< 2 Berɛsosɛm 33 >

1 Ɛberɛ a Manase dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum enum.
Manassé avait douze ans lorsqu'il monta sur le trône, et il régna cinquante-cinq ans à Jérusalem.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no.
Il fit le mal devant le Seigneur, et commit toutes les abominations des peuples que le Seigneur avait exterminés devant Israël.
3 Ɔsane sisii asɔreeɛ a nʼagya Hesekia sɛee no no. Ɔsii afɔrebukyia maa Baal ahoni, sisii Asera afɔrebukyia. Ɔsane kotoo nsoromma a ɛwɔ ewiem no nyinaa, somm wɔn.
Il se pervertit, et il releva les hauts lieux qu'avait détruits Ezéchias, son père; il dressa des colonnes à Baal, planta des bois sacrés, adora toute l'armée du ciel, et la servit.
4 Mpo, ɔsisii abosonsom afɔrebukyia wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka sɛ, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wɔdi ne din ni afebɔɔ no.
Et il bâtit des autels dans le temple dont le Seigneur avait dit: Mon nom sera toujours dans Jérusalem.
5 Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ, de maa ewiem nsoromma no.
Et il bâtit des autels à toute l'armée du ciel, dans les deux parvis du temple du Seigneur.
6 Manase de ɔno ankasa mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bɔnhwa mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuiɛ.
Et il fit passer ses enfants à travers la flamme dans le val de Benennom; et il consulta les devins, les augures et les sorciers; il accueillit des ventriloques et des enchanteurs; il fit de plus en plus le mal devant le Seigneur, pour exciter sa colère.
7 Na Manase faa ohoni a wasene, de kɔsii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kɔsii baabi korɔ no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛdi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afiri mmusuakuo a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no.
Et il plaça des statues et des images en fonte dans le temple dont le Seigneur avait dit à David et à Salomon, son fils: En ce temple et à Jérusalem, que j'ai choisis parmi toutes les tribus d'Israël, j'établirai mon nom pour toujours.
8 Sɛ Israelfoɔ di mʼahyɛdeɛ nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so maeɛ no nyinaa so a, merentwa wɔn asuo mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so.”
Et je n'éloignerai plus le pied d'Israël de la terre que j'ai donnée à leurs pères, pourvu qu'ils soient attentifs à faire tout ce que je leur ai commandé, en se conformant à toute la loi, aux ordonnances et aux jugements donnés par la main de Moïse.
9 Nanso, Manase dii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim, ma wɔyɛɛ bɔnetrasoɔ sene abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn wɔ ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ asase no so no.
Ainsi, Manassé égara Juda et les habitants de Jérusalem, pour qu'ils fissent le mal, plus que toutes les nations que le Seigneur avait exterminées devant Israël.
10 Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara.
Et le Seigneur parla à Manassé et à son peuple; mais ils ne l'écoutèrent pas.
11 Enti, Awurade maa Asiriafoɔ akodɔm bɛfaa Manase yɛɛ no ɔdeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia.
Et le Seigneur conduisit contre eux les chefs de l'armée du roi d'Assyrie, et ils prirent Manassé, et ils le chargèrent de chaînes, et ils l'emmenèrent à Babylone.
12 Na ɛberɛ a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Onyankopɔn akyiri kwan, na ɔde ahobrɛaseɛ su frɛɛ nʼagyanom Onyankopɔn.
Et, dans son affliction, il chercha la face du Seigneur son Dieu, et il s'humilia beaucoup devant la face du Seigneur Dieu de ses pères.
13 Na ɛberɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, na nʼabisadeɛ no kaa nʼakoma. Enti, Awurade maa Manase sane kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahennie mu. Afei, Manase tee aseɛ sɛ, Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
Et il le pria; or, Dieu entendit ses cris; il l'exauça, et le ramena à Jérusalem dans son royaume, et Manassé reconnut que le Seigneur seul est Dieu.
14 Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
Après cela, il bâtit le mur extérieur de la ville de David, du côté du midi, au sud du torrent, depuis l'entrée de la porte des Poissons, continuant tout autour jusqu'à Ophel; il l'éleva beaucoup, et il établit des chefs de l'armée dans toutes les places fortes de Juda.
15 Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire.
Et il enleva les dieux étrangers et les statues du temple du Seigneur, et les autels qu'il avait dressés sur la montagne du temple du Seigneur, tant dans Jérusalem que hors de la ville.
16 Na ɔsane sii Awurade afɔrebukyia no, bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfoɔ no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Onyankopɔn no.
Et il releva l'autel du Seigneur, et il y sacrifia des hosties pacifiques et des victimes de louanges; et il dit à Juda de servir le Seigneur Dieu d'Israël.
17 Nanso, na ɔmanfoɔ no gu so bɔ afɔdeɛ wɔ abosonsom asɔreeɛ so. Nanso, na wɔbɔ ma Awurade wɔn Onyankopɔn ara.
Toutefois, le peuple sacrifia encore sur les hauts lieux; mais seulement au Seigneur.
18 Manase adedie ho nsɛm nkaeɛ, ne mpaeɛ a ɔbɔɔ Onyankopɔn ne nsɛm a adehunumufoɔ ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo nwoma mu.
Le reste des actes de Manassé, sa prière à Dieu, et les paroles des voyants qui lui parlèrent au nom du Seigneur Dieu d'Israël,
19 Manase mpaeɛ ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atorɔ a ɔdiiɛ nyinaa ho nsɛm no, wɔatwerɛ agu adehunumufoɔ nwoma mu. Baabi a ɔsii abosonsom asɔreeɛ, sisii Asera afɔrebukyia ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho.
La prière qu'il fit à Dieu et qui fut exaucée, ses péchés, ses égarements, et les endroits où il bâtit des hauts lieux, et où il plaça des bois sacrés et des statues, avant de se convertir, sont écrits aux Récits des voyants.
20 Ɛberɛ a Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼahemfie. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a ɔdi hɔ.
Et Manassé s'endormit avec ses pères, et on l'ensevelit dans le jardin de son palais, et son fils Amon régna à sa place.
21 Ɛberɛ a Amon dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmienu.
Amon avait vingt-deux ans quand il monta sur le trône, et il régna deux ans à Jérusalem.
22 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no. Ɔsomm ahoni a nʼagya yɛeɛ no nyinaa, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn.
Et il fit le mal devant le Seigneur, comme avait fait son père; il sacrifia à toutes les idoles qu'avait faites Manassé, et il les servit.
23 Nanso, wansɛ nʼagya Manase, ɛfiri sɛ, wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.
Et il ne s'humilia pas devant le Seigneur, comme s'était humilié son père; et il multiplia ses péchés.
24 Akyire yi, Amon no ara mpanimfoɔ pamm ne tiri so, kumm no wɔ nʼahemfie.
Et ses serviteurs se soulevèrent contre lui, et ils le tuèrent dans son palais.
25 Nanso, ɔmanfoɔ a wɔwɔ asase no so kunkumm wɔn a wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene Amon no, na wɔsii ne babarima Yosia ɔhene, sii nʼanan mu.
Et le peuple de la terre massacra les révoltés, et il proclama roi, à la place d'Amon, Josias, son fils.

< 2 Berɛsosɛm 33 >