< 2 Korintofoɔ 2 >

1 Enti, meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhoɔ.
But I determined this to myself, not again to come unto you in sorrow.
2 Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhoɔ a, hwan na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhoɔ no anaa?
For if I grieve you, who indeed is the one giving me joy, except the one being grieved by me?
3 Saa enti na metwerɛɛ saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa korɔ no ara a mobɛgye mʼani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Menim yie sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo.
And I wrote this same thing, in order that, having come, I may not have grief over those from whom it behooves me to rejoice; and having confidence in you all, that my joy is the joy of you all.
4 Mede amanehunu, awerɛhoɔ ne nisuo na ɛretwerɛ mo saa krataa yi. Mantwerɛ mammɛhyɛ mo awerɛhoɔ na mmom, metwerɛ de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.
For out of much tribulation and anguish of heart, I wrote to you through many tears; not in order that you may be grieved, but that you may know the divine love which I have unto you exceedingly.
5 Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so.
But if any one has grieved you all, he has not grieved me, but in part, that I may not burden you excessively.
6 Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no.
This punishment which for many to such a one is sufficient;
7 Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so.
so on the contrary you should rather forgive and comfort him, lest perhaps such a one may be swallowed up with excessive grief.
8 Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.
Therefore I exhort you to stir up your divine love for him:
9 Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa.
for unto this also I wrote, in order that I may know your approval, if you are obedient in all things.
10 Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim
But to whom you forgive anything, I do also: for indeed whatsoever I have forgiven, if I have forgiven anything, it is for your sakes in the face of Christ;
11 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ.
in order that we may not be gobbled up by Satan: for we are not ignorant of his devices.
12 Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ.
And having come into Troas, for the gospel of Christ, and there being a door opened unto me in the Lord,
13 Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia.
and I had no rest to my spirit, because I did not find my brother Titus: but having bidden them adieu, I came away into Macedonia.
14 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santene wɔ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ kɔ baabiara sɛ aduhwam.
But thanks be unto God, who always causes us to triumph in Christ, and manifesting the fragrance of his knowledge through us in every place:
15 Yɛte sɛ aduhwam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛ kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu.
because we are a sweet savour of Christ unto God, among those who are saved, and among those who perish;
16 Na wɔn a wɔreyera no deɛ, ɛyɛ wɔn hwa bɔne a ɛtumi kum. Nanso, wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hwam a ɛma wɔn nkwa. Hwan na ɔbɛtumi agyina adwuma a ɛyɛ den sei anim?
unto the latter a savour from death unto death; but unto the former a savour from life unto life. And who is sufficient for these things?
17 Yɛnte sɛ nnipa afoforɔ bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔndeɛ bi, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no enti, yɛka nokorɛ wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfoɔ.
For we are not as many, corrupting the word of God: but as of purity, but as from God, we speak in Christ, in the presence of God.

< 2 Korintofoɔ 2 >