< 2 Ahemfo 15 >
1 Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda.
Azariah, son of Amaziah, became king of Judah in the twenty-seventh year of the reign of Jeroboam, king of Israel.
2 Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem.
He was sixteen years old when he became king, and he reigned in Jerusalem for fifty-two years. His mother's name was Jecoliah of Jerusalem.
3 Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no.
He did what was right in the Lord's sight, just as his father Amaziah had done.
4 Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam.
But the high places were not removed. The people still were sacrificing and presenting burnt offerings in those places.
5 Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
The Lord touched the king and he had leprosy until the day he died. He lived in isolation in a separate house. His son Jotham was in charge of the palace and was the country's actual ruler.
6 Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Azariah's reign and all he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Judah.
7 Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Azariah died and was buried with his fore fathers in the City of David. His son Jotham succeeded him as king.
8 Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia.
Zechariah, son of Jeroboam, became king of Israel in the thirty-eighth year of the reign of Azariah, king of Judah. He reigned in Samaria for six months.
9 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho.
He did what was evil in the Lord's sight, as his forefathers had done. He did not end the sins that Jeroboam, son of Nebat, had made Israel commit.
10 Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no.
Then Shallum, son of Jabesh, plotted against Zechariah. He attacked him, murdering him in front of the people, and took over as king.
11 Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of the events of Zechariah's reign are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
12 Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu.
In this way what the Lord told Jehu came true: “Your descendants will sit on the throne of Israel to the fourth generation.”
13 Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ.
Shallum, son of Jabesh, became king in the thirty-ninth year of the reign of King Uzziah of Judah. He reigned in Samaria for one month.
14 Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so.
Then Menahem, son of Gadi, went from Tirzah to Samaria, attacked and murdered Shallum, son of Jabesh, and took over as king.
15 Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of the events of Shallum's reign and the rebellion he plotted are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
16 Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu.
At that time Menahem, starting from Tirzah, attacked Tiphsah and the region nearby, because they would not surrender the town to him. So he destroyed Tiphsah and ripped open all the pregnant women.
17 Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu.
Menahem, son of Gadi, became king of Israel in the thirty-ninth year of the reign of King Azariah of Judah. He reigned in Samaria for ten years.
18 Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no.
Throughout his reign he did what was evil in the Lord's sight. He did not end the sins that Jeroboam, son of Nebat, had made Israel commit.
19 Afei, Asiriahene Pul bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim.
Pul, king of Assyria, invaded the country. Menahem paid Pul a thousand talents of silver to support Menahem in consolidating his power over the kingdom.
20 Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.
Menahem demanded payment from all the wealthy men of Israel, fifty shekels of silver each, to give to the king of Assyria. So the king of Assyria retreated and did not stay in the country.
21 Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Menahem's reign and all he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
22 Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Menahem died, and his son Pekahiah succeeded him as king.
23 Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu.
Pekahiah, son of Menahem, became king of Israel in Samaria in the fiftieth year of the reign of King Azariah of Judah, and he reigned for two years.
24 Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
He did what was evil in the Lord's sight. He did not end the sins that Jeroboam, son of Nebat, had made Israel commit.
25 Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel.
Pekah, son of Remaliah, one of his officers plotted against him together with Argob, Arieh, and fifty men from Gilead. Pekah attacked and killed Pekahiah in the fortress of the king's palace in Samaria, and took over as king.
26 Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Pekahiah's reign and all he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
27 Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu.
Pekah, son of Remaliah, became king of Israel in the fifty-second year of the reign of King Azariah of Judah. He reigned in Samaria for twenty years.
28 Nanso, Peka yɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
He did what was evil in the Lord's sight. He did not end the sins that Jeroboam, son of Nebat, had made Israel commit.
29 Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria.
During the reign of Pekah, king of Israel, Tiglath-pileser, king of Assyria, invaded and captured Ijon, Abel-beth-maacah, Janoah, Kedesh, Hazor, Gilead, Galilee, and all the land of Naphtali, and he took the people to Assyria as prisoners.
30 Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda.
Then Hoshea, son of Elah, plotted against Pekah, son of Remaliah. In the twentieth year of the reign of Jotham, son of Uzziah, Hoshea attacked Pekah, killed him, and took over as king.
31 Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Pekah's reign and all he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
32 Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu.
Jotham, son of Uzziah, became king of Judah in the second year of the reign of Pekah son of Remaliah, king of Israel.
33 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.
He was twenty-five when he became king, and he reigned in Jerusalem for sixteen years. His mother's name was Jerusha, daughter of Zadok.
34 Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ.
He did what was right in the Lord's sight, just as his father Uzziah had done.
35 Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono.
But the high places were not removed. The people still were sacrificing and presenting burnt offerings in those places. He rebuilt the upper gate of the Lord's Temple.
36 Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of the events of Jotham's reign are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Judah.
37 Saa mmerɛ no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so.
During that time the Lord started sending Rezin, king of Aram, and Pekah, son of Remaliah, to attack Judah.
38 Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Jotham died and was buried with his forefathers in the City of David, his ancestor. His son Ahaz succeeded him as king.