< 2 Berɛsosɛm 1 >
1 Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.
Solomon, son of David, strengthened his hold over the kingdom, and the Lord God was with him and made him extremely powerful.
2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa.
Solomon sent for all the Israelite leaders, to the commanders of thousands and of hundreds, to the judges, and to every family leader.
3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no.
Solomon went with the whole assembly to the high place at Gibeon, for this was the site of God's Tent of Meeting that Moses, the Lord's servant, had made in the wilderness.
4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu.
David had brought up the Ark of God from Kiriath-jearim to the place in Jerusalem where he had set up a tent for it.
5 Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.
However, the bronze altar made by Bezalel, son of Uri, son of Hur, was there in front of the Tent of the Lord, so that is where Solomon and the assembly went to worship.
6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so.
Solomon went up to the bronze altar before the Lord, in front of the Tent of Meeting. There he presented one thousand burnt offerings.
7 Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”
That night God appeared to Solomon and told him, “Ask what you want me to give you.”
8 Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene.
Solomon responded to God, “You showed trustworthy love without limit to my father David, and you have made me king in his place.
9 Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene.
Lord God, please keep the promise you made to my father David. You have made me king over a nation that has as many people as the dust of the earth.
10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?”
Please give me wisdom and knowledge to lead this people—for who can rule with justice this great people of yours?”
11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti,
God told Solomon: “Because this is what you really wanted, and you didn't ask for wealth, possessions, or honor, or the death of those who hate you, or for a long life, but instead you asked for wisdom and knowledge so you can rule with justice my people that I have made you king over;
12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”
wisdom and knowledge is given to you. I will give you wealth, possessions, and honor as well, much more than any king who came before you has had, or who comes after you will ever have.”
13 Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so.
Then Solomon returned to Jerusalem from the Tent of Meeting in Gibeon, and he ruled over Israel.
14 Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem.
Solomon built up an army of chariots and horses. He had 1,400 chariots and 12,000 horses, which he placed in the chariot cities, and also with him in Jerusalem.
15 Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no.
The king made silver and gold as plentiful in Jerusalem as stones, and cedar wood as plentiful as sycamore-figs trees in the foothills.
16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia.
Solomon imported horses for himself from Egypt and Kue; the king's traders bought them in Kue.
17 Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.
A chariot could be imported from Egypt for six hundred silver shekels, and a horse for a hundred and fifty. In the same way they exported them to all the Hittite kings and the Aramean kings.