< 2 Korintofoɔ 4 >
1 Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno enti, ɛmma yɛn akoma ntu.
為此,我們既蒙垂青,獲得了這職務,我們決不膽怯;
2 Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yɛntwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma ɔnnye deɛ Atwerɛsɛm no nkaeɛ nni. Yɛgyae saa aniwudeɛ no nyinaa. Yɛgyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokorɛ ma wɔn a wɔnim yɛn no nyinaa gye di.
反而戒絕了一切可恥的行為,不以狡猾行事,也不變通天主的道理,只是藉著顯示真理,在天主前將我們自己舉薦於眾人的良心。
3 Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
但如果說我們的福音也被蒙住了,那只是為喪亡的人蒙著,
4 Wɔnnye nni, ɛfiri sɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn firi hann a ɛto gu wɔn so no ho; hann a ɛfiri Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn animuonyam no ho no. (aiōn )
因為今世的神已蒙蔽了這些不信者的心意,免得他們看見基督──天主的肖像──光榮福音的光明。 (aiōn )
5 Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu enti, yɛyɛ mo asomfoɔ.
因為我們不是宣傳我們自己,而是宣傳耶穌基督為主,我們只是因耶穌的緣故作了你們的奴僕。
6 Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
因為那吩咐『光從黑暗中照耀』的天主,曾經照耀;在我們心中,為使我們以那在[耶穌]基督的7面貌上,所閃耀的天主的光榮的知識,來光照別人。
7 Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn.
但我們是在瓦器中存有這寶貝,為彰顯那卓著的力量是屬於天主,並非出於我們。
8 Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba.
我們在各方面受了磨難,卻沒有被困住;絕了路,卻沒有絕望;
9 Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
被迫害,卻沒有被捨棄,被打倒,卻沒有喪亡;
10 Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
身上時常帶著耶穌的死狀,為使耶穌的生活也彰顯在我們有死的肉身上。
11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu.
的確,我們這些活著的人,時常為耶穌的緣故被交於死亡,為使耶穌的生活也彰顯在我們有死的肉身上。
12 Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
這樣看來,死亡施展在我們身上,生活卻施展在你們身上。
13 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di.
但我們既然具有經上所記載的:『我信了,所以我說』那同樣的信心,我們也信,所以也說,
14 Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
因為我們知道那使主耶穌復活的,也要使我們與耶穌一起復活,並使我們與你們一同站在衪前。
15 Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam.
真實,這一切都是為了你們,為使獲得恩寵的人越增多,感謝也越增加,好歸光榮於天主。
16 Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da.
為此,我們決不膽怯,縱使我們外在的人日漸損壞,但我們內在的人卻日日更新,
17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios )
因為我們這現時輕微的苦難,正分外無比地給我們造就永遠的光榮厚報, (aiōnios )
18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa. (aiōnios )
因為我們並不注目那看得見的,而只注目那看不見的;那看得見的,原是暫時的;那看不見的,才是永遠的。 (aiōnios )