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasuo ho.
It happened that in the ninth year of the reign of King Zedekiah, in the tenth month, and on the tenth day of the month, Nebuchadnezzar king of Babylon came with all his army against Jerusalem. He camped opposite it, and they built a siege wall around it.
2 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
So the city was besieged until the eleventh year of King Zedekiah's reign.
3 Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa.
On the ninth day of the fourth month of that year, the famine was so severe in the city that there was no food for the people of the land.
4 Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
Then the city was broken into, and all the fighting men fled at night by the way of the gate between the two walls, by the king's garden, although the Chaldeans were all around the city. The king went in the direction of the Arabah.
5 Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no.
But the army of Chaldeans pursued King Zedekiah and overtook him in the plains of the Jordan River valley near Jericho. All his army was scattered away from him.
6 Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn.
They captured the king and brought him up to the king of Babylon at Riblah, where they passed sentence on him.
7 Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
As for Zedekiah's sons, they slaughtered them before his eyes. Then he put out his eyes, bound him in bronze chains, and brought him to Babylon.
8 Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.
Now in the fifth month, on the seventh day of the month, which was the nineteenth year of the reign of Nebuchadnezzar king of Babylon, Nebuzaradan, a servant of the king of Babylon and commander of his bodyguards, came to Jerusalem.
9 Ɔhyee Awurade Asɔredan ne ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa. Adan pa a ɛwɔ kuropɔn no mu no, ɔsɛee ne nyinaa.
He burned the house of Yahweh, the king's palace, and all the houses of Jerusalem; also every important building in the city he burned.
10 Awɛmfoɔ so panin no hwɛ maa Babilonia akodɔm no bubuu Yerusalem afasuo no.
As for all the walls around Jerusalem, all the army of the Babylonians who were under the commander of the bodyguard destroyed them.
11 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo.
As for the rest of the people who were left in the city, those who had deserted to the king of Babylon, and the remainder of the population—Nebuzaradan, the commander of the bodyguard, took them away into exile.
12 Na awɛmfoɔ so panin no maa mmɔborɔfoɔ no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ a ɛka ho no so.
But the commander of the bodyguard did leave some of the poorest of the land to work the vineyards and fields.
13 Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia.
As for the bronze pillars that were in the house of Yahweh, and the stands and the bronze sea that were in the house of Yahweh, the Chaldeans broke them into pieces and carried the bronze back to Babylon.
14 Wɔtasee nkukuo, sofi, nkanea akapɛ, nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa.
The pots, shovels, lamp trimmers, spoons, and all the utensils of bronze with which the priests had served in the temple—the Chaldeans took them all away.
15 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
The pots for removing ashes and the bowls that were made of gold, and those made of silver—the captain of the king's guard took them away as well.
16 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.
The two pillars, the sea, and the stands that Solomon had made for the house of Yahweh contained more bronze than could be weighed.
17 Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no.
The height of the first pillar was eighteen cubits, and a capital of bronze was on top of it. The capital was three cubits high, with latticework and pomegranates all around on the capital, all made of bronze. The other pillar and its latticework were the same as the first.
18 Awɛmfoɔ so panin no kyekyeree ɔsɔfopanin Seraia, nʼabadiakyire Sefania ne apono ano sohwɛfoɔ mpanimfoɔ baasa sɛ nneduafoɔ.
The commander of the bodyguard took Seraiah the chief priest, together with Zephaniah, the second priest, and the three gatekeepers.
19 Nnipa a na wɔakɔtetɛ no mu nso, ɔkyeree Yuda asraadɔm no mu panin baako, ɔhene no ankasa afotufoɔ baanum, asraadɔm sahene no twerɛfoɔ panin a na ɔfa nnipa wɔ adwuma mu ne ɔmanfoɔ aduosia.
From the city he took prisoner an officer who was in charge of soldiers, and five men of those who advised the king, who were still in the city. He also took prisoner the king's army officer responsible for drafting men into the army, along with sixty important men from the land who were in the city.
20 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla.
Then Nebuzaradan, the commander of the bodyguard, took them and brought them to the king of Babylon at Riblah.
21 Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.
The king of Babylon put them to death at Riblah in the land of Hamath. In this way, Judah went out of its land into exile.
22 Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nana no sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa Yuda no so.
As for the people who remained in the land of Judah, those whom Nebuchadnezzar king of Babylon had left, he put Gedaliah son of Ahikam, son of Shaphan, in charge of them.
23 Ɛberɛ a asraadɔm asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ɔfiri Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa.
Now when all the commanders of the soldiers, they and their men, heard that the king of Babylon had made Gedaliah governor, they went to Gedaliah at Mizpah. These men were Ishmael son of Nethaniah, Johanan son of Kareah, Seraiah son of Tanhumeth the Netophathite, and Jaazaniah son of the Maakathite—they and their men.
24 Gedalia dii nse, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanimfoɔ no amma hɔ ɔhaw so. Ɔtuu wɔn fo sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie.”
Gedaliah made an oath to them and to their men, and said to them, “Do not be afraid of the Chaldean officials. Live in the land and serve the king of Babylon, and it will go well with you.”
25 Tisri bosome (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nana a na ɔfiri adehyeɛ abusua mu no de mmarima edu kɔɔ Mispa, kɔkumm Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafoɔ ne Babiloniafoɔ no nyinaa.
But it happened that in the seventh month Ishmael son of Nethaniah son of Elishama, from the royal family, came with ten men and attacked Gedaliah. Gedaliah died, along with the men of Judah and the Babylonians who were with him at Mizpah.
26 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi.
Then all the people, from the least to the greatest, and the commanders of the soldiers, arose and went to Egypt, because they were afraid of the Babylonians.
27 Ɔhene Yehoiakyin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
It happened later in the thirty-seventh year of the exile of Jehoiachin king of Judah, in the twelfth month, on the twenty-seventh day of the month, that Awel-Marduk king of Babylon released Jehoiachin king of Judah from prison. This happened in the year that Awel-Marduk began to reign.
28 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.
He spoke kindly to him and gave him a seat more honorable than that of the other kings who were with him in Babylon.
29 Enti Yehoiakyin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara, kɔsii ne wu da.
Awel-Marduk removed Jehoiachin's prison clothes, and Jehoiachin ate regularly at the king's table for the rest of his life.
30 Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da.
A regular food allowance was given to him every day for the rest of his life.