< 2 Berɛsosɛm 7 >

1 Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
2 Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na Awurade animuonyam ahyɛ hɔ ma.
Asɔfo no mpo antumi anhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ na Awurade anuonyam ahyɛ hɔ ma.
3 Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na Awurade animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree Awurade kamfoo no sɛ, “Ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”
Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se, “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
4 Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade.
Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa Awurade.
5 Ɔhene Salomo de anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu baeɛ sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Enti, ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano.
Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano.
6 Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ.
Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no.
7 Na afei, Salomo buee adihɔ mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔahye sradeɛ a ɛfiri asomdwoeɛ afɔdeɛ mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na wasi no, na ɛsua ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne sradeɛ afɔdeɛ nyinaa no.
Na afei, Salomo buee adiwo mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ ɔhyew afɔre na wɔahyew srade a efi asomdwoe afɔre mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, efisɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a na wasi no esua ma ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne srade afɔre nyinaa no.
8 Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no.
Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no.
9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no.
Da a ɛto so awotwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no.
10 Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.
Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye.
11 Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfie no sie. Ɔwiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
12 Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mate wo mpaeɛbɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ beaeɛ a wɔmmɔ afɔdeɛ.
Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se, “Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre.
13 “Ɛtɔ ɛda a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osuo rentɔ, anaa ebia mɛma ntutummɛ abɛsɛe mo mfudeɛ anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so.
“Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so.
14 Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ.
Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare.
15 Mpaeɛ biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, mɛtie,
Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie,
16 ɛfiri sɛ, mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fie daa daa. Mʼaniwa ne mʼakoma bɛtena ha daa.
efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa.
17 “Na wo deɛ, sɛ wodi mʼakyi sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na wotie mʼahyɛdeɛ, di me mmara nyinaa so a,
“Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a,
18 meremma obiara mfa wʼahennwa nkɔ. Saa bɔ korɔ yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid wɔ ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Meremma onipa a ɔbɛdi Israel so ɔhene mmɔ no no.’
meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’
19 “Nanso, sɛ wogya me, na wobu mmara ne ahyɛdeɛ a mahyɛ wo no so, na wokɔsom anyame foforɔ a,
“Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a,
20 ɛnneɛ, mɛtutu Israelfoɔ ase afiri mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din animuonyam no. Mɛyɛ no ahohoradeɛ ama aman nyinaa ahunu.
ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu.
21 Ɛwom, saa asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ atantanneɛ ama wɔn a wɔtwa mu hɔ no. Wɔbɛbisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sei aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’
Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’
22 Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’”
Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’”

< 2 Berɛsosɛm 7 >