< 2 Korintofoɔ 7 >

1 Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.
亲爱的朋友们,由于我们做出了这样的承诺,就应该洁净自己,除去身体和心灵上的一切污秽,通过敬畏上帝达成圣洁。
2 Mommue mo akoma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yɛnsisii obiara na yɛmmuu obiara kwasea nso.
请接纳我们作为你们的朋友!我们未做过任何措施,没有让任何人堕落,也没有利用过谁。
3 Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛdeɛ madi ɛkan aka no, yɛdɔ mo enti, daa sɛ yɛwu o, yɛte ase o, mowɔ yɛn akoma mu.
我这样说不是为了定你们的罪,正如我之前所说,你们对我们如此重要,我们与你们可以同生共死。
4 Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no.
我愿为你们振臂高呼,因为你们让我感到如此光荣。你们就是对我最大的激励,尽管我们经历各种患难,你们让我格外欢喜。
5 Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu.
我们抵达马其顿的时候,没有感到片刻的安宁。相反,我们受到了来自各方的攻击,外有争战,内有恐惧。
6 Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa aba den no nam Tito ba a ɔbaeɛ no so hyɛɛ yɛn den.
尽管如此,上帝总能给沮丧之人带来鼓励。提多的到来就是我们最大的安慰。
7 Ɛnyɛ ne ba a ɔbaeɛ no nko, na mmom, ka a ɔbɛkaa sɛ mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛdeɛ mopɛ sɛ mohunu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛdeɛ modii yea ne sɛdeɛ na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti seesei, ama mʼani agye sene kane no.
我们的安慰不仅因为他的到来,还因为你们给予他的鼓励。他告诉我们,你们渴望见到我,还因为我而感到难过和忧愁,这让我更加欢喜。
8 Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi.
尽管我写的那封信让你们忧伤,但我并不后悔——其实我曾经感到后悔,因为那封信伤害了你们,但只是很短的一段时间。
9 Nanso, seesei deɛ, mʼani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ hoeɛ no enti, na mmom, sɛ mo awerɛhoɔ no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ hoeɛ enti yɛn deɛ, yɛanha mo.
现在我很快乐,不是因为伤害你们,而是因为这种痛苦让你们改变了心意。你们按照上帝的旨意感到难过,所以不会因为我们而受到任何伤害。
10 Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba.
上帝希望我们感受到的忧伤,让我们可以改变心意,获得救赎。这种忧伤不会留下遗憾,但世俗的忧伤却会招致死亡。
11 Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho.
当你们依照上帝的旨意感受到了这种忧伤,看看你们都发生了什么。还记得你们变得多么热情,渴望为自己辩护,对已经发生的事情感到愤怒,认真对待这一切,渴望做正确的事情,关注自己是谁,渴望实现正义。你们通过所有这些改变,表明你们多么诚心地渴望恢复良善正直。
12 Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no.
因此,以往我写信给你们,并未讨论谁做错事或被错误对待,而是表达了你们如何在上帝的面前为我们做出奉献。
13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ.
这让我们备受鼓舞。我们除了感受到鼓舞之外,还很高兴看到提多的欢喜,因为你们让他心安。
14 Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokorɛ kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu.
我向他夸赞你们,你们没有让我失望。我对你们所说的都是真话,同样,我向提多夸赞你们也是出自真心。
15 Enti, sɛ ɔkae sɛdeɛ mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no na mode obuo ne anidie gyee no fɛ so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ.
提多还记起你们如何按照他所说的行事,如何以尊重的方式迎接他。这让他更加关爱你们。
16 Ɛyɛ me anigye sɛ mɛtumi de me ho nyinaa ato mo so.
很高兴我可以对你们怀有充分的信心。

< 2 Korintofoɔ 7 >