< 2 Berɛsosɛm 4 >

1 Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum.
He made a bronze altar twenty cubits long, twenty cubits wide, and ten cubits high.
2 Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum.
He also made the Sea of cast metal. It was circular in shape, measuring ten cubits from rim to rim, five cubits in height, and thirty cubits in circumference.
3 Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no.
Below the rim, figures of oxen encircled it, ten per cubit all the way around the Sea, cast in two rows as a part of the Sea.
4 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam.
The Sea stood on twelve oxen, three facing north, three facing west, three facing south, and three facing east. The Sea rested on them, with all their hindquarters toward the center.
5 Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum.
It was a handbreadth thick, and its rim was fashioned like the brim of a cup, like a lily blossom. It could hold three thousand baths.
6 Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi.
He also made ten basins for washing and placed five on the south side and five on the north. The parts of the burnt offering were rinsed in them, but the priests used the Sea for washing.
7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no.
He made ten gold lampstands according to their specifications and placed them in the temple, five on the south side and five on the north.
8 Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.
Additionally, he made ten tables and placed them in the temple, five on the south side and five on the north. He also made a hundred gold bowls.
9 Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.
He made the courtyard of the priests and the large court with its doors, and he overlaid the doors with bronze.
10 Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ.
He put the Sea on the south side, at the southeast corner.
11 Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.
Additionally, Huram made the pots, shovels, and sprinkling bowls. So Huram finished the work that he had undertaken for King Solomon in the house of God:
12 Afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no,
the two pillars; the two bowl-shaped capitals atop the pillars; the two sets of network covering both bowls of the capitals atop the pillars;
13 ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no).
the four hundred pomegranates for the two sets of network (two rows of pomegranates for each network covering both the bowl-shaped capitals atop the pillars);
14 Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so,
the stands; the basins on the stands;
15 Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ,
the Sea; the twelve oxen underneath the Sea;
16 nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no.
and the pots, shovels, meat forks, and all the other articles. All these objects that Huram-abi made for King Solomon for the house of the LORD were of polished bronze.
17 Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu.
The king had them cast in clay molds in the plain of the Jordan between Succoth and Zeredah.
18 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano.
Solomon made all these articles in such great abundance that the weight of the bronze could not be determined.
19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia; apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so;
Solomon also made all the furnishings for the house of God: the golden altar; the tables on which was placed the Bread of the Presence;
20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no;
the lampstands of pure gold and their lamps, to burn in front of the inner sanctuary as prescribed;
21 nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa;
the flowers, lamps, and tongs of gold—of purest gold;
22 nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ amapa; apono a wɔtintim wɔ ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa.
the wick trimmers, sprinkling bowls, ladles, and censers of purest gold; and the gold doors of the temple: the inner doors to the Most Holy Place as well as the doors of the main hall.

< 2 Berɛsosɛm 4 >