< 2 Korintofoɔ 11 >

1 Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa.
Ὄφελον ἀνείχεσθέ μου μικρὸν τῇ ἀφροσύνῃ· ἀλλὰ καὶ ἀνέχεσθέ μου·
2 Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo.
ζηλῶ γὰρ ὑμᾶς Θεοῦ ζήλῳ· ἡρμοσάμην γὰρ ὑμᾶς ἑνὶ ἀνδρί, παρθένον ἁγνὴν παραστῆσαι τῷ Χριστῷ·
3 Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no.
φοβοῦμαι δὲ μήπως, ὡς ὁ ὄφις Εὔαν ἐξηπάτησεν ἐν τῇ πανουργίᾳ αὐτοῦ, οὕτω φθαρῇ τὰ νοήματα ὑμῶν ἀπὸ τῆς ἁπλότητος τῆς εἰς τὸν Χριστόν.
4 Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.
εἰ μὲν γὰρ ὁ ἐρχόμενος ἄλλον Ἰησοῦν κηρύσσει ὃν οὐκ ἐκηρύξαμεν, ἢ πνεῦμα ἕτερον λαμβάνετε ὃ οὐκ ἐλάβετε, ἢ εὐαγγέλιον ἕτερον ὃ οὐκ ἐδέξασθε, καλῶς ἀνείχεσθε.
5 Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa.
λογίζομαι γὰρ μηδὲν ὑστερηκέναι τῶν ὑπερλίαν ἀποστόλων.
6 Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase.
εἰ δὲ καὶ ἰδιώτης τῷ λόγῳ, ἀλλ᾽ οὐ τῇ γνώσει, ἀλλ᾽ ἐν παντὶ φανερωθέντες ἐν πᾶσιν εἰς ὑμᾶς.
7 Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa?
Ἢ ἁμαρτίαν ἐποίησα ἐμαυτὸν ταπεινῶν ἵνα ὑμεῖς ὑψωθῆτε, ὅτι δωρεὰν τὸ τοῦ Θεοῦ εὐαγγέλιον εὐηγγελισάμην ὑμῖν;
8 Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka.
ἄλλας ἐκκλησίας ἐσύλησα λαβὼν ὀψώνιον πρὸς τὴν ὑμῶν διακονίαν, καὶ παρὼν πρὸς ὑμᾶς καὶ ὑστερηθεὶς οὐ κατενάρκησα οὐδενός·
9 Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da.
τὸ γὰρ ὑστέρημά μου προσανεπλήρωσαν οἱ ἀδελφοὶ ἐλθόντες ἀπὸ Μακεδονίας· καὶ ἐν παντὶ ἀβαρῆ ὑμῖν ἐμαυτὸν ἐτήρησα καὶ τηρήσω.
10 Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da.
ἔστιν ἀλήθεια Χριστοῦ ἐν ἐμοὶ ὅτι ἡ καύχησις αὕτη οὐ φραγήσεται εἰς ἐμὲ ἐν τοῖς κλίμασι τῆς Ἀχαΐας.
11 Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
διατί; ὅτι οὐκ ἀγαπῶ ὑμᾶς; ὁ Θεὸς οἶδεν·
12 Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ.
ὃ δὲ ποιῶ, καὶ ποιήσω, ἵνα ἐκκόψω τὴν ἀφορμὴν τῶν θελόντων ἀφορμήν, ἵνα ἐν ᾧ καυχῶνται εὑρεθῶσι καθὼς καὶ ἡμεῖς.
13 Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ.
οἱ γὰρ τοιοῦτοι ψευδαπόστολοι, ἐργάται δόλιοι, μετασχηματιζόμενοι εἰς ἀποστόλους Χριστοῦ.
14 Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann.
καὶ οὐ θαυμαστόν· αὐτὸς γὰρ ὁ σατανᾶς μετασχηματίζεται εἰς ἄγγελον φωτός.
15 Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.
οὐ μέγα οὖν εἰ καὶ οἱ διάκονοι αὐτοῦ μετασχηματίζονται ὡς διάκονοι δικαιοσύνης, ὧν τὸ τέλος ἔσται κατὰ τὰ ἔργα αὐτῶν.
16 Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho.
Πάλιν λέγω, μή τίς με δόξῃ ἄφρονα εἶναι· εἰ δὲ μή γε, κἂν ὡς ἄφρονα δέξασθέ με, ἵνα κἀγὼ μικρόν τι καυχήσωμαι.
17 Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea.
ὃ λαλῶ, οὐ λαλῶ κατὰ Κύριον, ἀλλ᾽ ὡς ἐν ἀφροσύνῃ, ἐν ταύτῃ τῇ ὑποστάσει τῆς καυχήσεως.
18 Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa.
ἐπεὶ πολλοὶ καυχῶνται κατὰ τὴν σάρκα, κἀγὼ καυχήσομαι.
19 Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ.
ἡδέως γὰρ ἀνέχεσθε τῶν ἀφρόνων φρόνιμοι ὄντες·
20 Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so.
ἀνέχεσθε γὰρ εἴ τις ὑμᾶς καταδουλοῖ, εἴ τις κατεσθίει, εἴ τις λαμβάνει, εἴ τις ἐπαίρεται, εἴ τις ὑμᾶς εἰς πρόσωπον δέρει.
21 Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi.
κατὰ ἀτιμίαν λέγω, ὡς ὅτι ἡμεῖς ἠσθενήσαμεν. ἐν ᾧ δ᾽ ἄν τις τολμᾷ, ἐν ἀφροσύνῃ λέγω, τολμῶ κἀγώ.
22 Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi.
Ἑβραῖοί εἰσι; κἀγώ· Ἰσραηλῖταί εἰσι; κἀγώ· σπέρμα Ἀβραάμ εἰσι; κἀγώ·
23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso.
διάκονοι Χριστοῦ εἰσι; παραφρονῶν λαλῶ, ὑπὲρ ἐγώ· ἐν κόποις περισσοτέρως, ἐν πληγαῖς ὑπερβαλλόντως, ἐν φυλακαῖς περισσοτέρως, ἐν θανάτοις πολλάκις·
24 Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum.
ὑπὸ Ἰουδαίων πεντάκις τεσσαράκοντα παρὰ μίαν ἔλαβον,
25 Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn.
τρὶς ἐρραβδίσθην, ἅπαξ ἐλιθάσθην, τρὶς ἐναυάγησα, νυχθήμερον ἐν τῷ βυθῷ πεποίηκα·
26 Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane.
ὁδοιπορίαις πολλάκις, κινδύνοις ποταμῶν, κινδύνοις λῃστῶν, κινδύνοις ἐκ γένους, κινδύνοις ἐξ ἐθνῶν, κινδύνοις ἐν πόλει, κινδύνοις ἐν ἐρημίᾳ, κινδύνοις ἐν θαλάσσῃ, κινδύνοις ἐν ψευδαδέλφοις·
27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ.
ἐν κόπῳ καὶ μόχθῳ, ἐν ἀγρυπνίαις πολλάκις, ἐν λιμῷ καὶ δίψει, ἐν νηστείαις πολλάκις, ἐν ψύχει καὶ γυμνότητι·
28 Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia.
χωρὶς τῶν παρεκτὸς ἡ ἐπισύστασίς μου ἡ καθ᾽ ἡμέραν, ἡ μέριμνα πασῶν τῶν ἐκκλησιῶν.
29 Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho.
τίς ἀσθενεῖ, καὶ οὐκ ἀσθενῶ; τίς σκανδαλίζεται, καὶ οὐκ ἐγὼ πυροῦμαι;
30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu.
εἰ καυχᾶσθαι δεῖ, τὰ τῆς ἀσθενείας μου καυχήσομαι.
31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. (aiōn g165)
ὁ Θεὸς καὶ πατὴρ τοῦ Κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ οἶδεν, ὁ ὢν εὐλογητὸς εἰς τοὺς αἰῶνας, ὅτι οὐ ψεύδομαι. (aiōn g165)
32 Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me.
ἐν Δαμασκῷ ὁ ἐθνάρχης Ἀρέτα τοῦ βασιλέως ἐφρούρει τὴν Δαμασκηνῶν πόλιν πιάσαι με θέλων,
33 Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.
καὶ διὰ θυρίδος ἐν σαργάνῃ ἐχαλάσθην διὰ τοῦ τείχους καὶ ἐξέφυγον τὰς χεῖρας αὐτοῦ.

< 2 Korintofoɔ 11 >