< 2 Ahemfo 17 >

1 Ela babarima Hosea hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi ɔhene wɔ Yuda mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ nkron.
In the twelfth year of Ahaz king of Judah, Hoshea the son of Elah began to reign in Samaria over Israel for nine years.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wɔdii adeɛ ansa na ɔrebɛdi adeɛ no.
He did that which was evil in Yahweh’s sight, yet not as the kings of Israel who were before him.
3 Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kɔdii ne so nkonim enti, ɔhyɛɛ Israel ma wɔtuaa apeatoɔ a emu yɛ duru maa Asiria.
Shalmaneser king of Assyria came up against him; and Hoshea became his servant, and brought him tribute.
4 Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa firii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn, sɛ ɔmmoa no na ɔntete ne ho mfiri Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔ tiaa Asiriahene. Ɛberɛ a Asiriahene hunuu ɛpɔ bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuateɛ ho.
The king of Assyria discovered a conspiracy in Hoshea; for he had sent messengers to So king of Egypt, and offered no tribute to the king of Assyria, as he had done year by year. Therefore the king of Assyria seized him, and bound him in prison.
5 Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na ɔtuaa Samaria mfeɛ mmiɛnsa.
Then the king of Assyria came up throughout all the land, went up to Samaria, and besieged it three years.
6 Akyire yi, ɔhene Hosea ahennie mfeɛ nkron mu no, Samaria hwee ase, ma wɔtwaa Israelfoɔ asuo kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenaseɛ wɔ Halah nkuro wɔ asuo Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so.
In the ninth year of Hoshea the king of Assyria took Samaria and carried Israel away to Assyria, and placed them in Halah, and on the Habor, the river of Gozan, and in the cities of the Medes.
7 Saa amanehunu yi baa Israelman so, ɛfiri sɛ, nnipa no somm anyame foforɔ, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim.
It was so because the children of Israel had sinned against Yahweh their God, who brought them up out of the land of Egypt from under the hand of Pharaoh king of Egypt, and had feared other gods,
8 Wɔsuasuaa abosonsom aman nneyɛɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no.
and walked in the statutes of the nations whom Yahweh cast out from before the children of Israel, and of the kings of Israel, which they made.
9 Na Israelfoɔ no nso nam esum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Onyankopɔn ani. Wɔsisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ɛfiri wɔn nkuro akɛseɛ a wɔatwa afasuo afa ho, kɔsi nkuraaseɛ.
The children of Israel secretly did things that were not right against Yahweh their God; and they built high places for themselves in all their cities, from the tower of the watchmen to the fortified city;
10 Wɔsisii afadum kronkron ne Asera afɔrebukyia wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmm ase.
and they set up for themselves pillars and Asherah poles on every high hill and under every green tree;
11 Wɔhyee nnuhwam wɔ asɔreeɛ hɔ, te sɛ deɛ aman a Awurade apamo wɔn afiri asase a ɛda wɔn anim no so no yɛeɛ pɛ. Enti, Israelfoɔ yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuo.
and there they burned incense in all the high places, as the nations whom Yahweh carried away before them did; and they did wicked things to provoke Yahweh to anger;
12 Aane, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi, wɔsomm ahoni.
and they served idols, of which Yahweh had said to them, “You shall not do this thing.”
13 Awurade somaa nʼadiyifoɔ ne ademuhunufoɔ ntoatoasoɔ ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ, “Monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ ɔsetie mma mʼahyɛdeɛ ne me mmara, deɛ mehyɛɛ mo agyanom sɛ wɔnni so no nyinaa, deɛ menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ no so de maa mo no.”
Yet Yahweh testified to Israel and to Judah, by every prophet and every seer, saying, “Turn from your evil ways, and keep my commandments and my statutes, according to all the law which I commanded your fathers, and which I sent to you by my servants the prophets.”
14 Nanso, Israelfoɔ no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Onyankopɔn, anni.
Notwithstanding, they would not listen, but hardened their neck like the neck of their fathers who didn’t believe in Yahweh their God.
15 Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsomm abosomhuhuo, ma wɔdanee nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛsoɔ so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade nhyɛ a ɔhyɛɛ sɛ wɔnnsuasua wɔn no.
They rejected his statutes and his covenant that he made with their fathers, and his testimonies which he testified to them; and they followed vanity, and became vain, and followed the nations that were around them, concerning whom Yahweh had commanded them that they should not do like them.
16 Wɔantie Awurade wɔn Onyankopɔn nhyɛ no nyinaa, na wɔyɛɛ nantwie mma mmienu ahoni a wɔaguo. Wɔsii Asera afɔrebukyia, somm Baal ne ewiem atumfoɔ nyinaa.
They abandoned all the commandments of Yahweh their God, and made molten images for themselves, even two calves, and made an Asherah, and worshiped all the army of the sky, and served Baal.
17 Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuo.
They caused their sons and their daughters to pass through the fire, used divination and enchantments, and sold themselves to do that which was evil in Yahweh’s sight, to provoke him to anger.
18 Na ɛsiane sɛ Awurade bo fuiɛ enti, ɔpepaa wɔn firii nʼanim. Yuda abusuakuo nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so.
Therefore Yahweh was very angry with Israel, and removed them out of his sight. There was none left but the tribe of Judah only.
19 Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Onyankopɔn, ahyɛdeɛ so. Wɔfaa ɛkwan bɔne a Israel faa so no so.
Also Judah didn’t keep the commandments of Yahweh their God, but walked in the statutes of Israel which they made.
20 Ɛno enti, Awurade poo Israel asefoɔ nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfoɔ, nam so twee wɔn aso, kɔsii sɛ wɔsɛee wɔn.
Yahweh rejected all the offspring of Israel, afflicted them, and delivered them into the hands of raiders, until he had cast them out of his sight.
21 Na ɛberɛ a Awurade tee Israel firii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so ɔhene. Na Yeroboam maa Israelfoɔ gyaee Awurade akyidie, ma wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ.
For he tore Israel from David’s house; and they made Jeroboam the son of Nebat king; and Jeroboam drove Israel from following Yahweh, and made them sin a great sin.
22 Na Israelfoɔ no kɔɔ so nantee Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no,
The children of Israel walked in all the sins of Jeroboam which he did; they didn’t depart from them
23 kɔsii sɛ, ne korakora, Awurade pepaa wɔn firii hɔ, sɛdeɛ nʼadiyifoɔ hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti, wɔtwaa Israel asuo kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte bɛsi ɛnnɛ yi.
until Yahweh removed Israel out of his sight, as he said by all his servants the prophets. So Israel was carried away out of their own land to Assyria to this day.
24 Na Asiriahene twee nnipa akuakuo firii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn bɛduaa Samaria nkuro so, ma wɔsii Israelfoɔ ananmu. Enti Asiriafoɔ no faa Samaria ne Israel nkuro a ɛkeka ho no.
The king of Assyria brought people from Babylon, from Cuthah, from Avva, and from Hamath and Sepharvaim, and placed them in the cities of Samaria instead of the children of Israel; and they possessed Samaria and lived in its cities.
25 Nanso, ɛsiane sɛ saa ahɔhoɔ atutenafoɔ yi ansom Awurade ɛberɛ a wɔduruu hɔ ara pɛ no enti, Awurade maa agyata kɔɔ wɔn mu, kɔkunkumm wɔn mu bi.
So it was, at the beginning of their dwelling there, that they didn’t fear Yahweh. Therefore Yahweh sent lions among them, which killed some of them.
26 Enti, wɔde nkra kɔmaa Asiriahene sɛ, “Nnipa a woabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Israel nkuro so no nnim sɛdeɛ wɔsom asase no so Onyankopɔn. Wasoma agyata akɔ wɔn mu, akɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔansom no anisɔ mu.”
Therefore they spoke to the king of Assyria, saying, “The nations which you have carried away and placed in the cities of Samaria don’t know the law of the god of the land. Therefore he has sent lions among them; and behold, they kill them, because they don’t know the law of the god of the land.”
27 Ɛnna Asiriahene nso hyɛɛ sɛ, “Soma asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo no mu baako firi Samaria, na ɔnsane nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔhoɔ no ɛkwan a wɔfa so som asase no so Onyankopɔn.”
Then the king of Assyria commanded, saying, “Carry there one of the priests whom you brought from there; and let him go and dwell there, and let him teach them the law of the god of the land.”
28 Enti, asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo afiri Samaria no mu baako sane kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔhoɔ no kwan a wɔfa so som Awurade.
So one of the priests whom they had carried away from Samaria came and lived in Bethel, and taught them how they should fear Yahweh.
29 Nanso, saa ahɔhoɔ akuakuo ahodoɔ yi kɔɔ so somm wɔn ankasa anyame. Kuro biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kɔsisii abosonnan a Israelfoɔ no asisi no mu.
However every nation made gods of their own, and put them in the houses of the high places which the Samaritans had made, every nation in their cities in which they lived.
30 Wɔn a wɔfiri Babilonia no somm wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wɔfiri Kut somm wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wɔfiri Hamat somm Asima.
The men of Babylon made Succoth Benoth, and the men of Cuth made Nergal, and the men of Hamath made Ashima,
31 Awifoɔ somm wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a ɛfiri Sefarwain hyee wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔdeɛ, de maa Adramelek ne Anamelek.
and the Avvites made Nibhaz and Tartak; and the Sepharvites burned their children in the fire to Adrammelech and Anammelech, the gods of Sepharvaim.
32 Saa ahɔhoɔ yi somm Awurade deɛ, nanso wɔyii asɔfoɔ bi firii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ abosonnan mu.
So they feared Yahweh, and also made from among themselves priests of the high places for themselves, who sacrificed for them in the houses of the high places.
33 Na wɔsom Awurade deɛ, nanso wɔkɔɔ so faa amanneɛ kwan a wɔn aman a wɔfiri so fa so som no so.
They feared Yahweh, and also served their own gods, after the ways of the nations from among whom they had been carried away.
34 Na yei da so kɔ so wɔ wɔn mu de bɛsi ɛnnɛ. Na wɔda so yɛ kane nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefoɔ no so.
To this day they do what they did before. They don’t fear Yahweh, and they do not follow the statutes, or the ordinances, or the law, or the commandment which Yahweh commanded the children of Jacob, whom he named Israel;
35 Nanso, na Awurade ne Yakob asefoɔ ayɛ apam, ahyɛ wɔn sɛ, “Monnsom anyame foforɔ, monnkoto wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔdeɛ mmma wɔn.
with whom Yahweh had made a covenant and commanded them, saying, “You shall not fear other gods, nor bow yourselves to them, nor serve them, nor sacrifice to them;
36 Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne tumi so yii mo firii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokoto no, na mobɔ afɔdeɛ ma no.
but you shall fear Yahweh, who brought you up out of the land of Egypt with great power and with an outstretched arm, and you shall bow yourselves to him, and you shall sacrifice to him.
37 Monhwɛ yie, na monni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔtwerɛ maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforɔ biara.
The statutes and the ordinances, and the law and the commandment which he wrote for you, you shall observe to do forever more. You shall not fear other gods.
38 Mommma mo werɛ mfiri apam a me ne mo yɛeɛ no, na monnsom anyame foforɔ biara.
You shall not forget the covenant that I have made with you. You shall not fear other gods.
39 Monsom Awurade, mo Onyankopɔn nko ara. Ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.”
But you shall fear Yahweh your God, and he will deliver you out of the hand of all your enemies.”
40 Nanso, nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dada no so.
However they didn’t listen, but they did what they did before.
41 Enti, ɛberɛ a ahɔhoɔ yi resom Awurade no, berɛ korɔ no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔn asefoɔ yɛ ade korɔ no ara.
So these nations feared Yahweh, and also served their engraved images. Their children did likewise, and so did their children’s children. They do as their fathers did to this day.

< 2 Ahemfo 17 >