< 2 Yohane 1 >
1 Me, Asɔre Panin, Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo,
Me, Asɔre Panyin, Mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokware no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ mo,
2 ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa: (aiōn )
efisɛ nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa: (aiōn )
3 Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu.
Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.
4 Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.
Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no.
5 Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ.
Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase.
6 Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
7 Adaadaafoɔ a wɔnnnye nntom sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete ewiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ.
Nnaadaafo a wonnye nto mu no se Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete wiase. Saa nnaadaafo yi yɛ atorofo ne Kristo atamfo.
8 Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.
Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.
9 Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso.
Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso.
11 Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa onipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
Efisɛ obiara a ogye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
12 Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.
Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.
13 Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.
Wo nuabea a Onyankopɔn apaw no no mma kyia wo.