< 2 Korintofoɔ 12 >
1 Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.
무익하나마 내가 부득불 자랑하노니 주의 환상과 계시를 말하리라
2 Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.
내가 그리스도 안에 있는 한 사람을 아노니 십 사년 전에 그가 세째 하늘에 이끌려 간 자라 (그가 몸 안에 있었는지 몸 밖에 있었는지 나는 모르거니와 하나님은 아시느니라)
3 Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.
내가 이런 사람을 아노니 (그가 몸 안에 있었는지 몸 밖에 있었는지 나는 모르거니와 하나님은 아시느니라)
4 Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka.
그가 낙원으로 이끌려 가서 말할 수 없는 말을 들었으니 사람이 가히 이르지 못할 말이로다
5 Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho.
내가 이런 사람을 위하여 자랑하겠으나 나를 위하여는 약한 것들 외에 자랑치 아니하리라
6 Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no.
내가 만일 자랑하고자 하여도 어리석은 자가 되지 아니할 것은 내가 참말을 함이라 그러나 누가 나를 보는 바와 내게 듣는 바에 지나치게 생각할까 두려워하여 그만 두노라
7 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi enti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam ɔbɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase.
여러 계시를 받은 것이 지극히 크므로 너무 자고(自高)하지 않게 하시려고 내 육체에 가시 곧 사단의 사자를 주셨으니 이는 나를 쳐서 너무 자고하지 않게 하려 하심이니라
8 Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma ɛmfiri me so nkɔ.
이것이 내게서 떠나기 위하여 내가 세 번 주께 간구하였더니
9 Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.
내게 이르시기를 내 은혜가 네게 족하도다! 이는 내 능력이 약한데서 온전하여짐이라 하신지라 이러므로 도리어 크게 기뻐함으로나의 여러 약한 것들에 대하여 자랑하리니 이는 그리스도의 능력으로 내게 머물게 하려 함이라
10 Esiane Kristo enti, mepene mmerɛyɛ, ɔyea, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri sɛ, me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den.
그러므로 내가 그리스도를 위하여 약한 것들과, 능욕과, 궁핍과, 핍박과, 곤란을 기뻐하노니 이는 내가 약할 그 때에 곧 강함이니라
11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no.
내가 어리석은 자가 되었으나 너희에게 억지로 시킨 것이니 내가 너희에게 칭찬을 받아야 마땅하도다 내가 아무 것도 아니나 지극히 큰 사도들보다 조금도 부족하지 아니하니라
12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.
사도의 표(標)된 것은 내가 너희 가운데서 모든 참음과, 표적과, 기사와, 능력을 행한 것이라
13 Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.
내 자신이 너희에게 폐를 끼치지 아니한 일밖에 다른 교회보다 부족하게 한 것이 무엇이 있느냐? 너희는 나의 이 공평치 못한 것을 용서하라
14 Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo.
보라 이제 세 번째 너희에게 가기를 예비하였으나 너희에게 폐를 끼치지 아니하리라 나의 구하는 것은 너희 재물이 아니요 오직 너희니라 어린 아이가 부모를 위하여 재물을 저축하는 것이 아니요 이에 부모가 어린 아이를 위하여 하느니라
15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yie no enti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa?
내가 너희 영혼을 위하여 크게 기뻐함으로 재물을 허비하고 또 내 자신까지 허비하리니 너희를 더욱 사랑할 수록 나는 덜 사랑을 받겠느냐
16 Mobɛte aseɛ sɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo.
하여간 어떤 이의 말이 내가 너희에게 짐을 지우지는 아니하였을지라도 공교한 자가 되어 궤계로 너희를 취하였다 하니
17 Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa?
내가 너희에게 보낸 자 중에 누구로 너희의 이(利)를 취하더냐?
18 Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?
내가 디도를 권하고 함께 한 형제를 보내었으니 디도가 너희의 이(利)를 취하더냐 우리가 동일한 성령으로 행하지 아니하더냐 동일한 보조로 하지 아니하더냐?
19 Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo.
이 때까지 우리가 우리를 너희에게 변명하는 줄로 생각하는구나 우리가 그리스도 안에서 하나님 앞에 말하노라 사랑하는 자들아! 이 모든 것은 너희의 덕을 세우기 위함이니라
20 Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no.
내가 갈 때에 너희를 나의 원하는 것과 같이 보지 못하고 또 내가 너희에게 너희의 원치 않는 것과 같이 보일까 두려워하며 또 다툼과, 시기와, 분냄과, 당 짓는 것과, 중상함과, 수군수군하는 것과, 거만함과, 어지러운 것이 있을까 두려워하고
21 Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.
또 내가 다시 갈 때에 내 하나님이 나를 너희 앞에서 낮추실까 두려워하고 또 내가 전에 죄를 지은 여러 사람의 그 행한 바 더러움과, 음란함과, 호색함을 회개치 아니함을 인하여 근심할까 두려워하노라