< 2 Ahemfo 14 >

1 Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ mmienu.
בשנת שתים ליואש בן יואחז מלך ישראל מלך אמציהו בן יואש מלך יהודה
2 Amasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu enum, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduonu nkron. Na wɔfrɛ ne maame Yehoadin a ɔfiri Yerusalem.
בן עשרים וחמש שנה היה במלכו ועשרים ותשע שנה מלך בירושלם ושם אמו יהועדין (יהועדן) מן ירושלם
3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so, nanso anto deɛ nʼagya Dawid yɛeɛ. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛsoɔ so.
ויעש הישר בעיני יהוה--רק לא כדוד אביו ככל אשר עשה יואש אביו עשה
4 Amasia ansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔdeɛ, kɔhye nnuhwam wɔ hɔ no.
רק הבמות לא סרו עוד העם מזבחים ומקטרים בבמות
5 Ɛberɛ a Amasia ase timiiɛ sɛ ɔhene no, ɔkunkumm mpanimfoɔ a wɔkumm nʼagya no nyinaa.
ויהי כאשר חזקה הממלכה בידו ויך את עבדיו המכים את המלך אביו
6 Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ: Mma wɔnkunkum agyanom wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔ wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ ne bɔne ho.
ואת בני המכים לא המית ככתוב בספר תורת משה אשר צוה יהוה לאמר לא יומתו אבות על בנים ובנים לא יומתו על אבות--כי אם איש בחטאו ימות (יומת)
7 Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no.
הוא הכה את אדום בגי המלח (מלח) עשרת אלפים ותפש את הסלע במלחמה ויקרא את שמה יקתאל עד היום הזה
8 Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.”
אז שלח אמציה מלאכים אל יהואש בן יהואחז בן יהוא מלך ישראל לאמר לכה נתראה פנים
9 Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no.
וישלח יהואש מלך ישראל אל אמציהו מלך יהודה לאמר החוח אשר בלבנון שלח אל הארז אשר בלבנון לאמר תנה את בתך לבני לאשה ותעבר חית השדה אשר בלבנון ותרמס את החוח
10 Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”
הכה הכית את אדום ונשאך לבך הכבד ושב בביתך ולמה תתגרה ברעה ונפלתה אתה ויהודה עמך
11 Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
ולא שמע אמציהו--ויעל יהואש מלך ישראל ויתראו פנים הוא ואמציהו מלך יהודה בבית שמש אשר ליהודה
12 Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa Yuda akodɔm no bɔ hweteeɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom.
וינגף יהודה לפני ישראל וינסו איש לאהלו
13 Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakodɔm no ma wɔdwirii Yerusalem ɔfasuo no, firi Efraim Ɛpono no de kɔsii Twɛtwɛwaso Ɛpono no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no.
ואת אמציהו מלך יהודה בן יהואש בן אחזיהו תפש יהואש מלך ישראל--בבית שמש ויבאו (ויבא) ירושלם ויפרץ בחומת ירושלם בשער אפרים עד שער הפנה ארבע מאות אמה
14 Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinneɛ nyinaa firii Awurade asɔredan mu ne ahemfie akoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsane kɔɔ Samaria.
ולקח את כל הזהב והכסף ואת כל הכלים הנמצאים בית יהוה ובאצרות בית המלך ואת בני התערבות וישב שמרונה
15 Yoas ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔsiiɛ ne ako a ɔne Yudahene Amasia diiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
ויתר דברי יהואש אשר עשה וגבורתו ואשר נלחם עם אמציהו מלך יהודה הלא הם כתובים על ספר דברי הימים--למלכי ישראל
16 Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וישכב יהואש עם אבתיו ויקבר בשמרון עם מלכי ישראל וימלך ירבעם בנו תחתיו
17 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum.
ויחי אמציהו בן יואש מלך יהודה אחרי מות יהואש בן יהואחז מלך ישראל--חמש עשרה שנה
18 Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
ויתר דברי אמציהו הלא הם כתבים על ספר דברי הימים--למלכי יהודה
19 Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ.
ויקשרו עליו קשר בירושלם וינס לכישה וישלחו אחריו לכישה וימתהו שם
20 Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom.
וישאו אתו על הסוסים ויקבר בירושלם עם אבתיו בעיר דוד
21 Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene.
ויקחו כל עם יהודה את עזריה והוא בן שש עשרה שנה וימלכו אתו תחת אביו אמציהו
22 Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda.
הוא בנה את אילת וישבה ליהודה אחרי שכב המלך עם אבתיו
23 Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene wɔ Israel. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfirinhyia aduanan baako.
בשנת חמש עשרה שנה לאמציהו בן יואש מלך יהודה--מלך ירבעם בן יואש מלך ישראל בשמרון ארבעים ואחת שנה
24 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam ma Israelfoɔ kɔɔ mu no ho.
ויעש הרע בעיני יהוה לא סר מכל חטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל
25 Yeroboam a ɔtɔ so mmienu gyegyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Ɛpo no ntam no sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no.
הוא השיב את גבול ישראל מלבוא חמת עד ים הערבה--כדבר יהוה אלהי ישראל אשר דבר ביד עבדו יונה בן אמתי הנביא אשר מגת החפר
26 Awurade hunuu sɛdeɛ obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn nso.
כי ראה יהוה את עני ישראל מרה מאד ואפס עצור ואפס עזוב ואין עזר לישראל
27 Esiane sɛ Awurade nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din koraa no enti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.
ולא דבר יהוה--למחות את שם ישראל מתחת השמים ויושיעם ביד ירבעם בן יואש
28 Yeroboam a ɔtɔ so mmienu ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, deɛ ne tumi ano kɔsiiɛ, nʼakodie ne nsase a ɔgyegye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
ויתר דברי ירבעם וכל אשר עשה וגבורתו אשר נלחם ואשר השיב את דמשק ואת חמת ליהודה בישראל הלא הם כתובים על ספר דברי הימים--למלכי ישראל
29 Ɛberɛ a Yeroboam wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וישכב ירבעם עם אבתיו עם מלכי ישראל וימלך זכריה בנו תחתיו

< 2 Ahemfo 14 >