< 2 Korintofoɔ 10 >

1 Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ:
我保祿──就是那在你們中面對面時就謙卑,不在的時候就對你們膽大的──親自藉基督的溫良和良善勸告你們,
2 Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so.
甚至求你們,不要叫我到你們那裏時,因果決而大了膽──這種果決,本來是我決意要對付那些,以我們為按照血肉而行事的人的──
3 Ɛyɛ nokorɛ sɛ, yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu.
我們固然是在血肉中行事,卻不是按照血肉而交戰,
4 Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano yɛ den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu.
因為我們作戰的武器,不是屬於血肉的,而是憑天主有力的武器,足以攻破堅固的堡壘:攻破敵人詭計,
5 Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo.
以及一切為反對天主的智識所樹立的高塞,並擄獲一切人的心意,使之基督;
6 Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi sane yɛ asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.
並且我們已準備停當,及至你們完全a寺,來懲罰一切的不服從。
7 Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka sɛ, ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri sɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso yɛ ne dea no.
你們看看擺在眼前的事實罷! 如果自信是屬於基督的,他自己該再想想:他怎樣屬於基督,我們也怎樣是;
8 Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho.
因為既便我對我們的權柄有一點過份的誇耀──這權柄是由主所賜與,為建樹,而不是為破壞你們的──我也不羞愧,
9 Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo.
免得有人以為我好像只會藉著書信來恐嚇你們。
10 Obi bɛka sɛ, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ ya nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!”
因為有人說:「他的書信的確嚴厲而又強硬,但他本人在時卻軟弱無能,言語又空洞可輕。」
11 Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.
這樣的人該想一想,我們不在的時候,寫信時在言語上是怎樣,我們來到的時候,在行事上也必是這樣。
12 Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn.
其實;我們不敢拿自己與某些舉薦自己的人同例或相比:他們是以自己來度量自己,以自己來跟自己相比,這決不是明智。
13 Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no.
我們誇耀決不越過範圍,而只是按照天主所指給我們的界限範圍,照這範圍也一直達到你們那裏。
14 Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra.
我們並沒有過於伸展自己,好像從沒有到達你們那裏似的,其實,是我們先帶著基督的福音,到了你們那裏的;
15 Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne sɛ mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no.
我們共並沒有越過了範圍,以別人勞苦而誇耀;我們只希望因著你們信德的長進,在你們中按照指給我們的界限越發開展,
16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho.
以致將福音傳到你們以外的地方,但不在別人的界限內,以別人已成的事而誇耀。
17 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ adeɛ a Awurade ayɛ mu.”
『凡要誇耀的,應當因主而誇耀。』
18 Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu.
因為不是自己舉薦自己的,那人是可取的,而是天主所舉薦的。

< 2 Korintofoɔ 10 >