< 2 Ahemfo 10 >

1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ,
Or Achab avait 70 fils à Samarie; et Jéhu écrivit des lettres, et les envoya à Samarie aux chefs de Jizreël, aux anciens, et aux gouverneurs des enfants d’Achab, disant:
2 “Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a,
Maintenant, quand cette lettre vous sera parvenue, puisque vous avez avec vous les fils de votre seigneur, et que vous avez les chars et les chevaux, et une ville forte et des armes,
3 monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.”
regardez lequel des fils de votre seigneur est le meilleur et le plus apte, et mettez-le sur le trône de son père, et combattez pour la maison de votre seigneur.
4 Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?”
Et ils eurent extrêmement peur, et dirent: Voici, les deux rois n’ont pu tenir devant lui, et nous, comment tiendrions-nous?
5 Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.”
Et celui qui était préposé sur la maison, et celui qui était préposé sur la ville, et les anciens, et les gouverneurs des enfants, envoyèrent à Jéhu, disant: Nous sommes tes serviteurs, et tout ce que tu nous diras, nous le ferons; nous n’établirons roi personne; fais ce qui est bon à tes yeux.
6 Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ.
Et il leur écrivit une lettre pour la seconde fois, disant: Si vous êtes à moi et si vous écoutez ma voix, prenez les têtes des hommes, fils de votre seigneur, et venez vers moi demain à cette heure-ci, à Jizreël. Et les fils du roi, 70 hommes, étaient avec les grands de la ville, qui les élevaient.
7 Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel.
Et il arriva que, quand la lettre leur parvint, ils prirent les fils du roi et les égorgèrent, 70 hommes; et ils mirent leurs têtes dans des corbeilles et les lui envoyèrent à Jizreël.
8 Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.”
Et un messager vint, et le lui rapporta, disant: Ils ont apporté les têtes des fils du roi. Et il dit: Mettez-les en deux tas à l’entrée de la porte, jusqu’au matin.
9 Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom?
Et il arriva que, le matin, il sortit, et se tint là, et dit à tout le peuple: Vous êtes justes: voici, j’ai conspiré contre mon seigneur et je l’ai tué; mais qui a frappé tous ceux-ci?
10 Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. Awurade nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.”
Sachez donc que rien ne tombera en terre de la parole de l’Éternel que l’Éternel a prononcée contre la maison d’Achab; et l’Éternel a fait ce qu’il avait dit par son serviteur Élie.
11 Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara.
Et Jéhu frappa tous ceux qui restaient de la maison d’Achab à Jizreël, et tous ses grands, et tous ceux qui étaient de sa connaissance, et ses sacrificateurs, jusqu’à ne pas lui laisser un réchappé.
12 Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu.
Et il se leva et partit, et s’en alla à Samarie. Et comme il était près de la cabane des bergers sur le chemin,
13 Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.”
Jéhu trouva les frères d’Achazia, roi de Juda, et dit: Qui êtes-vous? Et ils dirent: Nous sommes les frères d’Achazia, et nous sommes descendus pour saluer les fils du roi et les fils de la reine.
14 Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane.
Et il dit: Saisissez-les vivants. Et ils les saisirent vivants, et les égorgèrent, 42 hommes, près du puits de la cabane, et il n’en laissa pas un seul de reste.
15 Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?” Yehonadab buaa sɛ, “Aane.” Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu.
Et il s’en alla de là, et trouva Jonadab, fils de Récab, qui venait à sa rencontre; et il le salua, et lui dit: Ton cœur est-il droit comme mon cœur l’est à l’égard de ton cœur? Et Jonadab dit: Il l’est. – S’il l’est, donne-moi ta main. – Et il lui donna sa main, et [Jéhu] le fit monter auprès de lui dans le char,
16 Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ.
et dit: Viens avec moi, et vois mon zèle pour l’Éternel. Et on le mena dans le char de Jéhu.
17 Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no.
Et [Jéhu] arriva à Samarie; et il frappa tous ceux qui restaient d’Achab à Samarie, jusqu’à ce qu’il l’ait détruit, selon la parole de l’Éternel qu’il avait dite à Élie.
18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie.
Et Jéhu assembla tout le peuple, et leur dit: Achab a servi Baal un peu; Jéhu le servira beaucoup.
19 Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
Et maintenant, appelez vers moi tous les prophètes de Baal, tous ses serviteurs et tous ses sacrificateurs; que pas un ne manque, car j’ai [à offrir] un grand sacrifice à Baal. Quiconque manquera ne vivra point. Et Jéhu agissait avec ruse, afin de faire périr les serviteurs de Baal.
20 Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa.
Et Jéhu dit: Sanctifiez une fête solennelle à Baal. Et ils la publièrent.
21 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire.
Et Jéhu envoya par tout Israël; et tous les serviteurs de Baal vinrent: et il n’en resta pas un qui ne vienne; et ils entrèrent dans la maison de Baal, et la maison de Baal fut remplie d’un bout à l’autre.
22 Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
Et il dit à celui qui était [préposé] sur le vestiaire: Sors des vêtements pour tous les serviteurs de Baal. Et il leur sortit des vêtements.
23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”
Et Jéhu et Jonadab, fils de Récab, entrèrent dans la maison de Baal, et [Jéhu] dit aux serviteurs de Baal: Examinez et voyez, afin qu’il n’y ait pas ici avec vous quelqu’un des serviteurs de l’Éternel, mais seulement des serviteurs de Baal.
24 Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.”
Et ils entrèrent pour offrir des sacrifices et des holocaustes. Et Jéhu plaça par-dehors 80 hommes, et il [leur] dit: Celui qui laissera échapper [un seul] d’entre les hommes que j’ai mis entre vos mains, sa vie sera pour la vie de cet homme.
25 Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu.
Et il arriva que, quand on eut achevé d’offrir l’holocauste, Jéhu dit aux coureurs et aux capitaines: Entrez, frappez-les; que pas un ne sorte. Et ils les frappèrent par le tranchant de l’épée. Et les coureurs et les capitaines les jetèrent là; et ils s’en allèrent jusqu’à la ville de la maison de Baal,
26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no.
et tirèrent les stèles hors de la maison de Baal, et les brûlèrent;
27 Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ.
et ils abattirent la stèle de Baal, et ils abattirent la maison de Baal, et en firent des cloaques, jusqu’à ce jour.
28 Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu.
Ainsi Jéhu extermina Baal du milieu d’Israël.
29 Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ.
Seulement, quant aux péchés de Jéroboam, fils de Nebath, par lesquels il avait fait pécher Israël – [savoir] les veaux d’or qui étaient à Béthel et à Dan – Jéhu ne s’en détourna pas.
30 Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.”
Et l’Éternel dit à Jéhu: Parce que tu as bien exécuté ce qui était droit à mes yeux, [et] que tu as fait à la maison d’Achab selon tout ce qui était dans mon cœur, tes fils, jusqu’à la quatrième génération, seront assis sur le trône d’Israël.
31 Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni Awurade, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho.
Mais Jéhu ne prit pas garde à marcher de tout son cœur dans la loi de l’Éternel, le Dieu d’Israël; il ne se détourna pas des péchés de Jéroboam, par lesquels il avait fait pécher Israël.
32 Nna no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so
En ces jours-là, l’Éternel commença à entamer Israël; et Hazaël les frappa dans toutes les frontières d’Israël,
33 wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.
depuis le Jourdain, vers le soleil levant, tout le pays de Galaad, les Gadites, et les Rubénites, et les Manassites, depuis Aroër qui est sur le torrent de l’Arnon, et Galaad, et Basan.
34 Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Et le reste des actes de Jéhu, et tout ce qu’il fit, et toute sa puissance, cela n’est-il pas écrit dans le livre des chroniques des rois d’Israël?
35 Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Et Jéhu s’endormit avec ses pères, et on l’enterra à Samarie; et Joakhaz, son fils, régna à sa place.
36 Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.
Et les jours que Jéhu régna sur Israël à Samarie furent 28 ans.

< 2 Ahemfo 10 >