< 2 Korintofoɔ 6 >

1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa.
અમે, તેમની સાથે કામ કરનારા, તમને વિનંતી કરીએ છીએ, કે તમે ઈશ્વરની કૃપાનો સ્વીકાર કર્યો છે તેને વ્યર્થ થવા દેશો નહિ.
2 Onyankopɔn se, “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo.” Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ sɛ monya Onyankopɔn adom, na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no.
કેમ કે તે કહે છે કે, ‘મેં માન્યકાળમાં તારું સાંભળ્યું, અને ઉદ્ધારના દિવસમાં મેં તને સહાય કરી; જુઓ, અત્યારે જ માન્યકાળ છે, અત્યારે જ ઉદ્ધારનો દિવસ છે.
3 Yɛmmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ sɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu.
અમારા સેવાકાર્યને દોષ ન લાગે, માટે અમે કશામાં કોઈને અડચણરૂપ થતાં નથી.
4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano.
પણ અમે સર્વમાં પોતાને ઈશ્વરના સેવકોના જેવા દેખાડીએ છીએ; ઘણી ધીરજથી, વિપત્તિથી, તંગીથી, વેદનાથી,
5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyene kɔm.
ફટકાઓથી, કેદખાનાંઓથી, હંગામાઓથી, કષ્ટોથી, ઉજાગરાથી, ભૂખથી,
6 Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ,
શુદ્ધપણાથી, જ્ઞાનથી, સહનશીલતાથી, ઉપકારીપણાથી, પવિત્ર આત્માથી, નિષ્કપટ પ્રેમથી,
7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.
સત્ય વચનથી, ઈશ્વરના પરાક્રમથી, જમણાં તથા ડાબા હાથ પર ન્યાયીપણાનાં હથિયારોથી.
8 Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ.
માન તથા અપમાનથી, અપકીર્તિ તથા સુકીર્તિથી; જૂઠા ગણાયેલા તોપણ સાચા;
9 Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn.
અજાણ્યા તોપણ નામાંકિત; મરણ નજીક તોપણ જુઓ જીવંત છીએ; શિક્ષા પામેલાઓના જેવા તોપણ મૃત્યુ પામેલા નહિ;
10 Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
૧૦શોકાતુરના જેવા તોપણ સદા આનંદ કરનારા; ગરીબો જેવા તોપણ ઘણાંઓને ધનવાન કરનારા; કંગાલ જેવા તોપણ સઘળાના માલિક છીએ.
11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo.
૧૧ઓ કરિંથીઓ, તમારે સારુ અમારું મોં ખૂલ્યું છે, અમારું હૃદય વિશાળ છે.
12 Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu.
૧૨તમે અમારામાં સંકુચિત થયા નથી, પણ પોતાના અંતઃકરણમાં સંકુચિત થયા છો.
13 Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu!
૧૩તો એને બદલે જેમ બાળકોને તેમ તમને કહું છું, તમે પણ હૃદયથી ઉદાર થાઓ.
14 Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?
૧૪અવિશ્વાસીઓની સાથે અઘટિત સંબંધ ન રાખો; કેમ કે ન્યાયીપણાને અન્યાયીપણા સાથે શો સંબંધ હોય? અને અજવાળાંને અંધકારની સાથે શી સંગત હોય?
15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?
૧૫અને ખ્રિસ્ત સાથે શેતાનનો સંબંધ હોઈ શકે? કે વિશ્વાસીને અવિશ્વાસીની સાથે શો ભાગ હોય?
16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ, “Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.”
૧૬અને ઈશ્વરના સભાસ્થાનને મૂર્તિઓની સાથે સંબંધ હોય ખરો? કેમ કે આપણે જીવતા ઈશ્વરનું ભક્તિસ્થાન છીએ, જેમ ઈશ્વરે કહ્યું કે, ‘હું તેઓમાં રહીશ તથા ચાલીશ; તેઓનો ઈશ્વર થઈશ; અને તેઓ મારા લોક થશે.’”
17 Ɛno enti, “Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Awurade na ɔseɛ. Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho, na mɛgye mo.”
૧૭માટે, ‘તમે તેઓમાંથી નીકળી આવો, અને જુદા થાઓ,’ એમ પ્રભુ કહે છે, ‘અશુદ્ધને સ્પર્શ ન કરો, અને હું તમારો સ્વીકાર કરીશ,
18 Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.” Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
૧૮અને તમારો પિતા થઈશ, અને તમે મારા દીકરાદીકરીઓ થશો, એમ સર્વસમર્થ પ્રભુ કહે છે.’”

< 2 Korintofoɔ 6 >