< 2 Berɛsosɛm 9 >

1 Ɛberɛ a Seba Ɔhemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyie yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfoɔ bebree, nyoma pii a wɔahyehyɛ nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ wɔ wɔn so na ɛbaeɛ.
Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae.
2 Ɔhyiaa Salomo no, wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ.
Ohyiaa Salomo no, wodii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ.
3 Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no,
Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no,
4 ne ho dwirii no. Ɔhunuu nnuane a ɛsisi ne didipono so no, sɛdeɛ watoto nʼadwumayɛfoɔ ne ntadeɛ fɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwanwa.
ne ho dwiriw no. Ohuu nnuan a esisi ne didipon so no, sɛnea watoto nʼadwumayɛfo ne ntade fɛɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwonwa.
5 Ɔfiri ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa deɛ woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokorɛ.
Ofi ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa nea woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokware.
6 Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
7 Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?
Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm.
8 Awurade, wo Onyankopɔn yɛ kɛse ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi ahennwa so sɛ di ɔhene ma no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahennie yi tena afebɔɔ; wasi wo ɔhene sɛdeɛ wode nokorɛ ne atɛntenenee bɛbu ɔman no.”
Awurade, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.”
9 Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ a ɛkari tɔno 4 ne nnuhwam pii ne aboɔdemmoɔ. Seba Ɔhemmaa nnuhwam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.
Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.
10 Ɛberɛ a Huram hyɛnmufoɔ ne Salomo nkurɔfoɔ de sikakɔkɔɔ firi Ofir baeɛ no, wɔde abako nnua pa bebree ne aboɔdemmoɔ kaa ho baeɛ.
Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae.
11 Ɔhene no de abako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfie no ntrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ nsankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefoɔ no. Na saa nnwontodeɛ no so bi mmaa da wɔ Yuda.
Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda.
12 Biribiara a Seba Ɔhemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara, na ɛboro deɛ ɔhemmaa de brɛɛ noɔ no so. Afei, ɔhemmaa no ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so.
13 Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno aduonu enum.
Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum.
14 Na sika a ɔnya firi adwadifoɔ nkyɛn no nka yei ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.
Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.
15 Ɔhene Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akokyɛm akɛseɛ ahanu a wɔde hamre boroeɛ, na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru boro kilogram nson.
Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason.
16 Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu.
17 Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.
Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho.
18 Na ahennwa no wɔ ntrapoe nsia a wɔde sikakɔkɔɔ nantiasoɔ afam ho. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahennwa no ho.
Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho.
19 Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.
Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho.
20 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.
Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi.
21 Na ɔhene no wɔ adwadie ahyɛn a emu adwumayɛfoɔ yɛ Huram asomfoɔ. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa brɛ ɔhene no.
Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no.
22 Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
23 Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
24 Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ.
Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ.
25 Na Salomo wɔ mpɔnkɔdan mpemnan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne mpɔnkɔ mpem dumienu. Ɔde mu fa kɛseɛ no kɔɔ nkuro a ne nteaseɛnam wɔ mu mu, ɛnna ɔmaa ebi nso bɛnee no wɔ Yerusalem.
Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem.
26 Ɔdii ɔhene, bunkam faa ahemfo nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate ano de kɔsi Filistifoɔ asase ne Misraim hyeɛ so.
Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so.
27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so.
Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no.
28 Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so.
Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ fi Misraim ne aman ahorow bebree so.
29 Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu odiyifoɔ Natan nwoma, Ahiya a ɔfiri Silo adiyisɛm ne nhunumuni Ido anisoadehunu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu.
Salomo ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu odiyifo Natan nhoma, Ahiya a ofi Silon adiyisɛm ne nhumuni Ido anisoadehu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu ana?
30 Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so ɔhene mfeɛ aduanan.
Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so hene mfirihyia aduanan.
31 Ɔwuiɛ no, wɔsiee no nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Owui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Berɛsosɛm 9 >