< 2 Ahemfo 24 >
1 Yehoiakim ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛto hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na ɔtuaa toɔ maa no mfeɛ mmiɛnsa, nanso ɔtee Nebukadnessar so atua.
De son temps, Nébucadnetsar, roi de Babylone, monta, et Jéhojakim lui fut assujetti trois ans; mais il se révolta de nouveau contre lui.
2 Na Awurade somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ Awurade nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no.
Et l'Éternel envoya contre lui des troupes de Caldéens, des troupes de Syriens, des troupes de Moabites et des troupes d'Ammonites; il les envoya contre Juda pour le détruire, selon la parole que l'Éternel avait prononcée par les prophètes, ses serviteurs.
3 Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no afiri nʼanim, ɛsiane bɔne dodoɔ a Manase yɛeɛ no enti.
Ce fut sur l'ordre seul de l'Éternel qu'il en fut ainsi de Juda, pour le rejeter de devant sa face, à cause des péchés de Manassé, et de tout ce qu'il avait fait,
4 Manase kaa mogya a ɛdi bem guiɛ de hyɛɛ Yerusalem ma, ɛno enti, Awurade amfa yei ankyɛ.
Et aussi du sang innocent qu'il avait répandu; car il avait rempli Jérusalem de sang innocent. Et l'Éternel ne voulut point pardonner.
5 Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Le reste des actions de Jéhojakim, et tout ce qu'il fit, n'est-il pas écrit au livre des Chroniques des rois de Juda?
6 Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Et Jéhojakim s'endormit avec ses pères, et Jéhojakin, son fils, devint roi à sa place.
7 Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.
Or le roi d'Égypte ne sortit plus de son pays, parce que le roi de Babylone avait pris tout ce qui était au roi d'Égypte depuis le torrent d'Égypte jusqu'au fleuve d'Euphrate.
8 Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta.
Jéhojakin était âgé de dix-huit ans quand il devint roi, et il régna trois mois à Jérusalem. Sa mère, fille d'Elnathan, de Jérusalem, s'appelait Néhushta.
9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no ara pɛ.
Il fit ce qui est mauvais aux yeux de l'Éternel, tout comme avait fait son père.
10 Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem.
En ce temps-là, les serviteurs de Nébucadnetsar, roi de Babylone, montèrent à Jérusalem, et la ville fut assiégée.
11 Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu.
Et Nébucadnetsar, roi de Babylone, vint contre la ville, lorsque ses serviteurs l'assiégeaient.
12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase.
Alors Jéhojakin, roi de Juda, sortit vers le roi de Babylone, lui, sa mère, ses serviteurs, ses officiers et ses eunuques; et le roi de Babylone le prit, la huitième année de son règne.
13 Sɛdeɛ Awurade aka dada no, Nebukadnessar tasee agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfie hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ akoradeɛ a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa.
Et il tira de là tous les trésors de la maison de l'Éternel et les trésors de la maison royale; et il mit en pièces tous les ustensiles d'or que Salomon, roi d'Israël, avait faits pour le temple de l'Éternel, comme l'Éternel en avait parlé.
14 Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so.
Et il déporta tout Jérusalem, tous les chefs et tous les vaillants hommes de guerre, au nombre de dix mille captifs, avec les charpentiers et les serruriers. Il ne demeura personne de reste, que le pauvre peuple du pays.
15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho.
Ainsi il transporta Jéhojakin à Babylone, et la mère du roi, et les femmes du roi, et ses eunuques; et il emmena en captivité, de Jérusalem à Babylone, tous les puissants du pays,
16 Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie.
Tous les hommes vaillants, au nombre de sept mille, et les charpentiers et les serruriers au nombre de mille, tous hommes vaillants et propres à la guerre; le roi de Babylone les emmena captifs à Babylone.
17 Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
Et le roi de Babylone établit pour roi, à la place de Jéhojakin, Matthania, son oncle, et il changea son nom en celui de Sédécias.
18 Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa.
Sédécias était âgé de vingt et un ans quand il commença à régner, et il régna onze ans à Jérusalem. Sa mère s'appelait Hamutal, fille de Jérémie, de Libna.
19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no.
Il fit ce qui est mauvais aux yeux de l'Éternel, tout comme avait fait Jéhojakim.
20 Ɛno enti, Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire yi, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
Car, à cause de la colère de l'Éternel, il en arriva ainsi à Jérusalem et à Juda, jusqu'à ce qu'il les rejetât de devant sa face. Or Sédécias se révolta contre le roi de Babylone.