< 2 Korintofoɔ 13 >

1 Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.”
Evo treći put idem k vama. Svaka presuda neka počiva na iskazu dvojice ili trojice svjedoka.
2 Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn,
Onima koji su prije sagriješili i svima drugima rekoh već i opet - kao onda drugi put nazočan, tako i sada nenazočan - unaprijed velim: ako opet dođem, neću štedjeti.
3 ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu.
Jer vi tražite dokaz da u meni govori Krist koji prema vama nije nemoćan, nego je snažan među vama.
4 Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ enti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
I raspet bi, istina, po slabosti, ali živi po snazi Božjoj. I mi smo, istina, slabi u njemu, ali ćemo po snazi Božjoj živjeti s njime za vas.
5 Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no.
Same sebe ispitujte, jeste li u vjeri! Same sebe provjeravajte! Zar ne spoznajete sami sebe: da je Isus Krist u vama? Inače niste pravi.
6 Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo.
A spoznat ćete, nadam se, da smo mi pravi.
7 Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim.
Molimo se Bogu da ne činite nikakva zla; ne da se mi pokažemo pravi, nego da vi dobro činite, pa izašli mi i kao nepravi.
8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no.
Ta ništa ne možemo protiv istine, nego samo za istinu.
9 Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ.
Da, radujemo se kad smo mi slabi, a vi jaki. Za to se i molimo, za vaše usavršavanje.
10 Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.
To vam nenazočan pišem zato da nazočan ne bih morao oštro nastupiti vlašću koju mi Gospodin dade za izgrađivanje, a ne za rušenje.
11 Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.
Uostalom, braćo, radujte se, usavršujte se, tješite se, složni budite, mir njegujte i Bog ljubavi i mira bit će s vama.
12 Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
Pozdravite jedni druge svetim cjelovom.
13 Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.
Pozdravljaju vas svi sveti.
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.
Milost Gospodina Isusa Krista, ljubav Boga i zajedništvo Duha Svetoga sa svima vama!

< 2 Korintofoɔ 13 >