< 2 Ahemfo 16 >

1 Ɛberɛ a ɔhene Peka adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bɛdii adeɛ wɔ Yuda.
In the seventeenth year of Pekah son of Remaliah, Ahaz son of Jotham became king of Judah.
2 Ahas dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu. Na ɔdii Yerusalem nso so ɔhene mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani, sɛdeɛ ne panin Dawid yɛeɛ no.
Ahaz was twenty years old when he became king, and he reigned in Jerusalem sixteen years. And unlike David his father, he did not do what was right in the eyes of the LORD his God.
3 Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛsoɔ so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuasuaa abosonsom aman no nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade a ɛno enti ɔpamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no.
Instead, he walked in the ways of the kings of Israel and even sacrificed his son in the fire, according to the abominations of the nations that the LORD had driven out before the Israelites.
4 Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
And he sacrificed and burned incense on the high places, on the hills, and under every green tree.
5 Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtuaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim.
Then Rezin king of Aram and Pekah son of Remaliah king of Israel came up to wage war against Jerusalem. They besieged Ahaz but could not overcome him.
6 Saa ɛberɛ no, Edomhene gyee Elat kuro maa Edom. Ɔpamoo Yudafoɔ, na ɔmaa Edomfoɔ no kɔtenaa hɔ, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
At that time Rezin king of Aram recovered Elath for Aram, drove out the men of Judah, and sent the Edomites into Elath, where they live to this day.
7 Ɔhene Ahas somaa abɔfoɔ kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ ne wo ba. Bra na bɛgye me firi Aram ne Israel akodɔm a wɔaka me ahyɛ no nsam.”
So Ahaz sent messengers to Tiglath-pileser king of Assyria, saying, “I am your servant and your son. Come up and save me from the hands of the kings of Aram and Israel, who are rising up against me.”
8 Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfie hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no.
Ahaz also took the silver and gold found in the house of the LORD and in the treasuries of the king’s palace, and he sent it as a gift to the king of Assyria.
9 Enti, Asiriafoɔ no kɔtuaa Aramfoɔ no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfoɔ no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wɔkumm ɔhene Resin.
So the king of Assyria responded to him, marched up to Damascus, and captured it. He took its people to Kir as captives and put Rezin to death.
10 Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔhunuu afɔrebukyia sononko bi. Enti, ɔde saa afɔrebukyia no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfoɔ Uria.
Then King Ahaz went to Damascus to meet Tiglath-pileser king of Assyria. On seeing the altar in Damascus, King Ahaz sent Uriah the priest a model of the altar and complete plans for its construction.
11 Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔrebukyia no bi pɛpɛɛpɛ, na ɛberɛ a ɔfiri Damasko baeɛ no, na wɔayɛ awie.
And Uriah the priest built the altar according to all the instructions King Ahaz had sent from Damascus, and he completed it by the time King Ahaz had returned.
12 Ɔhene no firi Damasko baeɛ no, ɔhwɛɛ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, bɔɔ so afɔdeɛ.
When the king came back from Damascus and saw the altar, he approached it and presented offerings on it.
13 Ɔhene no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ, hwiee nsã afɔdeɛ guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho mogya guu so.
He offered his burnt offering and his grain offering, poured out his drink offering, and sprinkled the blood of his peace offerings on the altar.
14 Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na ɛsi ɛkwan no ano ne afɔrebukyia foforɔ yi ntam no, firii Awurade Asɔredan no anim, de kɔsii afɔrebukyia foforɔ no atifi fam.
He also took the bronze altar that stood before the LORD from the front of the temple (between the new altar and the house of the LORD) and he put it on the north side of the new altar.
15 Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uria sɛ, “Bɔ anɔpa afɔdeɛ nyinaa a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, anwummerɛ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔhene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ ne nnipa no nyinaa afɔdeɛ a wɔn nsa afɔdeɛ ka ho wɔ so. Mogya a ɛfiri ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔrebukyia foforɔ no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia dada no bɛdi dwuma.”
Then King Ahaz commanded Uriah the priest, “Offer on the great altar the morning burnt offering, the evening grain offering, and the king’s burnt offering and grain offering, as well as the burnt offerings, grain offerings, and drink offerings of all the people of the land. Sprinkle on the altar all the blood of the burnt offerings and sacrifices. But I will use the bronze altar to seek guidance.”
16 Na ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ deɛ ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
So Uriah the priest did just as King Ahaz had commanded.
17 Na afei, ɔhene no tutuu afasuo no nkatanimu nnua ne nsuhina nso firi nsuo teaseɛnam no so. Afei ɔyii Po no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie no akyi de sii aboɔ nsameeɛ no so.
King Ahaz also cut off the frames of the movable stands and removed the bronze basin from each of them. He took down the Sea from the bronze oxen that were under it and put it on a stone base.
18 Na anidie a ɔde ma Asiriahene no enti, ɔyii kyiniiɛ bi a na wɔayɛ wɔ ahemfie no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no firii hɔ.
And on account of the king of Assyria, he removed the Sabbath canopy they had built in the temple and closed the royal entryway outside the house of the LORD.
19 Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
As for the rest of the acts of Ahaz, along with his accomplishments, are they not written in the Book of the Chronicles of the Kings of Judah?
20 Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
And Ahaz rested with his fathers and was buried with them in the City of David, and his son Hezekiah reigned in his place.

< 2 Ahemfo 16 >