< 2 Ahemfo 13 >

1 Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria.
בשנת עשרים ושלש שנה ליואש בן אחזיהו מלך יהודה מלך יהואחז בן יהוא על ישראל בשמרון שבע עשרה שנה׃
2 Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so.
ויעש הרע בעיני יהוה וילך אחר חטאת ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל לא סר ממנה׃
3 Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree.
ויחר אף יהוה בישראל ויתנם ביד חזאל מלך ארם וביד בן הדד בן חזאל כל הימים׃
4 Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no.
ויחל יהואחז את פני יהוה וישמע אליו יהוה כי ראה את לחץ ישראל כי לחץ אתם מלך ארם׃
5 Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no.
ויתן יהוה לישראל מושיע ויצאו מתחת יד ארם וישבו בני ישראל באהליהם כתמול שלשום׃
6 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia wɔ Samaria.
אך לא סרו מחטאות בית ירבעם אשר החטי את ישראל בה הלך וגם האשרה עמדה בשמרון׃
7 Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase.
כי לא השאיר ליהואחז עם כי אם חמשים פרשים ועשרה רכב ועשרת אלפים רגלי כי אבדם מלך ארם וישמם כעפר לדש׃
8 Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
ויתר דברי יהואחז וכל אשר עשה וגבורתו הלוא הם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃
9 Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וישכב יהואחז עם אבתיו ויקברהו בשמרון וימלך יואש בנו תחתיו׃
10 Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia.
בשנת שלשים ושבע שנה ליואש מלך יהודה מלך יהואש בן יהואחז על ישראל בשמרון שש עשרה שנה׃
11 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho.
ויעשה הרע בעיני יהוה לא סר מכל חטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל בה הלך׃
12 Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ wɔ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
ויתר דברי יואש וכל אשר עשה וגבורתו אשר נלחם עם אמציה מלך יהודה הלוא הם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃
13 Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וישכב יואש עם אבתיו וירבעם ישב על כסאו ויקבר יואש בשמרון עם מלכי ישראל׃
14 Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”
ואלישע חלה את חליו אשר ימות בו וירד אליו יואש מלך ישראל ויבך על פניו ויאמר אבי אבי רכב ישראל ופרשיו׃
15 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no.
ויאמר לו אלישע קח קשת וחצים ויקח אליו קשת וחצים׃
16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
ויאמר למלך ישראל הרכב ידך על הקשת וירכב ידו וישם אלישע ידיו על ידי המלך׃
17 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ. Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek.
ויאמר פתח החלון קדמה ויפתח ויאמר אלישע ירה ויור ויאמר חץ תשועה ליהוה וחץ תשועה בארם והכית את ארם באפק עד כלה׃
18 Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam.” Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa.
ויאמר קח החצים ויקח ויאמר למלך ישראל הך ארצה ויך שלש פעמים ויעמד׃
19 Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa sɛ, “Anka ɛsɛ sɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa.”
ויקצף עליו איש האלהים ויאמר להכות חמש או שש פעמים אז הכית את ארם עד כלה ועתה שלש פעמים תכה את ארם׃
20 Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara.
וימת אלישע ויקברהו וגדודי מואב יבאו בארץ בא שנה׃
21 Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!
ויהי הם קברים איש והנה ראו את הגדוד וישליכו את האיש בקבר אלישע וילך ויגע האיש בעצמות אלישע ויחי ויקם על רגליו׃
22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa.
וחזאל מלך ארם לחץ את ישראל כל ימי יהואחז׃
23 Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.
ויחן יהוה אתם וירחמם ויפן אליהם למען בריתו את אברהם יצחק ויעקב ולא אבה השחיתם ולא השליכם מעל פניו עד עתה׃
24 Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וימת חזאל מלך ארם וימלך בן הדד בנו תחתיו׃
25 Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.
וישב יהואש בן יהואחז ויקח את הערים מיד בן הדד בן חזאל אשר לקח מיד יהואחז אביו במלחמה שלש פעמים הכהו יואש וישב את ערי ישראל׃

< 2 Ahemfo 13 >