< 2 Ahemfo 2 >

1 Ɛberɛ a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so.
耶和华要用旋风接以利亚升天的时候,以利亚与以利沙从吉甲前往。
2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El.
以利亚对以利沙说:“耶和华差我往伯特利去,你可以在这里等候。”以利沙说:“我指着永生的耶和华,又敢在你面前起誓,我必不离开你。”于是二人下到伯特利。
3 Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?” Elisa buaa sɛ, “Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.”
住伯特利的先知门徒出来见以利沙,对他说:“耶和华今日要接你的师傅离开你,你知道不知道?”他说:“我知道,你们不要作声。”
4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko.
以利亚对以利沙说:“耶和华差遣我往耶利哥去,你可以在这里等候。”以利沙说:“我指着永生的耶和华,又敢在你面前起誓,我必不离开你。”于是二人到了耶利哥。
5 Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?” Ɔbuaa bio sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.”
住耶利哥的先知门徒就近以利沙,对他说:“耶和华今日要接你的师傅离开你,你知道不知道?”他说:“我知道,你们不要作声。”
6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ.
以利亚对以利沙说:“耶和华差遣我往约旦河去,你可以在这里等候。”以利沙说:“我指着永生的耶和华,又敢在你面前起誓,我必不离开你。”于是二人一同前往。
7 Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ sɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho hɔ.
有先知门徒去了五十人,远远地站在他们对面;二人在约旦河边站住。
8 Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ.
以利亚将自己的外衣卷起来,用以打水,水就左右分开,二人走干地而过。
9 Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buaa sɛ, “Mesrɛ wo, ma mennya wo honhom tumi no mmɔho.”
过去之后,以利亚对以利沙说:“我未曾被接去离开你,你要我为你做什么,只管求我。”以利沙说:“愿感动你的灵加倍地感动我。”
10 Elia kaa sɛ, “Woabisa adeɛ a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wohunu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisadeɛ no. Na sɛ amma saa deɛ a, wo nsa renka.”
以利亚说:“你所求的难得。虽然如此,我被接去离开你的时候,你若看见我,就必得着;不然,必得不着了。”
11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.
他们正走着说话,忽有火车火马将二人隔开,以利亚就乘旋风升天去了。
12 Elisa hunuiɛ, teaam sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu.
以利沙看见,就呼叫说:“我父啊!我父啊!以色列的战车马兵啊!”以后不再见他了。于是以利沙把自己的衣服撕为两片。
13 Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so.
他拾起以利亚身上掉下来的外衣,回去站在约旦河边。
14 Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam sɛ, “Awurade, Elia Onyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu.
他用以利亚身上掉下来的外衣打水,说:“耶和华—以利亚的 神在哪里呢?”打水之后,水也左右分开,以利沙就过来了。
15 Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no.
住耶利哥的先知门徒从对面看见他,就说:“感动以利亚的灵感动以利沙了。”他们就来迎接他,在他面前俯伏于地,
16 Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.” Elisa kaa sɛ, “Dabi, monnsoma wɔn.”
对他说:“仆人们这里有五十个壮士,求你容他们去寻找你师傅,或者耶和华的灵将他提起来,投在某山某谷。”以利沙说:“你们不必打发人去。”
17 Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia.
他们再三催促他,他难以推辞,就说:“你们打发人去吧!”他们便打发五十人去,寻找了三天,也没有找着。
18 Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”
以利沙仍然在耶利哥等候他们回到他那里;他对他们说:“我岂没有告诉你们不必去吗?”
19 Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.”
耶利哥城的人对以利沙说:“这城的地势美好,我主看见了;只是水恶劣,土产不熟而落。”
20 Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ.
以利沙说:“你们拿一个新瓶来,装盐给我”;他们就拿来给他。
21 Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.”
他出到水源,将盐倒在水中,说:“耶和华如此说:‘我治好了这水,从此必不再使人死,也不再使地土不生产。’”
22 Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.
于是那水治好了,直到今日,正如以利沙所说的。
23 Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho fɛ, seree no sɛ, “Tipa, foro kɔ ɛ! Tipa, foro kɔ ɛ!”
以利沙从那里上伯特利去,正上去的时候,有些童子从城里出来,戏笑他说:“秃头的上去吧!秃头的上去吧!”
24 Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu.
他回头看见,就奉耶和华的名咒诅他们。于是有两只母熊从林中出来,撕裂他们中间四十二个童子。
25 Elisa firii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔ Karmel so, na ɔfirii hɔ kɔɔ Samaria.
以利沙从伯特利上迦密山,又从迦密山回到撒马利亚。

< 2 Ahemfo 2 >