< 2 Berɛsosɛm 8 >

1 Salomo dii ɔhene no, ne mfeɛ aduonu so na ɔwiee Awurade Asɔredan sie dwumadie kɛseɛ ne nʼankasa ahemfie no sie.
Och efter tjugu år, i hvilkom Salomo Herrans hus, och sitt hus byggde;
2 Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkuro a ɔhene Huram de ama no no so. Ɔsiesiee nkuro no, na ɔmaa Israelfoɔ no kɔtenatenaa mu.
Byggde han ock de städer, som Hyram gaf Salomo, och lät Israels barn bo deruti.
3 Saa ɛberɛ yi ara mu nso na Salomo ko tiaa kuro Hamat-Soba, dii so nkonim.
Och Salomo drog till HamathZoba, och gjorde det fast;
4 Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ ɛserɛ so, na ɔkyekyeree nkuro wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma.
Och byggde Thadmor i öknene, och alla kornstäder, som han byggde i Hamath.
5 Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafoɔ Bet-Horon ho ban. Ɔsane too wɔn afasuo no, de apono a wɔbram akyire totoo ano.
Han byggde ock öfra och nedra BethHoron, hvilka faste städer voro med murar, portar och bommar;
6 Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam.
Desslikes Baalath, och alla kornstäder som Salomo hade, och alla vagnsstäder, och resenärars städer, och allt det Salomo lyste att bygga, både i Jerusalem och på Libanon, och i allo hans väldes lande.
7 Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Na saa nnipa no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
Allt det folk, som qvart blifvet var, af de Hetheer, Amoreer, Phereseer, Heveer och Jebuseer, som icke voro af Israels barn;
8 Yeinom yɛ aman a Israel ntɔree wɔn ase korakora no asefoɔ. Ɛno enti, Salomo hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔsom sɛ apaafoɔ.
Och deras barn, som de efter sig left hade i landena, hvilka Israels barn icke förlagt hade, gjorde Salomo skattpligtiga, allt intill denna dag.
9 Nanso, Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafoɔ, mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafoɔ so asahene.
Men af Israels barn gjorde Salomo inga trälar, till sitt arbete; utan de voro krigsmän, och öfver hans riddare, och öfver hans vagnar och resenärar.
10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahanu aduonum maa wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsoɔnnwuma so.
Och de öfverste Konung Salomos befallningsmän voro tuhundrad och femtio, som öfver folket rådde.
11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
Och Pharaos dotter lät Salomo hemta af Davids stad, uti det hus, som han för henne byggt hade; ty han sade: Min hustru skall icke bo uti Davids Israels Konungs huse; förty det är helgadt, efter Herrans ark der inkommen är.
12 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wasi wɔ Asɔredan no abankua no anim no so, maa Awurade.
Sedan offrade Salomo Herranom bränneoffer på Herrans altare, som han byggt hade för förhuset;
13 Ɛda biara, na wɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Mose hyɛɛ wɔn no. Afahyɛ ahodoɔ a wɔdiiɛ no bi ne Homeda, Ɔbosome Foforɔ Ɛda, ne mfirinhyia mmiɛnsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwaberɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ.
Till att offra hvart på sin dag, efter Mose bud; på Sabbather, nymånader, och på bestämda tider, tre resor om året; nämliga på osyrade bröds högtidene, på veckohögtidene, och på löfhyddohögtidene.
14 Salomo de asɔfoɔ no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifoɔ no dii ɔmanfoɔ no anim too ayɛyie nnwom, na wɔboaa asɔfoɔ no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ akuakuo no sisii wɔn apono ano sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa no kyerɛɛ wɔn no.
Och han satte Presterna i deras skifte till deras ämbete, såsom David hans fader det lagat hade; och Leviterna på deras vakt till att lofva och tjena för Presterna, hvar sin dag; och de dörravaktare i deras skifte, hvar vid sina dörr; ty så hade David den Guds mannen befallt.
15 Salomo ankwae amfiri akwankyerɛ a Dawid maeɛ a ɛfa asɔfoɔ, Lewifoɔ ne sikakorabea ho no.
Och man vek icke ifrå Konungens bud, om Presterna och Leviterna, i någrahanda ärende och håfvor.
16 Na Salomo hwɛɛ sɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho firi da a wɔtwaa ne fapem, kɔsi da a wɔde wiee sie no adi mu.
Alltså vardt redo hvad Salomo för händer haft hade, ifrå den dag, då Herrans hus grundadt vardt, intilldess han fullkomnade det; så att Herrans hus allt redo vardt.
17 Akyire no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ mpoano hɔ.
Så drog Salomo till EzionGeber, och till Eloth, vid hafsstrandena i Edoms land.
18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo.
Och Hyram sände honom skepp med sina tjenare, som sjöfarne voro; och de foro med Salomos tjenare till Ophir, och hemtade dädan fyrahundrad och femtio centener guld, och förde till Konung Salomo.

< 2 Berɛsosɛm 8 >