< 2 Berɛsosɛm 5 >
1 Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.
И окончилась вся работа, которую производил Соломон для дома Господня. И принес Соломон посвященное Давидом, отцом его, и серебро и золото и все вещи отдал в сокровищницы дома Божия.
2 Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi wɔ Dawid kuro a na wɔsane frɛ hɔ Sion no, de kɔ beaeɛ foforɔ wɔ Asɔredan no mu hɔ.
Тогда собрал Соломон старейшин Израилевых и всех глав колен, начальников поколений сынов Израилевых, в Иерусалим, для перенесения ковчега завета Господня из города Давидова, то есть с Сиона.
3 Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim.
И собрались к царю все Израильтяне на праздник, в седьмой месяц.
4 Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no
И пришли все старейшины Израилевы. Левиты взяли ковчег
5 ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu.
и понесли ковчег и скинию собрания и все вещи священные, которые в скинии, - понесли их священники и левиты.
6 Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.
Царь же Соломон и все общество Израилево, собравшееся к нему пред ковчегом, приносили жертвы из овец и волов, которых невозможно исчислить и определить, по причине множества.
7 Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ, de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase.
И принесли священники ковчег завета Господня на место его, в давир храма - во Святое Святых, под крылья херувимов.
8 Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so.
И херувимы распростирали крылья над местом ковчега, и покрывали херувимы ковчег и шесты его сверху.
9 Na nnua no woware yie; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
И выдвинулись шесты, так что головки шестов ковчега видны были пред давиром, но не выказывались наружу, и они там до сего дня.
10 Na biribiara nni adaka no mu sɛ aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb wɔ ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no.
Не было в ковчеге ничего кроме двух скрижалей, которые положил Моисей на Хориве, когда Господь заключил завет с сынами Израилевыми, по исходе их из Египта.
11 Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho.
Когда священники вышли из святилища, ибо все священники, находившиеся там, освятились без различия отделов;
12 Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho.
и левиты певцы, - все они, то есть Асаф, Еман, Идифун и сыновья их, и братья их, - одетые в виссон, с кимвалами и с псалтирями и цитрами стояли на восточной стороне жертвенника, и с ними сто двадцать священников, трубивших трубами,
13 Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade sɛ: “Ɔyɛ! Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma.
и были, как один, трубящие и поющие, издавая один голос к восхвалению и славословию Господа; и когда загремел звук труб и кимвалов и музыкальных орудий, и восхваляли Господа, ибо Он благ, ибо вовек милость Его; тогда дом, дом Господень, наполнило облако,
14 Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.
и не могли священники стоять на служении по причине облака, потому что слава Господня наполнила дом Божий.