< 2 Korintofoɔ 9 >
1 Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho.
Περὶ μὲν γὰρ τῆς διακονίας τῆς εἰς τοὺς ἁγίους περισσόν μοί ἐστι τὸ γράφειν ὑμῖν·
2 Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no.
οἶδα γὰρ τὴν προθυμίαν ὑμῶν, ἣν ὑπὲρ ὑμῶν καυχῶμαι Μακεδόσιν, ὅτι Ἀχαΐα παρεσκεύασται ἀπὸ πέρυσι· καὶ ὁ ἐξ ὑμῶν ζῆλος ἠρέθισε τοὺς πλείονας.
3 Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa.
Ἔπεμψα δὲ τοὺς ἀδελφούς, ἵνα μὴ τὸ καύχημα ἡμῶν τὸ ὑπὲρ ὑμῶν κενωθῇ ἐν τῷ μέρει τούτῳ· ἵνα, καθὼς ἔλεγον, παρεσκευασμένοι ἦτε·
4 Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ.
μήπως, ἐὰν ἔλθωσι σὺν ἐμοὶ Μακεδόνες καὶ εὕρωσιν ὑμᾶς ἀπαρασκευάστους, καταισχυνθῶμεν ἡμεῖς—ἵνα μὴ λέγωμεν ὑμεῖς—ἐν τῇ ὑποστάσει ταύτῃ τῆς καυχήσεως.
5 Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.
Ἀναγκαῖον οὖν ἡγησάμην παρακαλέσαι τοὺς ἀδελφούς, ἵνα προέλθωσιν εἰς ὑμᾶς, καὶ προκαταρτίσωσι τὴν προκατηγγελμένην εὐλογίαν ὑμῶν, ταύτην ἑτοίμην εἶναι, οὕτως ὡς εὐλογίαν καὶ μὴ ὡς πλεονεξίαν.
6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree.
Τοῦτο δέ, ὁ σπείρων φειδομένως, φειδομένως καὶ θερίσει· καὶ ὁ σπείρων ἐπ᾽ εὐλογίαις, ἐπ᾽ εὐλογίαις καὶ θερίσει.
7 Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm.
Ἕκαστος καθὼς προαιρεῖται τῇ καρδίᾳ· μὴ ἐκ λύπης ἢ ἐξ ἀνάγκης· ἱλαρὸν γὰρ δότην ἀγαπᾷ ὁ Θεός.
8 Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi.
Δυνατὸς δὲ ὁ Θεὸς πᾶσαν χάριν περισσεῦσαι εἰς ὑμᾶς, ἵνα ἐν παντὶ πάντοτε πᾶσαν αὐτάρκειαν ἔχοντες περισσεύητε εἰς πᾶν ἔργον ἀγαθόν·
9 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia; nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.” (aiōn )
καθὼς γέγραπται, Ἐσκόρπισεν, ἔδωκε τοῖς πένησιν· ἡ δικαιοσύνη αὐτοῦ μένει εἰς τὸν αἰῶνα. (aiōn )
10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree.
Ὁ δὲ ἐπιχορηγῶν σπέρμα τῷ σπείροντι, καὶ ἄρτον εἰς βρῶσιν χορηγήσαι, καὶ πληθύναι τὸν σπόρον ὑμῶν, καὶ αὐξήσαι τὰ γενήματα τῆς δικαιοσύνης ὑμῶν·
11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.
ἐν παντὶ πλουτιζόμενοι εἰς πᾶσαν ἁπλότητα, ἥτις κατεργάζεται δι᾽ ἡμῶν εὐχαριστίαν τῷ Θεῷ.
12 Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase.
Ὅτι ἡ διακονία τῆς λειτουργίας ταύτης οὐ μόνον ἐστὶ προσαναπληροῦσα τὰ ὑστερήματα τῶν ἁγίων, ἀλλὰ καὶ περισσεύουσα διὰ πολλῶν εὐχαριστιῶν τῷ Θεῷ·
13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.
διὰ τῆς δοκιμῆς τῆς διακονίας ταύτης δοξάζοντες τὸν Θεὸν ἐπὶ τῇ ὑποταγῇ τῆς ὁμολογίας ὑμῶν εἰς τὸ εὐαγγέλιον τοῦ Χριστοῦ, καὶ ἁπλότητι τῆς κοινωνίας εἰς αὐτοὺς καὶ εἰς πάντας·
14 Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.
καὶ αὐτῶν δεήσει ὑπὲρ ὑμῶν ἐπιποθούντων ὑμᾶς διὰ τὴν ὑπερβάλλουσαν χάριν τοῦ Θεοῦ ἐφ᾽ ὑμῖν.
15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.
Χάρις δὲ τῷ Θεῷ ἐπὶ τῇ ἀνεκδιηγήτῳ αὐτοῦ δωρεᾷ.