< 2 Ahemfo 11 >

1 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no.
Now when Athaliah, the mother of Ahaziah, saw that her son was dead, she arose and killed all the royal children.
2 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no.
But Jehosheba, a daughter of King Jehoram and sister of Ahaziah, took Joash son of Ahaziah, and hid him away from among the king's sons who were killed, along with his nurse; she put them into a bedroom. They hid him from Athaliah so that he was not killed.
3 Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ Awurade asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no.
He remained with her six years, hidden in the house of Yahweh, while Athaliah reigned over the land.
4 Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.
In the seventh year, Jehoiada sent messages and brought the commanders of hundreds of the Carites and of the guard, and brought them to himself, into the temple of Yahweh. He made a covenant with them, and he made them swear an oath in the house of Yahweh. Then he showed them the king's son.
5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no.
He commanded them, saying, “This is what you must do. A third of you who come on the Sabbath will keep watch over the king's house,
6 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no.
and a third will be at the Sur Gate, and a third at the gate behind the guardhouse.”
7 Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ Awurade asɔredan mu.
The two other groups who are not serving on the Sabbath, you must keep the watch over the house of Yahweh for the king.
8 Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfoɔ kuo, a mokurakura mo akodeɛ. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, monkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no.”
You must surround the king, every man with his weapons in his hand. Whoever enters within your ranks, let him be killed. You must stay with the king when he goes out, and when he comes in.
9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim.
So the commanders of hundreds obeyed everything Jehoiada the priest commanded. Each one took his men, those who were to come in to serve on the Sabbath, and those who were to stop serving on that Sabbath; and they came to Jehoiada the priest.
10 Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no Awurade asɔredan mu hɔ no.
Then Jehoiada the priest gave the commanders of hundreds the spears and shields that belonged to King David and that were in the house of Yahweh.
11 Awɛmfoɔ no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔkurakura wɔn akodeɛ. Wɔsaa so tee firii asɔredan no anafoɔ fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔrebukyia no ho nyinaa.
So the guards stood, each man with his weapon in his hand, from the right side of the temple to the left side, near the altar and the temple, surrounding the king.
12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
Then Jehoiada brought out the king's son Joash, put the crown on him, and gave him the covenant decrees. Then they made him king and anointed him. They clapped their hands and said, “Long live the king!”
13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so.
When Athaliah heard the noise of the guard and of the people, she came to the people in the house of Yahweh.
14 Ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ wɔ ahensie mu no. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wɔfiri asase no so afanan nyinaa redi ahurisie rehyɛn totorobɛnto. Ɛberɛ a Atalia hunuu yeinom nyinaa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”
She looked, and, behold, the king was standing by the pillar, as the custom was, and the captains and the trumpeters were by the king. All the people of the land were rejoicing and blowing trumpets. Then Athaliah tore her clothes and shouted, “Treason! Treason!”
15 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.”
Then Jehoiada the priest ordered the commanders of hundreds who were over the army, saying, “Bring her out between the ranks. Anyone who follows her, kill him with the sword.” For the priest had said, “Do not let her be killed in the house of Yahweh.”
16 Enti, wɔkyeree no de no puee ɛpono no ano wɔ baabi a apɔnkɔ fa ba ahemfie hɔ no, kumm no wɔ hɔ.
So they seized her as she reached the place where the horses enter the palace grounds, and there she was killed.
17 Na Yehoiada yɛɛ apam de too Awurade ne ɔhene ne nnipa no ntam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. Ɔsane yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam.
Then Jehoiada made a covenant between Yahweh and the king and people, that they should be Yahweh's people, and also between the king and the people.
18 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kɔbubu guu fam. Wɔbubuu afɔrebukyia ne ahoni ahodoɔ nyinaa no asinasini, kumm Baal ɔbosomfoɔ Matan nso wɔ afɔrebukyia no anim. Ɔsɔfoɔ Yehoiada maa awɛmfoɔ wɛnee Awurade asɔredan no.
So all the people of the land went to the house of Baal and tore it down. They smashed Baal's altars and his idol figures to pieces, and they killed Mattan, the priest of Baal, in front of those altars. Then Jehoida the priest appointed guards over the temple of Yahweh.
19 Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so.
Jehoida took with him the commanders of hundreds, the Carites, the guard, and all the people of the land, and together they brought down the king from the house of Yahweh and they went into the king's house, entering by way of the gate of the guards. Joash took his place on the royal throne.
20 Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, wɔakum Atalia wɔ ahemfie.
So all the people of the land rejoiced, and the city was quiet after Athaliah had been killed with the sword at the king's house.
21 Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson.
Joash was seven years old when he began to reign.

< 2 Ahemfo 11 >