< 2 Korintofoɔ 8 >

1 Anuanom, yɛpɛ sɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahodoɔ mu.
Γνωρίζομεν δὲ ὑμῖν, ἀδελφοί, τὴν χάριν τοῦ Θεοῦ τὴν δεδομένην ἐν ταῖς ἐκκλησίαις τῆς Μακεδονίας·
2 Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.
ὅτι ἐν πολλῇ δοκιμῇ θλίψεως ἡ περισσεία τῆς χαρᾶς αὐτῶν καὶ ἡ κατὰ βάθους πτωχεία αὐτῶν ἐπερίσσευσεν εἰς τὸν πλοῦτον τῆς ἁπλότητος αὐτῶν.
3 Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu
Ὅτι κατὰ δύναμιν, μαρτυρῶ, καὶ ὑπὲρ δύναμιν αὐθαίρετοι,
4 srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi.
μετὰ πολλῆς παρακλήσεως δεόμενοι ἡμῶν, τὴν χάριν καὶ τὴν κοινωνίαν τῆς διακονίας τῆς εἰς τοὺς ἁγίους·
5 Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso.
καὶ οὐ καθὼς ἠλπίσαμεν, ἀλλ᾽ ἑαυτοὺς ἔδωκαν πρῶτον τῷ Κυρίῳ, καὶ ἡμῖν διὰ θελήματος Θεοῦ
6 Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase sɛ, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi.
εἰς τὸ παρακαλέσαι ἡμᾶς Τίτον, ἵνα καθὼς προενήρξατο, οὕτω καὶ ἐπιτελέσῃ εἰς ὑμᾶς καὶ τὴν χάριν ταύτην.
7 Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
Ἀλλ᾽ ὥσπερ ἐν παντὶ περισσεύετε, πίστει, καὶ λόγῳ, καὶ γνώσει, καὶ πάσῃ σπουδῇ, καὶ τῇ ἐξ ὑμῶν ἐν ἡμῖν ἀγάπῃ, ἵνα καὶ ἐν ταύτῃ τῇ χάριτι περισσεύητε.
8 Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa.
Οὐ κατ᾽ ἐπιταγὴν λέγω, ἀλλὰ διὰ τῆς ἑτέρων σπουδῆς καὶ τὸ τῆς ὑμετέρας ἀγάπης γνήσιον δοκιμάζων.
9 Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.
Γινώσκετε γὰρ τὴν χάριν τοῦ Κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ, ὅτι δι᾽ ὑμᾶς ἐπτώχευσε, πλούσιος ὤν, ἵνα ὑμεῖς τῇ ἐκείνου πτωχείᾳ πλουτήσητε.
10 Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo pɛ mu na momaeɛ.
Καὶ γνώμην ἐν τούτῳ δίδωμι· τοῦτο γὰρ ὑμῖν συμφέρει, οἵτινες οὐ μόνον τὸ ποιῆσαι ἀλλὰ καὶ τὸ θέλειν προενήρξασθε ἀπὸ πέρυσι.
11 Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ sɛ mobɛyɛ.
Νυνὶ δὲ καὶ τὸ ποιῆσαι ἐπιτελέσατε, ὅπως, καθάπερ ἡ προθυμία τοῦ θέλειν, οὕτω καὶ τὸ ἐπιτελέσαι ἐκ τοῦ ἔχειν.
12 Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.
Εἰ γὰρ ἡ προθυμία πρόκειται, καθὸ ἐὰν ἔχῃ τις, εὐπρόσδεκτος, οὐ καθὸ οὐκ ἔχει.
13 Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no.
Οὐ γὰρ ἵνα ἄλλοις ἄνεσις, ὑμῖν δὲ θλίψις· ἀλλ᾽ ἐξ ἰσότητος, ἐν τῷ νῦν καιρῷ τὸ ὑμῶν περίσσευμα εἰς τὸ ἐκείνων ὑστέρημα,
14 Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ.
ἵνα καὶ τὸ ἐκείνων περίσσευμα γένηται εἰς τὸ ὑμῶν ὑστέρημα· ὅπως γένηται ἰσότης,
15 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.”
καθὼς γέγραπται, Ὁ τὸ πολύ, οὐκ ἐπλεόνασε· καὶ ὁ τὸ ὀλίγον, οὐκ ἠλαττόνησε.
16 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi.
Χάρις δὲ τῷ Θεῷ τῷ διδόντι τὴν αὐτὴν σπουδὴν ὑπὲρ ὑμῶν ἐν τῇ καρδίᾳ Τίτου.
17 Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no.
Ὅτι τὴν μὲν παράκλησιν ἐδέξατο, σπουδαιότερος δὲ ὑπάρχων, αὐθαίρετος ἐξῆλθε πρὸς ὑμᾶς.
18 Yɛresoma onua bi a wɔbu no wɔ asɔre ahodoɔ no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho.
Συνεπέμψαμεν δὲ μετ᾽ αὐτοῦ τὸν ἀδελφόν, οὗ ὁ ἔπαινος ἐν τῷ εὐαγγελίῳ διὰ πασῶν τῶν ἐκκλησιῶν·
19 Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa.
οὐ μόνον δέ, ἀλλὰ καὶ χειροτονηθεὶς ὑπὸ τῶν ἐκκλησιῶν συνέκδημος ἡμῶν σὺν τῇ χάριτι ταύτῃ τῇ διακονουμένῃ ὑφ᾽ ἡμῶν πρὸς τὴν αὐτοῦ τοῦ Κυρίου δόξαν καὶ προθυμίαν ἡμῶν·
20 Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho.
στελλόμενοι τοῦτο, μή τις ἡμᾶς μωμήσηται ἐν τῇ ἁδρότητι ταύτῃ τῇ διακονουμένῃ ὑφ᾽ ἡμῶν·
21 Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim.
προνοούμενοι καλὰ οὐ μόνον ἐνώπιον Κυρίου ἀλλὰ καὶ ἐνώπιον ἀνθρώπων.
22 Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ.
Συνεπέμψαμεν δὲ αὐτοῖς τὸν ἀδελφὸν ἡμῶν, ὃν ἐδοκιμάσαμεν ἐν πολλοῖς πολλάκις σπουδαῖον ὄντα, νυνὶ δὲ πολὺ σπουδαιότερον, πεποιθήσει πολλῇ τῇ εἰς ὑμᾶς.
23 Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam.
Εἴτε ὑπὲρ Τίτου, κοινωνὸς ἐμὸς καὶ εἰς ὑμᾶς συνεργός· εἴτε ἀδελφοὶ ἡμῶν, ἀπόστολοι ἐκκλησιῶν, δόξα Χριστοῦ.
24 Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokorɛ.
Τὴν οὖν ἔνδειξιν τῆς ἀγάπης ὑμῶν, καὶ ἡμῶν καυχήσεως ὑπὲρ ὑμῶν, εἰς αὐτοὺς ἐνδείξασθε εἰς πρόσωπον τῶν ἐκκλησιῶν.

< 2 Korintofoɔ 8 >