< 2 Korintofoɔ 3 >

1 Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa?
Do we begin again to commend ourselves? or need we, as some [others], epistles of commendation to you, or [letters] of commendation from you.
2 Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan.
Ye are our epistle written in our hearts, known and read by all men:
3 Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu.
[Forasmuch as ye are] manifestly declared to be the epistle of Christ ministered by us, written not with ink, but with the Spirit of the living God; not on tables of stone, but on fleshly tables of the heart.
4 Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.
And such trust we have through Christ toward God.
5 Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn.
Not that we are sufficient by ourselves to think any thing as from ourselves; but our sufficiency [is] from God;
6 Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.
Who also hath made us able ministers of the new testament; not of the letter, but of the spirit: for the letter killeth, but the spirit giveth life.
7 Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ.
But if the ministration of death, written [and] engraven on stones, was glorious, so that the children of Israel could not steadfastly behold the face of Moses for the glory of his countenance; which [glory] was to be done away;
8 Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa?
How shall not the ministration of the Spirit be rather glorious?
9 Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so?
For if the ministration of condemnation [was] glory, much more doth the ministration of righteousness exceed in glory.
10 Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera.
For even that which was made glorious had no glory in this respect, by reason of the glory that excelleth.
11 Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛre mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.
For if that which was done away [was] glorious, much more that which remaineth [is] glorious.
12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru.
Seeing then that we have such hope, we use great plainness of speech:
13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no.
And not as Moses, [who] put a vail over his face, that the children of Israel could not steadfastly look to the end of that which is abolished:
14 Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di.
But their minds were blinded: for until this day the same vail remaineth untaken away in the reading of the old testament; which [vail] is done away in Christ.
15 Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so.
But even to this day, when Moses is read, the vail is upon their heart.
16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ.
Nevertheless, when it shall turn to the Lord, the vail shall be taken away.
17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ.
Now the Lord is that Spirit: and where the Spirit of the Lord [is], there [is] liberty.
18 Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.
But we all, with open face beholding as in a glass the glory of the Lord, are changed into the same image from glory to glory, [even] as by the Spirit of the Lord.

< 2 Korintofoɔ 3 >