< 2 Ahemfo 21 >
1 Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba.
Manasseh was twelve when he became king, and he reigned in Jerusalem for fifty-five years. His mother's name was Hephzibah.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no.
He did what was evil in the Lord's sight by following the disgusting pagan practices of the nations that the Lord had driven out before the Israelites.
3 Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara pɛ. Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ.
He rebuilt the high places his father Hezekiah had destroyed, and he erected altars for Baal. He made an Asherah idol pole, just as Ahab, king of Israel, had done, and he worshiped and served the sun, moon, and stars.
4 Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din animuonyam no.
He set up pagan altars in the Lord's Temple, right where the Lord had said, “I will place my name in Jerusalem forever.”
5 Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ.
He set up altars to worship the sun, moon, and stars in the two courtyards of the Lord's Temple.
6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ hɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo.
He even he sacrificed his own son as a burnt offering, and used fortune-telling and witchcraft, and he dealt with mediums and with spiritists. He did a great deal of evil in the Lord's sight, making the Lord angry.
7 Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu.
He took the Asherah idol pole he had made and placed in the Temple. This was the place referred to by the Lord when he told David and Solomon, his son, “In this Temple and in Jerusalem, which I have chosen from all the tribes of Israel, I will place my name forever.
8 Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”
I will never again make the Israelites wander from the land I gave their forefathers if they are careful to follow everything I have ordered them to do—the whole law that my servant Moses gave them.”
9 Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo.
The people refused to listen and Manasseh led them to sin so that the evil they did was even worse than the nations the Lord had destroyed before the Israelites.
10 Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ,
The Lord said through his servants the prophets:
11 “Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu.
“Since Manasseh, king of Judah, has committed all these disgusting sins, doing even more evil things than the Amorites who lived before him, and by his encouragement of idol worship has made Judah sin,
12 Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn.
this is what the Lord, the God of Israel, says: Watch out! I am going to bring down upon Jerusalem and Judah such a disaster that it will cause ringing in the ears of everyone who hears it.
13 Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no.
I will extend over Jerusalem the measuring line used against Samaria and the plumb line used against the house of Ahab, and I will wipe away Jerusalem as people wipe clean a bowl, wiping it and turning it upside down.
14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ sɛ asadeɛ.
I will give up on the remnant of my special people and hand them over to their enemies. They will be plunder and loot to all their enemies,
15 Ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne kɛseɛ wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no.”
because they have done what is evil in my sight, and have made me angry from the day their fathers left Egypt until today.”
16 Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.
On top of that, Manasseh murdered so many innocent people that Jerusalem was filled from one side to the other with their blood. This was in addition to the sin that he had made Judah commit, doing evil in the Lord's sight.
17 Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Manasseh's reign, all he did, as well as the sins he committed, are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Judah.
18 Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Manasseh died, and was buried in his palace garden, the garden of Uzza. His son Amon succeeded him as king.
19 Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa.
Amon was twenty-two when he became king, and he reigned in Jerusalem for two years. His mother's name was Meshullemeth, daughter of Haruz. She came from Jotbah.
20 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ.
He did what was evil in the Lord's sight, just as his father Manasseh had done.
21 Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no.
He followed all the ways of his father, and he served the idols his father had served, bowing down in worship to them.
22 Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.
He rejected the Lord, the God of his forefathers, and did not follow the way of the Lord.
23 Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie.
Amon's officials plotted against him and murdered him in his royal palace.
24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.
But then the people of the land killed everyone who had plotted against King Amon, and they chose his son Josiah king to succeed him.
25 Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Amon's reign, and all he did, are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Judah.
26 Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.
He was buried in his tomb in the garden of Uzza, and his son Josiah succeeded him as king.