< 2 Berɛsosɛm 35 >

1 Afei, Yosia bɔɔ dawuro sɛ, wɔbɛdi Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem wɔ bosome a ɛdi ɛkan no da a ɛtɔ so dunan. Wɔkunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no da no wɔ ɛberɛ a owia rekɔtɔ.
And Josiah kept, in Jerusalem, a passover unto Yahweh, —and they slaughtered the passover, on the fourteenth of the first month.
2 Yosia maa asɔfoɔ no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadie mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
And he set the priests over their charges, —and encouraged them unto the service of the house of Yahweh;
3 Ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Israel no sɛ, “Esiane sɛ seesei Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa no mo mmati so de adi akɔneaba enti, momfa mo mmerɛ nsom Awurade, mo Onyankopɔn ne ne nkurɔfoɔ Israel.
and said to the Levites who gave instruction to all Israel as to the things which were hallowed unto Yahweh, Put the holy ark in the house which Solomon son of David king of Israel did build, it is not yours as a burden on the shoulder, —Now, serve ye Yahweh your God, and his people Israel;
4 Monkɔ mo nnwuma so sɛdeɛ mo agyanom mmusua nkyekyɛmu teɛ, ne sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no kyerɛ.
and prepare yourselves by your ancestral houses, according to your courses, —by the writing of David king of Israel, and by what hath been written by Solomon his son;
5 “Afei, monnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no wɔ ɛberɛ a wɔde wɔn afɔdeɛ aba Asɔredan mu no.
and stand ye in the holy place, by the divisions of the ancestral house, for your brethren, the sons of the people, and the partitioning of an ancestral house, for the Levites.
6 Monkum Twam Afahyɛ nnwammaa no, na monnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛdeɛ biara a Awurade nam Mose so de maeɛ no, monni so.”
So slaughter ye the passover, —and hallow yourselves, and prepare for your brethren, that they may do according to the word of Yahweh, by the hand of Moses.
7 Na Yosia firii deɛ ɔwɔ mu, maa nnwammaa ne mmirekyie mma ɔpeduasa ne anantwinini mpem mmiɛnsa sɛ nnipa no Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
And Josiah presented to the sons of the people—of flocks, young sheep and the young of the goats, the whole for the passover offerings, for all present, to the number of thirty thousand, and, of bullocks, three thousand, —these, out of the substance of the king.
8 Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
And, his rulers, willingly, to the people and to the priests and to the Levites, presented, —Hilkiah and Zechariah and Jehiel, chief rulers of the house of God, unto the priests, did give, for passover offerings, two thousand and six hundred, and, of bullocks, three hundred;
9 Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
and, Conaniah, and Shemaiah and Nethanel his brethren, and Hashabiah and Jeiel and Jozabad, rulers of the Levites, presented to the Levites, for passover offerings, five thousand, and, of bullocks, five hundred.
10 Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no.
Thus was the service prepared, —and the priests stood in their place, and the Levites in their courses, according to the commandment of the king.
11 Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no.
So they slaughtered the passover, and the priests dashed [the blood received] at their hand, and the Levites were flaying [the offerings].
12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama Awurade, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso.
Then they removed the ascending-sacrifice, that they might give them—by the divisions of each ancestral house—unto the sons of the people, to offer unto Yahweh, as it is written in the Book of Moses, —and, in like manner, with the bullocks.
13 Afei, wɔtotoo Twam Afahyɛ nnwammaa no sɛdeɛ wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔdeɛ kronkron no wɔ nkukuo, nnadesɛn ne nkyɛnsee mu, de baa ntɛm so sɛdeɛ ɔmanfoɔ no bɛtumi awe.
And they cooked the passover with fire, according to the regulation, —but, the hallowed things, cooked they in cauldrons and in pots and in bowls, and then took quickly, unto all the sons of the people.
14 Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ.
And, afterwards, prepared they for themselves and for the priests, because, the priests, the sons of Aaron, had been engaged in offering up the ascending-sacrifice and the fat pieces, until night, —the Levites, therefore prepared for themselves, and for the priests, the sons of Aaron.
15 Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ.
the singers also, the sons of Asaph, were in their place, according to the commandment of David, and Asaph, and Heman, and Jeduthun the seer of the king, and, the doorkeepers, were at the several doors, —there was no need for them to remove from their service, for, their brethren the Levites, prepared for them.
16 Awurade Twam Afahyɛ no baa awieeɛ da no. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa wɔ Awurade afɔrebukyia no so, sɛdeɛ ɔhene Yosia hyɛeɛ no.
Thus was all the service of Yahweh prepared on that day; to keep the passover, and to offer up the ascending-sacrifice, upon the altar of Yahweh, —according to the commandment of King Josiah.
17 Israelfoɔ a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ no.
So the sons of Israel who were present kept the passover at that time, —and the festival of unleavened cakes, seven days.
18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho.
And there had not been kept, a passover like it, in Israel, since the days of Samuel the prophet, —yea, none of the kings of Israel, had kept such a passover as was kept by Josiah and the priests and the Levites and all Judah and Israel that were present, and the inhabitants of Jerusalem.
19 Wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahennie mfirinhyia dunwɔtwe so.
In the eighteenth year of the reign of Josiah, was kept this passover.
20 Yosia siesiee Asɔredan no wieeɛ no, Misraimhene Neko dii nʼakodɔm anim firii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asuo Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakodɔm nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko.
After all this—when Josiah had prepared the house, Neco king of Egypt came up, -to fight against Carchemish, by Euphrates, and Josiah went forth against him.
21 Nanso, ɔhene Neko tuu ananmusifoɔ, de nkra yi kɔmaa Yosia sɛ, “Ɛdeɛn na wo Yudahene hwehwɛ afiri me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa ɛnnɛ! Deɛ mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ, menyɛ no ntɛm. Ntwintwane Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”
But he sent unto him messengers, saying—What have I to do with thee, O king of Judah? not against thee, [have I come] this day, but against the house wherewith I have war, and, God, hath given word to speed me, —cease thou from [provoking] God who is with me, lest he destroy thee.
22 Nanso, Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annane nʼani. Mmom, ɔdii nʼakodɔm anim, kɔkoo wɔ Megido tata so. Ɔworɔɔ nʼahentadeɛ no guu nkyɛn baabi sɛdeɛ atamfoɔ no renhunu no.
Howbeit Josiah turned not his face from him, for, to fight against him, he had disguised himself, and he hearkened not unto the words of Neco, from the mouth of God, —so he came to fight in the valley of Megiddo.
23 Nanso, atamfoɔ agyantofoɔ no too bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteaam frɛɛ ne mmarima sɛ, “Momfa me mfiri akono ha, ɛfiri sɛ, mapira pira bɔne.”
And the archers shot at King Josiah, —and the king said unto his servants, Take me away, for I am sore wounded.
24 Enti, wɔyii Yosia firi ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforɔ mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na ɔwuiɛ. Wɔsiee no hɔ wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayie.
So his servants took him away out of the war-chariot, and conveyed him in a second chariot which he had, and carried him to Jerusalem, and he died, and was buried in the sepulchres of his fathers, —and, all Judah and Jerusalem, were mourning over Josiah.
25 Odiyifoɔ Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, nnwomtofoɔ to saa kwadwom a ɛfa ne owuo no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanneɛ a wɔatwerɛ ahyɛ Kwadwom Nwoma mu.
And Jeremiah chanted a dirge over Josiah, and all the singing men and singing women in their dirges have spoken concerning Josiah, until this day, and they appointed them by statute for Israel, —and, there they are, written among the dirges.
26 Yosia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama sɛdeɛ Awurade mmara teɛ no,
But, the rest of the story of Josiah, and his lovingkindness, —according to that which is written in the law of Yahweh:
27 firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu.
even his story, first and last, there it is, written in the book of the Kings of Israel and Judah.

< 2 Berɛsosɛm 35 >