< 2 Korintofoɔ 1 >
1 Krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Mede saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:
本函来自奉上帝旨意成为基督耶稣信徒的保罗,以及我们的教友提摩太兄弟。它将送给哥林多的上帝教会,以及和亚该亚地区的所有上帝子民。
2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
愿你们获得来自天父和主耶稣基督的恩典与平安。
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase.
赞颂上帝、主耶稣基督的天父。他是充满怜悯的天父,是赐予所有抚慰的上帝。
4 Ɔkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ.
上帝在我们经历的所有苦难中抚慰我们,让我们可以用他所赐的抚慰,抚慰其他置身苦难之人。
5 Sɛdeɛ yɛahunu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yɛnya Kristo awerɛkyekyerɛ a ɛdɔɔso no.
我们越多承受基督所受的痛苦,就会获得更多基督的抚慰。
6 Mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ enti yɛhunu amane. Ɛfiri sɛ, sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a, yɛn nso yɛnam so bɛtumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma mo anya ntoboaseɛ ahunu amane sɛ yɛn nso.
如果我们身处不幸,那是为了能获得抚慰和拯救。如果我们获得抚慰,你也会获得抚慰,让你能够耐心地熬过我们所受的痛苦。
7 Enti, gyidie a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yɛnim sɛ, sɛdeɛ mo ne yɛn hunu amane no, saa ara nso na awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, monya bi.
我们对你们充满信心,因为我们知道,你们承担了我们受的痛苦,但也必会获得我们的抚慰。
8 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidasoɔ nyinaa yeraeɛ.
兄弟姐妹们,我们要向你们讲述我们在亚西亚遭受的苦难。那苦难如此强烈,我们甚至担心没有足够的力量继续下去,甚至不知道能否活着结束这一切。
9 Nokorɛm yɛgye too mu sɛ yɛrebɛwu. Saa asɛm yi siiɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufoɔ sɔre no so.
事实上,那就像我们内在已被判处了死刑。但也正因为如此,我们不再仅倚靠自己的力量,而是去相信可以让人死而复生的上帝。
10 Wayi yɛn afiri saa owuo amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpaeɛ ma yɛn a,
他将我们从可怕的死亡中拯救出来,他还会再次这样做。我们完全相信上帝会继续拯救我们。
11 ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
请为我们祈祷,这也是对我们的支持。通过这种方式让众人为我们感谢上帝,上帝将会根据众人的祈祷,赐予我们恩典。
12 Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokorɛdie mu, ne titire ne ɛberɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ ewiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ firi Onyankopɔn adom no mu.
我们始终以恰当的方式对待其他人,尤其是你们。我们的良心也证明了这一点,对此我们深感自豪。我们以圣洁和真诚遵循上帝的原则,不是依靠世俗的聪明,而是凭借上帝的恩典。
13 Nsɛm a mobɛtumi akenkan, ate aseɛ nko na yɛtwerɛ de brɛ mo. Mewɔ anidasoɔ sɛ, mobɛte biribiara a
我们不会以复杂的语言撰写任何文字,因为我们希望你们能够读懂和理解。我希望你们最终能够理解,
14 monnte aseɛ yie no ase daakye sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.
即使你们现在并未全部理解,当主降临的时候,你们也会以我们为荣,就像我们也会以你们为荣。
15 Na menim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno enti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu.
我非常确信你们对我的信念,所以计划首先造访你们,让你们可以再次获得恩惠。
16 Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.
随后我将去马其顿,再从马其顿返回你们那里,你们将送我去犹太。
17 Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani?
我为什么要改变最初的计划?你们是否认为我总是轻易做决定?是否认为我如凡俗之人一般,在计划一切时总是似是而非?
18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a.
上帝是值得信赖的,我们向你们所传之道绝不是似是而非,
19 Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so.
因为我、西拉和提摩太向你们宣扬耶稣基督、上帝之子的真理,不可能似是而非。以基督为名,所有的一切都是绝对的“是。”
20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
对于上帝的所有承诺,基督的回答始终都为“是。”通过耶稣,我们也向上帝的荣耀说“是。”
21 Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn
上帝赐予你我所有人内在的力量,坚定地与基督同在。他已经指认了我们,
22 faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
在我们身上盖下批准的印章,这也是圣灵可以说服我们的保证。
23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim mʼakoma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya kwan agye mo ahome enti na mankɔ Korinto no.
我呼求上帝给我作证,我之所以没有到哥林多,就是为了避免为你们带来苦痛。
24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn.
我们不希望命令你们与上帝的信仰,而是希望帮助你们获得欢喜的体验,因为你们对上帝的信仰让你们更坚定。